Mateo 10 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 10:1-42

Yesu Soma Asuafo Dumien No

1Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wontu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.

2Yesu asuafo dumien no din ni:

Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea;

Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,

3Filipo ne Bartolomeo,

Toma ne towgyefo Mateo,

Yakobo, Alfeo ba ne Tadeo,

4Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a akyiri no, oyii Yesu mae no.

5Yesu somaa asuafo dumien no hyɛɛ wɔn se, “Monnkɔ nea amanamanmufo wɔ anaa Samariafo kurow biara mu, 6na mmom monkɔ Onyankopɔn nguan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn. 7Monkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn!’ 8Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa.

9“Mommmfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho. 10Mommmfa akwantukotoku anaa ntade anaa mpaboa anaa pema. Ɛsɛ sɛ odwumayɛni didi. 11Kurow biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ ase no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyi kwan na montena ne nkyɛn kosi da a mubefi hɔ akɔ baabi foforo. 12Sɛ mokɔ ofi bi mu a, munkyia wɔn se, ‘Asomdwoe nka mo!’ 13Sɛ saa ofi no mufo gye mo fɛw so a, munhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo de a, momfa mo asomdwoe. 14Sɛ morefi ofi anaa kurow biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporow ofi no anaa kurow no mu mfutuma a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ.10.14 Eyi yɛ nea Farisifo yɛ bere a wofi baabiara a wobu sɛ amanamanmufo atena hɔ nti ɛhɔ agu fi no. Ɛyɛ kɔkɔbɔ a emu yɛ den ma wɔn a wɔpo Awurade asɛm no. 15Nokware ni, atemmuda no, Sodom ne Gomora mpo benya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sen saa kurow no.

16“Monkae sɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma. 17Nanso monhwɛ yiye wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu. 18Me nti, wɔde mo bɛkɔ atumfo ne ahene anim. Eyi bɛma moanya kwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufo no. 19Sɛ wɔkyere mo a, munnnwinwen asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano ho. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo bere a ɛsɛ mu. 20Asɛm a mobɛka no remfi mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa.

21“Onua beyi onua ama na wɔakum no. Saa ara na agyanom nso beyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofo ama wɔakum wɔn. 22Me nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso nea obetumi agyina pintinn akosi awiei no na wobegye no nkwa. 23Sɛ wɔtaa mo kurow baako mu a, munguan nkɔ kurow foforo mu. Mereka nokware akyerɛ mo se morenwie Israel nkurow nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba.

24“Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso nsen ne wura. 25Osuani sua ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso sua ne wura. Enti sɛ me a meyɛ ofi no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, dɛn din na wɔremfa mfrɛ mo!

26“Munnsuro wɔn. Mmere bi bɛba a nokware no bɛda adi. Nea wɔyɛ no kokoa mu no nyinaa bɛda adi. 27Nea mereka akyerɛ mo wɔ sum mu yi, monka wɔ hann mu. Nea mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi. 28Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no. 29Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Nkasanoma abien bo nyɛ sika kakraa bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a obewu a mo Agya no nnim ho biribi. 30Mo tinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. 31Enti munnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sen nkasanoma.

32“Obiara a ɔbɛka se onim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. 33Na obiara a ɔbɛka se onnim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minnim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.

Ɛnyɛ Asomdwoe, Ɛyɛ Ɔko

34“Munnsusuw sɛ mede asomdwoe na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoe na mmom afoa na mede bae. 35Maba sɛ mɛma,

“ ‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya,

na ɔbabea asɔre atia ne na,

na ɔbea warefo nso asɔre atia nʼasebea.

36Obiara tamfo a ne ho yɛ hu no befi nʼankasa ne fi.’

37“Nea ɔdɔ nʼagya anaa ne na kyɛn me no rentumi nyɛ me de. Saa ara na nea ɔdɔ ne babarima anaa ne babea kyɛn me no rentumi nyɛ me de ara ne no. 38Sɛ obi amfa nʼasennua na wammedi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me de. 39Sɛ woma wo kra som wo bo a, wobɛhwere wo kra no, nanso sɛ me nti wohwere wo kra a, wo nsa bɛka.

40“Obiara a ogye mo no gye me, na nea ogye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 41Sɛ wugye odiyifo bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nipa nti a, wobetua wo so ka sɛ odiyifo no ara pɛ. Na sɛ wugye nnipa trenee a, wubenya akatua sɛ onipa trenee. 42Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifo yi mu akumaa bi nsu anom no, onii no akatua remmɔ no da.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

馬太福音 10:1-42

差遣使徒

1耶穌叫了十二位門徒來,將權柄賜給他們,使他們能夠趕出污鬼、醫治各樣的疾病。 2以下是這十二位使徒的名字:

首先是西門,又名彼得,還有彼得的兄弟安得烈西庇太的兒子雅各雅各的兄弟約翰3腓力巴多羅買多馬、稅吏馬太亞勒腓的兒子雅各達太4激進黨人10·4 激進黨人」指當時激進的猶太民族主義者,常以行動反抗統治他們的羅馬政府。西門和出賣耶穌的加略猶大

5耶穌差遣這十二個人出去,囑咐他們:「外族人的地方不要去,撒瑪利亞人的城鎮也不要進, 6要到以色列人當中尋找迷失的羊。

7「你們要邊走邊傳,『天國臨近了!』 8要醫好病人,叫死人復活,使痲瘋病人痊癒,趕走邪靈。你們白白地得來,也應當白白地給人。 9出門時錢袋裡不要帶金、銀、銅幣, 10不要帶行李、備用的衣服、鞋子或手杖,因為做工的理應得到供應。 11你們無論到哪座城、哪個村,要在那裡尋找願意接待你們的人,然後住在他家,一直住到離開。 12你們進他家的時候,要為他們祝福。 13如果那家配得福氣,你們的祝福必臨到他們;如果那家不配蒙福,祝福仍歸給你們。 14如果有人不接待你們,不聽你們傳的信息,你們離開那家或那城時,就把腳上的塵土跺掉作為對他們的警告。 15我實在告訴你們,在審判之日,他們所受的痛苦比所多瑪蛾摩拉所受的還大!

將臨的迫害

16「聽著,我差你們出去,就好像使羊走進狼群一般。所以,你們要像蛇一樣機靈,像鴿子一樣馴良。

17「你們要小心謹慎,因為人們要把你們送上法庭,也要在會堂裡鞭打你們。 18你們要因我的緣故被帶到官長和君王面前,在他們和外族人面前為我做見證。 19當你們被押送公堂時,不用顧慮如何應對,或說什麼話,那時必會賜給你們當說的話。 20因為那時候說話的不是你們自己,乃是你們父的靈藉著你們說話。

21「那時,人必把自己的弟兄置於死地,父親必把兒子置於死地,兒女必反叛父母,置他們於死地。 22你們將為我的名而被眾人憎恨,但堅忍到底的必定得救。 23如果你們在一個地方遭迫害,就避到另一個地方。我實在告訴你們,沒等你們走遍以色列的城鎮,人子就來了。

24「學生不能高過老師,奴僕也不能大過主人。 25學生頂多和老師一樣,奴僕頂多和主人一樣。連一家之主都被罵成是別西卜10·25 別西卜」是鬼王的名字。,更何況祂的家人呢?

26「不要害怕那些迫害你們的人。因為掩蓋的事終會暴露出來,隱藏的秘密終會被人知道。 27你們要把我私下告訴你們的當眾講出來,你們要在屋頂上把聽到的悄悄話宣告出來。 28那些只能殺害身體,不能毀滅靈魂的人,不用怕他們。但要畏懼那位有權將身體和靈魂一同毀滅在地獄裡的上帝。 29兩隻麻雀不是只賣一個銅錢嗎?然而沒有天父的許可,一隻也不會掉在地上。 30就連你們的頭髮都被數過了。 31所以不要害怕,你們比許多麻雀更貴重!

32「凡公開承認我的,我在天父面前也必承認他; 33凡公開不承認我的,我在天父面前也必不承認他。

跟從主的代價

34「不要以為我來了會讓天下太平,我並非帶來和平,乃是帶來刀劍。 35因為我來是要叫兒子與父親作對,女兒與母親作對,媳婦與婆婆作對, 36家人之間反目成仇。

37「愛父母過於愛我的人不配作我的門徒;愛兒女過於愛我的人不配作我的門徒; 38不肯背起他的十字架跟從我的人不配作我的門徒。 39試圖保全自己生命的反而會失去生命,但為我捨棄生命的反而會得到生命。

得賞賜

40「人接待你們就是接待我,接待我就是接待差我來的那位。 41因為某人是先知而接待他的,必得到和先知一樣的賞賜;因為某人是義人而接待他的,必得到和義人一樣的賞賜。 42人若接待我門徒中最卑微的人,並因為他是我的門徒而給他一杯涼水喝,我實在告訴你們,那人必得到賞賜。」