Marko 7 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 7:1-37

Honhom Fam Ahotew

1Da bi, Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Yerusalem baa Yesu nkyɛn. 2Woduu hɔ no, wohuu sɛ nʼasuafo no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho. 3Na Yudafo no, ne titiriw no Farisifo nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛnea wɔn amanne kyerɛ, ansa na wɔadidi. 4Na sɛ wofi gua so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Eyi yɛ mmara bebree a wofi tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne kɔberesɛn mu.

5Enti Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no bisaa Yesu se, “Adɛn nti na wʼasuafo no nni yɛn amanne a efi tete no so? Efisɛ wodidi a, wonni kan nhohoro wɔn nsa sɛnea amanne kyerɛ no.”

6Yesu buaa wɔn se, “Mo nyaatwomfo! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho sɛ,

“ ‘Saa nnipa yi de wɔn ano na edi me ni,

nanso wɔn koma mmɛn me ho baabiara.

7Wɔsom me kwa;

na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’

yɛ nokware turodoo!

8Mugyaw Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanne si anan mu.

9“Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanne no atim. 10Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni’ no maa mo. Ɔkae se, ‘obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wokum no.’ 11Nanso moka se, eye sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne na a ade bi hia no no se, ‘Merentumi mmoa mo! Efisɛ mede nea anka a ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’ 12Enti mubu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛe no so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi abɔ mo amanne ho ban. 13Eyi yɛ nhwɛso baako pɛ. Nanso bebree ka ho.”

14Afei Yesu frɛɛ nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyinaa muntie asɛm a mereka yi yiye, na monte ase. 15Ade biara a ɛkɔ onipa mu no ngu ne ho fi. Na mmom nea ebefi onipa mu aba no na egu ne ho fi. 16Nea ɔwɔ aso a obetie no ntie.”

17Afei Yesu fii nnipakuw no mu kɔɔ fie no, nʼasuafo no bisaa no asɛm a ɔkae no ase. 18Obisaa wɔn se, “Mo nso monte asɛm a mekae no ase? Munhu sɛ, nea mudi no ngu mo ho fi ana? 19Efisɛ nea mudi biara no ne mo koma nni hwee yɛ, na mmom ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”

20Ɔtoaa so se, “Nea efi onipa mu ba no na egu ne ho fi. 21Afei nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde aguamammɔ, korɔn, awudi, 22ayefasɛm, amumɔyɛ, asisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. 23Saa nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na ɛno na egu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”

Ɔbea Bi Gyidi

24Yesu fi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a obiara nte ne nka, nanso anyɛ ye. Da a oduu hɔ ara pɛ, na nkurɔfo tee ne nka sɛ waba hɔ. 25Ɛhɔ ara na ɔbea bi a honhommɔne hyɛ ne babea ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka nti, obebuu no nkotodwe. 26Ɔbea no srɛɛ no sɛ ontu saa honhommɔne no mfi ne ba no mu mma no. Na saa ɔbea yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike.

27Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ mma no mee ansa. Na enye sɛ wɔde mma aduan ma akraman.”

28Ɔbea no nso buae no se, “Owura, ɛyɛ nokware de, nanso ɛyɛ a wɔde aduan a aka wɔ mmofra no prɛte mu no bi ma akraman a wɔhyehyɛ ɔpon no ase no.”

29Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo mmuae pa no nti masa wo babea no yare. Kɔ fie. Honhommɔne no afi ne mu kɔ.”

30Oduu fie no, ohuu sɛ ne babea no da mpa so dinn a honhommɔne no afi ne mu ampa ara.

Mumu Ɔsotifo Bi Ayaresa

31Yesu fi Tiro no, ɔfaa Sidon mansin a emu nkurow yɛ du no so beduu Galilea Po so. 32Wɔde ɔsotifo bi a ɔsan yɛ mum brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefo no, na ɔnsa no yare.

33Yesu soo ne mu de no fii nnipakuw no mu. Afei ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasu de kaa ne tɛkrɛma. 34Ɔhwɛɛ ɔsoro, guu ahome teɛɛ mu se, “Hefata!” Ase ne, “bue!” 35Amono mu hɔ ara, ɔbarima no aso buei, ne tɛkrɛma sanee, na ofii ase kasae.

36Yesu bɔɔ nnipakuw no ano se, wɔmmmɔ asɛm no dawuru nkyerɛ obiara. Nanso mpɛn dodow a ɔbraa wɔn no, na trɛw ara na wɔn nso wɔretrɛw asɛm no mu. 37Saa asɛm yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Enti wɔkae se, “Yesu ayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo mpo te asɛm, na mum nso kasa!”

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 7:1-37

Honhom Fam Ahoteɛ

1Ɛda bi, Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ binom a wɔfiri Yerusalem baa Yesu nkyɛn. 2Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ nʼasuafoɔ no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho. 3Na Yudafoɔ no, ne titire no Farisifoɔ no, nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ, ansa na wɔadidi. 4Na sɛ wɔfiri dwa so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Yei yɛ mmara bebree a wɔfiri tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne nwowa mu.

5Enti, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni yɛn amanneɛ a ɛfiri tete no so? Ɛfiri sɛ, wɔdidi a, wɔnni ɛkan nhohoro wɔn nsa sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ no.”

6Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho sɛ,

“ ‘Saa nnipa yi de wɔn ano na ɛdi me ni,

nanso wɔn akoma mmɛn me ho baabiara no yɛ nokorɛ turodoo!

7Wɔsom me kwa;

na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’

8Mogya Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanneɛ si ananmu.

9“Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanneɛ no atim. 10Ɛho nhwɛsoɔ bi ne sɛ, Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo maame ni’ no maa. Ɔkaa sɛ, ‘obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne maame no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.’ 11Nanso, moka sɛ, ɛyɛ sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne maame a adeɛ bi hia no no sɛ, ‘Merentumi mmoa mo! Ɛfiri sɛ, mede deɛ anka ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’ 12Enti, mobu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛeɛ no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi abɔ mo amanneɛ ho ban. 13Yei yɛ nhwɛsoɔ baako pɛ. Nanso, bebree ka ho.”

14Afei, Yesu frɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa montie asɛm a mereka yi yie, na monte aseɛ. 15Adeɛ biara a ɛkɔ onipa mu no, ngu ne ho fi. Na mmom, deɛ ɛbɛfiri onipa mu aba no, na ɛgu ne ho fi. 16Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no ntie.”

17Afei, Yesu firii nnipakuo no mu kɔɔ efie no, nʼasuafoɔ no bisaa no asɛm a ɔkaeɛ no ase. 18Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso monte asɛm a mekaeɛ no ase? Monhunu sɛ, deɛ modie no ngu mo ho fi anaa? 19Ɛfiri sɛ, deɛ modie biara no ne mo akoma nni hwee yɛ, na mmom, ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”

20Ɔtoaa so sɛ, “Deɛ ɛfiri onipa mu ba no na ɛgu ne ho fi. 21Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie, 22adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. 23Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”

Ɔbaa Bi Gyidie

24Yesu firi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ yie. Ɛda a ɔduruu hɔ ara pɛ, na nkurɔfoɔ tee ne nka sɛ waba hɔ. 25Ɛhɔ ara na ɔbaa bi a honhommɔne hyɛ ne babaa ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka enti, ɔbɛbuu no nkotodwe. 26Ɔbaa no srɛɛ no sɛ ɔntu saa honhommɔne no mfiri ne ba no mu mma no. Na saa ɔbaa yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike.

27Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ mma no mee ansa. Na ɛnyɛ sɛ wɔde mma aduane ma nkraman.”

28Ɔbaa no nso buaa no sɛ, “Owura, ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso ɛyɛ a, wɔde aduane a aka wɔ mmɔfra no prɛte mu no bi ma nkraman a wɔhyehyɛ ɛpono no ase no.”

29Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo mmuaeɛ pa no enti, masa wo babaa no yadeɛ. Kɔ efie. Honhommɔne no afiri ne mu afi.”

30Ɔduruu efie no, ɔhunuu sɛ ne babaa no da mpa so dinn a honhommɔne no afiri ne mu ampa ara.

Mumu Sotifoɔ Bi Ayaresa

31Yesu firi Tiro no, ɔfaa Sidon mansini a emu nkuro yɛ edu no so, bɛduruu Galilea Po so. 32Wɔde ɔsotifoɔ bi a ɔsane yɛ mumu brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefoɔ no, na ɔnsa no yadeɛ.

33Yesu sɔɔ ne mu de no firii nnipakuo no mu. Afei, ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasuo de kaa ne tɛkrɛma. 34Ɔhwɛɛ soro, guu ahome teaam sɛ, “Hefata!” Aseɛ ne, “bue!” 35Amonom hɔ ara, ɔbarima no tumi tee asɛm, na ɔhyɛɛ aseɛ kasaeɛ!

36Yesu bɔɔ nnipakuo no ano sɛ, wɔmmmɔ asɛm no dawuro nkyerɛ obiara. Nanso, mpɛn dodoɔ a ɔbraa wɔn no, na trɛ ara na wɔn nso wɔretrɛ asɛm no mu. 37Saa asɛm yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. Enti, wɔkaa sɛ, “Yesu ayɛ adeɛ nyinaa yie, ɔma asotifoɔ mpo te asɛm, na mumu nso kasa!”