Marko 6 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 6:1-56

Odiyifo A Onni Anuonyam

1Yesu fi faako a ɔwɔ hɔ kɔɔ ne kurom a nʼasuafo no ka ne ho. 2Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, fii ase kyerɛkyerɛ maa dodow a wobetiee no ho dwiriw wɔn.

Wobisae se, “Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, dɛn nyansa na wɔde ama no a nti otumi yɛ anwonwade yi? 3Ɛnyɛ duadwumfo no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no ni? Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuw no.

4Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Odiyifo kurom, nʼabusuafo mu, ne ne fi na onni anuonyam.” 5Wantumi anyɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ, gye ayarefo kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. 6Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwonwa.

Yesu Soma Asuafo Dumien No

Na Yesu kyinkyinii nkuraase kyerɛkyerɛe. 7Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn tumi wɔ ahonhommɔne so.

8Akwankyerɛ a ɔde maa wɔn ni, “Mommfa biribiara nkura gye mo pema nko ara; mommfa aduan anaa kotoku anaa sika. 9Bio, mommfa mpaboa foforo anaa atade foforo nka nea ɛhyɛ mo yi ho. 10Baabiara a mobɛkɔ no, montena ofi baako pɛ mu. Monnsesa mo atenae. 11Na sɛ morefi kurow bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw, mfa nni adanse.”

12Asuafo no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wohyiaa no no sɛ ɔnsakra nʼadwene, ntwe ne ho mfi ne bɔne ho. 13Na wotutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefo pii saa wɔn yare.

Osuboni Yohane Kum

14Ɔhene Herode tee eyi, efisɛ na Yesu din atrɛw. Ebinom kae se, “Osuboni Yohane no na wasan aba nkwa mu bio, enti na otumi yɛ anwonwade a ɔyɛ yi.”

15Ebinom nso susuw sɛ, Yesu yɛ Odiyifo Elia na wasan aba.

Afoforo nso kae se, odiyifo foforo bi a ɔte sɛ tete adiyifo akɛse no bi na waba.

16Herode kae se, “Dabi, ɛyɛ Osuboni Yohane a mitwaa ne ti no. Wanyan afi owu mu.”

17Saa bere no na Herode asoma asraafo ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, efisɛ na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no aware. 18Osuboni Yohane ka kyerɛɛ Herode se, “Wunni ho kwan sɛ woware wo nua yere.” 19Asɛm a Yohane kae no anyɛ Herodia nso dɛ, ma onyaa ne ho menasepɔw kae se, ɛsɛ sɛ wokum Yohane. Nanso ɔrentumi nkum no gye sɛ Herode ama no tumi. 20Na Herode de obu ma Yohane, efisɛ na onim sɛ ɔyɛ onipa trenee. Eyi nti ɔbɔɔ ne ho ban. Bere biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yeraw no nanso eyi nyinaa akyi no, ɔde ntoboase tiee no.

21Nea Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo pon wɔ nʼahemfi maa ne mpanyimfo, nʼasafohene ne Galilea mpanyimfo. 22-23Herodia babea bɛsaw kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa fɛ. Herode de ntam ka kyerɛɛ ababaa no se, “Bisa me biribiara a wopɛ; sɛ mʼaheman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!”

24Ababaa yi kɔɔ ne na nkyɛn kobisaa no nea ommisa ma ɔka kyerɛɛ no se, “Bisa no Osuboni Yohane ti!”

25Ababaa yi de ahoɔhare san baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mepɛ sɛ wode Osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me mprempren ara!”

26Eyi maa ɔhene no werɛ howee, nanso esiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no nti, wammu bɔ a ɔhyɛɛ ne babea no so. 27Herode somaa nʼasraafo no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkotwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kotwaa Osuboni Yohane ti, 28na ɔde too prɛte mu brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na. 29Bere a Yohane asuafo no tee nea asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kosiee no wɔ ɔboda bi mu.

Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan

30Asomafo no san baa Yesu nkyɛn bɛkaa nea wɔyɛɛ ne nea wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. 31Yesu tiee wɔn amanneɛ no wiee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma yɛntwe yɛn ho mfi nnipakuw yi ho na yɛnkɔhome kakra.” Nea ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wonnya kwan mpo na wɔadidi.

32Yesu ne nʼasuafo no tenaa ɔkorow mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ. 33Nanso bere a wɔrekɔ no, nnipa pii huu wɔn ma wotuu mmirika faa mpoano hɔ kotwaa wɔn ho. 34Eyi nti bere a Yesu sii fam no, na nnipakuw ahyia wɔ hɔ. Ohuu wɔn no ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wohu.

35Onwini reyɛ adwo no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade resa. Aduan biara nso nni ha. 36Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduan bi nni.”

37Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma wɔn aduan nni.”

Wobisaa no se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram asia akatua. Yɛnsɛe sika a ɛte saa mfa mma wɔn brodo nni ana?”

38Yesu bisaa wɔn se, “Brodo ahe na mowɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.”

Wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no se, “Wɔwɔ brodo anum ne mpataa abien.”

39Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuwakuw wɔ sare no so. 40Wɔtenatenaa ase akuwakuw a bi yɛ ɔha na bi yɛ aduonum. 41Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. 42Nnipa no dii aduan no maa obiara mee! 43Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpem anum; 44na wɔtasee ase nkae no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

Yesu Nantew Asu Ani

45Adidi no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔnkɔtena ɔkorow no mu, na wonni kan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuw no kwan na watiw wɔn. 46Akyiri no, ɔkɔɔ bepɔw no so kɔbɔɔ mpae.

47Anadwo no a asuafo no te ɔkorow mu adu asu no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano. 48Ohuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dwiradwiraa ɔkorow no, enti na wɔrebrɛ wɔ ɔkorow no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, ɔnantew asu no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho. 49Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani no, wɔde ehu teɛteɛɛ mu efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. 50Wɔn nyinaa huu no.

Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Munnsuro!” 51Afei ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Asuafo no ho dwiriw wɔn, 52efisɛ na wɔnte aduanma no ase, na wɔapirim wɔn koma.

Genesaret Ayaresa

53Wotwaa asu no baa Genesaret na woduu hɔ no, wɔde ɔkorow no baa mpoano. 54Na wosi fii ɔkorow no mu no, nnipa a wogyinagyina hɔ no huu no. 55Wotuu mmirika kyinii nkurow a atwa hɔ ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare deda wɔn akɛtɛ so brɛɛ no wɔ baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. 56Na nkuraa ase anaa nkurow so baabiara a ɔkɔe no, wɔde ayarefo beguu mmɔnten so, srɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den.

New International Reader’s Version

Mark 6:1-56

A Prophet Without Honor

1Jesus left there and went to his hometown of Nazareth. His disciples went with him. 2When the Sabbath day came, he began to teach in the synagogue. Many who heard him were amazed.

“Where did this man get these things?” they asked. “What’s this wisdom that has been given to him? What are these remarkable miracles he is doing? 3Isn’t this the carpenter? Isn’t this Mary’s son? Isn’t this the brother of James, Joseph, Judas and Simon? Aren’t his sisters here with us?” They were not pleased with him at all.

4Jesus said to them, “A prophet is honored everywhere except in his own town. He doesn’t receive any honor among his relatives or in his own home.” 5Jesus placed his hands on a few sick people and healed them. But he could not do any other miracles there. 6He was amazed because they had no faith.

Jesus Sends Out the Twelve Disciples

Jesus went around teaching from village to village. 7He called the 12 disciples to him. Then he began to send them out two by two. He gave them authority to drive out evil spirits.

8Here is what he told them to do. “Take only a walking stick for your trip. Do not take bread or a bag. Take no money in your belts. 9Wear sandals. But do not take extra clothes. 10When you are invited into a house, stay there until you leave town. 11Some places may not welcome you or listen to you. If they don’t, leave that place and shake the dust off your feet. That will be a witness against the people living there.”

12They went out. And they preached that people should turn away from their sins. 13They drove out many demons. They poured olive oil on many sick people and healed them.

John the Baptist’s Head Is Cut Off

14King Herod heard about this. Jesus’ name had become well known. Some were saying, “John the Baptist has been raised from the dead! That is why he has the power to do miracles.”

15Others said, “He is Elijah.”

Still others claimed, “He is a prophet. He is like one of the prophets of long ago.”

16But when Herod heard this, he said, “I had John’s head cut off. And now he has been raised from the dead!”

17In fact, it was Herod himself who had given orders to arrest John. He had him tied up and put in prison. He did this because of Herodias. She was the wife of Herod’s brother Philip. But now Herod was married to her. 18John had been saying to Herod, “It is against the Law for you to be married to your brother’s wife.” 19Herodias couldn’t forgive John for saying that. She wanted to kill him. But she could not, 20because Herod was afraid of John. So he kept John safe. Herod knew John was a holy man who did what was right. When Herod heard him, he was very puzzled. But he liked to listen to John.

21Finally the right time came. Herod gave a banquet on his birthday. He invited his high officials and military leaders. He also invited the most important men in Galilee. 22Then the daughter of Herodias came in and danced. She pleased Herod and his dinner guests.

The king said to the girl, “Ask me for anything you want. I’ll give it to you.” 23And he gave her his promise. He said to her, “Anything you ask for I will give you. I’ll give you up to half my kingdom.”

24She went out and said to her mother, “What should I ask for?”

“The head of John the Baptist,” she answered.

25At once the girl hurried to ask the king. She said, “I want you to give me the head of John the Baptist on a big plate right now.”

26The king was very upset. But he thought about his promise and his dinner guests. So he did not want to say no to the girl. 27He sent a man right away to bring John’s head. The man went to the prison and cut off John’s head. 28He brought it back on a big plate. He gave it to the girl, and she gave it to her mother. 29John’s disciples heard about this. So they came and took his body. Then they placed it in a tomb.

Jesus Feeds Five Thousand

30The apostles gathered around Jesus. They told him all they had done and taught. 31But many people were coming and going. So they did not even have a chance to eat. Then Jesus said to his apostles, “Come with me by yourselves to a quiet place. You need to get some rest.”

32So they went away by themselves in a boat to a quiet place. 33But many people who saw them leaving recognized them. They ran from all the towns and got there ahead of them. 34When Jesus came ashore, he saw a large crowd. He felt deep concern for them. They were like sheep without a shepherd. So he began teaching them many things.

35By that time it was late in the day. His disciples came to him. “There is nothing here,” they said. “It’s already very late. 36Send the people away. Then they can go to the nearby countryside and villages to buy something to eat.”

37But Jesus answered, “You give them something to eat.”

They said to him, “That would take more than half a year’s pay! Should we go and spend that much on bread? Are we supposed to feed them?”

38“How many loaves do you have?” Jesus asked. “Go and see.”

When they found out, they said, “Five loaves and two fish.”

39Then Jesus directed them to have all the people sit down in groups on the green grass. 40So they sat down in groups of 100s and 50s. 41Jesus took the five loaves and the two fish. He looked up to heaven and gave thanks. He broke the loaves into pieces. Then he gave them to his disciples to pass around to the people. He also divided the two fish among them all. 42All of them ate and were satisfied. 43The disciples picked up 12 baskets of broken pieces of bread and fish. 44The number of men who had eaten was 5,000.

Jesus Walks on the Water

45Right away Jesus made his disciples get into the boat. He had them go on ahead of him to Bethsaida. Then he sent the crowd away. 46After leaving them, he went up on a mountainside to pray.

47Later that night, the boat was in the middle of the Sea of Galilee. Jesus was alone on land. 48He saw the disciples pulling hard on the oars. The wind was blowing against them. Shortly before dawn, he went out to them. He walked on the lake. When he was about to pass by them, 49they saw him walking on the lake. They thought he was a ghost, so they cried out. 50They all saw him and were terrified.

Right away Jesus said to them, “Be brave! It is I. Don’t be afraid.” 51Then he climbed into the boat with them. The wind died down. And they were completely amazed. 52They had not understood about the loaves. They were stubborn.

53They went across the lake and landed at Gennesaret. There they tied up the boat. 54As soon as Jesus and his disciples got out, people recognized him. 55They ran through that whole area to bring to him those who were sick. They carried them on mats to where they heard he was. 56He went into the villages, the towns and the countryside. Everywhere he went, the people brought the sick to the market areas. Those who were sick begged him to let them touch just the edge of his clothes. And all who touched his clothes were healed.