Mateo 15 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 15:1-39

Nea Egu Obi Ho Fi

1Da bi, Farisifo ne Yudafo mpanyin no bi fi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, 2“Adɛn nti na wʼasuafo no nni Yudafo amanne so? Yɛn amanne a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wonni so.”

3Yesu nso bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mo nso mode mo amanne no bu Onyankopɔn mmaransɛm so? 4Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofo ho no, ɛsɛ sɛ wokum no,’ 5Na mo de, nea moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne na anaa nʼagya se, ‘Mewɔ ade bi a anka metumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne. 6Enti mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo na ni no so. 7Mo nyaatwomfo! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ,

8“ ‘Saa nnipa yi ka sɛ wodi me ni,

nanso wɔn koma mmɛn me.

9Wɔsom me ani so kɛkɛ,

efisɛ wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.’ ”

10Afei Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn se, “Muntie nea meka no na mommɔ mmɔden nte ase. 11Ɛnyɛ ade a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho ntew, na mmom, nea ebefi ne mu aba no na egu ne ho fi.”

12Nsɛm a Yesu kaa yi maa nʼasuafo no ba bɛka kyerɛɛ no se, “Wunim sɛ wo nsɛm a wokaa no ama Farisifo no bo afuw?”

13Yesu buaa wɔn se, “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na oduae no, wobetu akyene. 14Mummmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifuraefo a wɔrekyerɛ anifuraefo kwan nti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔtew ahwe amoa mu.”

15Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛ yɛn bɛ no ase.”

16Yesu nso bisaa no se, “Ampa ara sɛ monte ase? 17Munnim sɛ ade a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asan aba bio? 18Asɛm a ho ntew biara fi koma a mu ntew mu ma egu nea ɔkaa saa asɛm no ho fi. 19Koma mu na adwemmɔne, awudi, ayefasɛm, aguamammɔ, korɔn, atoro ne ntwatoso fi. 20Eyinom na egu onipa ho fi. Nanso sɛ obi anhohoro ne nsa sɛnea mo amanne te no na odidi a, ne ho nguu fi honhom mu.”

Kanaanni Bea Bi Gyidi

21Yesu fii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon. 22Kanaanni bea bi a ɔte ɔman no mu hɔ de osu baa Yesu nkyɛn bɛkae se, “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yeraw no.”

23Yesu anka hwee. Nʼasuafo no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbea no mfi hɔ. Wotii mu ka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ no na omfi ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”

24Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wɔsomaa me baa Yudafo, Israel nguan a wɔayera no nkyɛn na ɛnyɛ amanamanmufo.”

25Ɔba bɛkotow no kɔɔ so srɛɛ no se, “Me wura, boa me!”

26Yesu ka kyerɛɛ no se, “Enye sɛ wobegye aduan afi mmofra nsam atow ama akraman.”

27Ɔbea no nso buae se, “Ɛwɔ mu saa de, nanso akraman no nso tumi di mporoporowa a efi wɔn wura no pon so gu fam no.”

28Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɔbea, wo gyidi mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisade ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babea no ho tɔɔ no.

Yesu Sa Nyarewa Ahorow

29Yesu san baa Galilea po no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔw bi so. 30Nnipa bebree de mpakye, anifuraefo, apirafo, mum ne wɔn a wɔyare nyarewa ahorow baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yare, ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. 31Nnipa no ho dwiriw wɔn. Wɔn a wɔnkasaa da kasae; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafo nantew huruhuruwii na anifuraefo huu ade. Nnipadɔm no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Israel Nyankopɔn.

Nnipa Mpem Anan Aduanma

32Afei Yesu frɛɛ nʼasuafo no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi me nkyɛn ha nnansa. Aduan a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afi mu a wonnidii, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ piti wɔ kwan so.”

33Nʼasuafo no nso bisaa no se, “Sare so ha de, ɛhe na yebenya nnipadɔm yi ano aduan?”

34Yesu nso bisaa wɔn se, “Brodo dodow ahe na mowɔ?”

Wobuae se, “Yɛwɔ brodo ason ne mpataa kakraa bi.”

35Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ sare no so. 36Afei ɔfaa brodo ason no ne mpataa no, hyiraa so na obubuu mu de maa asuafo no se wɔmfa mma nnipadɔm no nni. 37Wɔn nyinaa dii aduan no mee pintinn. 38Wɔn a wodii saa aduan no, na wɔn dodow yɛ nnipa mpem anan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho. Wodidi wiei no, akyi mporoporowa a wɔtasee no yɛɛ nkɛntɛn ason. 39Eyi akyi na Yesu gyaa nkurɔfo no kwan, maa ɔno nso kɔtenaa ɔkorow mu twa kɔɔ Magadan.

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 15:1-39

Ahoteɛ

1Ɛda bi, Farisifoɔ ne Yudafoɔ mpanin no bi firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 2“Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni Yudafoɔ amanneɛ so? Yɛn amanneɛ a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wɔnni so.”

3Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo nso mode mo amanneɛ no bu Onyankopɔn mmaransɛm so? 4Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo maame ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofoɔ ho no, ɛsɛ sɛ wɔkum no,’ 5Na mo deɛ, deɛ moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne maame anaa nʼagya sɛ, ‘Mewɔ adeɛ bi a anka mɛtumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne. 6Enti, mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo maame ni no so. 7Mo nyaatwomfoɔ! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:

8“ ‘Saa nnipa yi ka sɛ wɔdi me ni,

nanso wɔn akoma mmɛn me.

9Wɔsom me ani so kɛkɛ,

ɛfiri sɛ, wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.’ ”

10Afei, Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie deɛ meka no na mommɔ mmɔden nte aseɛ. 11Ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho nte, na mmom, deɛ ɛbɛfiri ne mu aba no na ɛgu ne ho fi.”

12Nsɛm a Yesu kaeɛ yi maa nʼasuafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ wo nsɛm a wokaeɛ no ama Farisifoɔ no bo afu?”

13Yesu buaa wɔn sɛ, “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu atwene. 14Mommmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifirafoɔ a wɔrekyerɛ anifirafoɔ ɛkwan enti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔte ahwe amena mu.”

15Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛbɛ no ase.”

16Yesu nso bisaa no sɛ, “Ampa ara sɛ monte aseɛ? 17Monnim sɛ adeɛ a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asane aba bio? 18Asɛm a ɛho nteɛ biara firi akoma a emu nteɛ mu ma ɛgu deɛ ɔkaa saa asɛm no ho fi. 19Akoma mu na adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamammɔ, korɔno, atorɔ ne ntwatosoɔ firi. 20Yeinom na ɛgu onipa ho fi. Nanso, sɛ obi anhohoro ne nsa sɛdeɛ mo amanneɛ teɛ no na ɔdidi a, ne ho nguu fi honhom mu.”

Ɔbaa Bi Gyidie

21Yesu firii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon. 22Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no.”

23Yesu anka hwee. Nʼasuafoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbaa no mfiri hɔ. Wɔtii mu ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Ka kyerɛ no na ɔmfiri ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”

24Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wɔsomaa me sɛ memmɛboa Yudafoɔ, Israel nnwan a wɔayera no, na ɛnyɛ amanamanmufoɔ.”

25Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no sɛ, “Me wura, boa me!”

26Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnyɛ sɛ wɔbɛgye burodo afiri mmɔfra nsam ato ama nkraman.”

27Ɔbaa no nso buaa sɛ, “Ɛwom saa deɛ, nanso nkraman no nso tumi di mporoporowa a ɛfiri wɔn wura no ɛpono so gu fam no.”

28Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɔbaa, wo gyidie mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babaa no ho tɔɔ no.

Yesu Sa Nyarewa Ahodoɔ

29Yesu sane baa Galilea ɛpo no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔ bi so. 30Nnipa bebree de mpakye, anifirafoɔ, apirafoɔ, mumu ɛnna wɔn a wɔyare nyarewa ahodoɔ baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ, ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 31Anwanwasɛm ni! Wɔn a wɔnkasaa da kasaeɛ; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafoɔ nanteeɛ, hurihuriiɛ na anifirafoɔ hunuu adeɛ. Nnipadɔm no ho dwirii wɔn ma wɔkamfoo Israel Onyankopɔn.

Nnipa Mpemnan Aduanema

32Afei Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi me nkyɛn ha nnansa. Aduane a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afie mu a wɔnnidiiɛ, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ bera wɔ ɛkwan so.”

33Nʼasuafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Ɛserɛ so ha deɛ, ɛhe na yɛbɛnya nnipadɔm yi ano aduane?”

34Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Burodo dodoɔ bɛn na mowɔ?”

Wɔbuaa sɛ, “Yɛwɔ burodo nson ne mpataa kakraa bi.”

35Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so. 36Afei ɔfaa burodo nson no ne mpataa no, hyiraa so na ɔbubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa mma nnipadɔm no nni. 37Wɔn nyinaa dii aduane no mee pintinn. 38Wɔn a wɔdii saa aduane no, na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho. Wɔdidi wieeɛ no, akyire mporoporowa a wɔtaseeɛ no yɛɛ nkɛntɛmma nson. 39Yei akyi, Yesu gyaa nkurɔfoɔ no kwan, ma ɔno nso kɔtenaa kodoɔ mu tware kɔɔ Magadan.