Marko 5 – AKCB & OL

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 5:1-43

Yesu Sa Ɔbarima Bi A Ɔwɔ Ahonhommɔne Yare

1Yesu ne nʼasuafo no twaa ɔtare no koduu Gerasefo asase so. 2Ɔresi afi ɔkorow no mu no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu de mmirika fi amusiei behyiaa no. 3Na saa ɔbarima yi te abonna mu a obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere no bio. 4Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yiye nti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa mpo a, otumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. 5Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusiei hɔ mmepɔw no mu a, ɔde abo a ano yɛ nam twitwa ne ho.

6Ɔbarima yi huu Yesu wɔ akyirikyiri no, otuu mmirika, bebuu no nkotodwe. 7Ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, dɛn na wowɔ ne me yɛ? Onyankopɔn din mu, nyɛ me ayayade biara!” 8Yesu teɛɛ honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no se, “Honhommɔne, fi ne mu kɔ!”

9Yesu bisaa no se, “Wɔfrɛ wo dɛn?”

Obuaa Yesu se, “Me din de ‘Dɔm’ efisɛ yɛdɔɔso.” 10Afei ɔsrɛɛ Yesu anibere so sɛ ɔmmpam wɔn nnkɔ akyirikyiri.

11Saa bere no na mprakokuw bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn baabi a ɛbɛn po no. 12Enti ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.” 13Yesu maa wɔn ho kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprakokuw bɛyɛ mpenu no de ahoɔhare sian bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn.

14Mprakohwɛfo no guan baa nkurow a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa nea wɔahu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔtee no kɔhwɛɛ nea asi no. 15Nnipakuw no duu faako a Yesu wɔ no wohuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwene mu atew no. Eyi maa wɔn ho dwiriw wɔn. 16Wɔn a wohuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforo. 17Afei nnipakuw no fii ase srɛɛ Yesu se, omfi wɔn man mu nkɔ!

18Yesu reforo ɔkorow akɔtena mu no, ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ. 19Nanso Yesu kae se, “Dabi, na kɔ na kɔka anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔbɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafo.” 20Enti ɔbarima no fi hɔ kɔɔ Dekapoli, “Nkurow Du” no a ɛwɔ saa ɔmantam no mu no mu kɔkaa anwonwade a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no wɔn ho dwiriw wɔn.

Ɔbea Bi Ayaresa Ne Abeawa Bi Nyan

21Yesu de ɔkorow no twa baa po no fa baabi no, nnipakuw betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. 22Asafopanyin a na wɔfrɛ no Yairo baa hɔ na ohuu Yesu no obuu nkotodwe, 23srɛɛ no se ɔnsa ne babea yare mma no. Ofi ahoyeraw mu ka kyerɛɛ Yesu se, “Abofra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na onya nkwa.” 24Yesu ne no kɔe a nnipakuw no di wɔn akyi.

25Na ɔbea bi a watu mogya mfe dumien ka nnipakuw no ho. 26Ɔde ne yare no akyin ayaresafo bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. 27Na wate anwonwade a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno nti ɔde ne ho fraa nnipakuw no, de ne nsa besoo Yesu atade mu no. 28Ɔdwenee ho kae se, “Sɛ mitumi nya ne ho kwan, de me nsa so nʼatade mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.” 29Ampa ara, so a osoo nʼatade no mu pɛ na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no.

30Amono mu hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afi ne mu. Ɔdan ne ho kyerɛɛ nnipakuw no bisae se, “Hena na osoo mʼatade mu no?”

31Nʼasuafo no buae se, “Saa nnipakuw a obiara de ne ho twitwiw ne yɔnko yi na worebisa se, ‘Hena na ɔde ne nsa aka mʼatade?’ ”

32Nanso ɔpɛɛ sɛ ohu onipa ko a osoo nʼatade mu no. 33Bere a ɔbea no huu asɛm a asi no, ɔde ahopopo bebuu Yesu nkotodwe kaa nea ɔyɛe no kyerɛɛ no. 34Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoe kɔ; wo yare no agyae.”

Yairo Babea No Nyan

35Ogu so rekasa akyerɛ ɔbea no, abɔfo fi Yairo fi bɛkae se, “Wo babea no awu; adɛn na woda so haw kyerɛkyerɛfo no?”

36Yesu antie nea na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo se, “Nsuro, gye di ara.”

37Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo fi hɔ, gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38Bere a Yesu duu hɔ no, ohuu sɛ hɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwo. 39Ɔkɔɔ ofi no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasae. Obisaa wɔn se, “Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abofra no nwui; nna na wada!” 40Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔserew no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie hɔ no se, wɔn nyinaa mfi adi. Ɔne abofra no agya ne ne na ne nʼasuafo baasa no kɔɔ nea abofra no da hɔ. 41Osoo abofra no nsa kae sɛ, “Talita, Kuum!” a ase ne sɛ “Abaawa, mise wo sɛ sɔre!” 42Amono mu hɔ ara, abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee (na wadi mfe dumien). Asɛm a esii yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. 43Yesu bɔɔ wɔn ano ketee sɛ wɔnnka asɛm a asi no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abofra no aduan nni.

O Livro

Marcos 5:1-43

A cura do homem endemoninhado

(Mt 8.28-34; Lc 8.26-37)

1Chegaram ao outro lado do lago, à terra dos Gerasenos. 2Ao desambarcar, um homem vindo dum cemitério, possuído por um espírito impuro, veio ao seu encontro. 3Este homem morava entre os túmulos e ninguém conseguia prendê-lo nem sequer com correntes. 4Pois muitas vezes o tentaram prender com grilhões e correntes, mas ele partia os grilhões dos pulsos e despedaçava as correntes, sem que ninguém conseguisse dominá-lo. 5Durante o dia e pela noite dentro, errava entre os túmulos e pelos montes desertos, dando gritos e ferindo-se com pedras.

6Mal viu Jesus, vinha este ainda longe, correu ao seu encontro. E deitando-se no chão à sua frente, 7soltou um grito forte: “Que queres tu de mim, Jesus, Filho do Deus altíssimo? Peço-te por Deus que não me atormentes!” 8Jesus falou ao demónio que existia dentro dele: “Sai deste homem, espírito impuro!”

9“Como te chamas?” perguntou Jesus. “Exército, porque somos muitos.” 10E pedia com insistência a Jesus que não os expulsasse para fora da região. 11Ora, andava ali perto, no monte acima do lago, uma grande vara de porcos a pastar, 12e os demónios rogaram-lhe: “Manda-nos para aqueles porcos.” 13Jesus concordou. Então, os espíritos impuros saíram do homem e entraram nos porcos. A vara de 2000 porcos precipitou-se, caindo por um despenhadeiro no mar, onde se afogou.

14Os porqueiros fugiram para a cidade e campos, espalhando a notícia, e as pessoas vieram ver o que tinha sucedido. 15As pessoas dirigiram-se ao encontro de Jesus e viram o endemoninhado ali sentado, agora vestido e em seu perfeito juízo, e ficaram com medo. 16Aqueles que tinham assistido ao que tinha acontecido ao endemoninhado contavam aos outros. 17E a multidão chegou até a pedir a Jesus que fosse embora da região.

18Assim, voltou para o barco e o homem que tinha andado possuído dos demónios pediu a Jesus que o deixasse acompanhá-los. 19Mas Jesus não quis: “Volta para a tua família e conta-lhe as maravilhas que o Senhor te fez e como foi tão bondoso contigo.” 20O homem partiu, para percorrer as Dez Cidades, e contava a toda a gente as grandes coisas que Jesus lhe tinha feito, e todos ficavam pasmados a ouvi-lo.

Uma menina morta e uma mulher doente

(Mt 9.18-26; Lc 8.41-56)

21Quando Jesus atravessou de barco para a outra margem do lago, uma enorme multidão juntou-se à sua volta na praia. 22O líder da sinagoga daquele lugar, cujo nome era Jairo, veio e prostrou-se a seus pés, 23suplicando-lhe com insistência: “A minha filha está às portas da morte. Vem colocar as mãos sobre ela para ser curada, e ela ficará viva!” 24Jesus foi com ele. Uma grande multidão o acompanhava e comprimia.

25Entre todo aquele povo encontrava-se uma mulher que sofria, havia doze anos, de uma perda de sangue. 26Durante esse tempo padecera bastante às mãos de muitos médicos, e tinha gasto tanto com eles que ficara pobre, sem ver quaisquer melhoras; antes piorara. 27Ouvira falar tanto nos espantosos milagres de Jesus que; aproximou-se no meio da multidão por trás e tocou-lhe no manto, 28pois dizia: “Se ao menos eu lhe tocar no manto, ficarei curada.” 29De facto, logo que lhe tocou, o sangue parou de correr e percebeu que estava curada.

30Jesus de imediato sentiu que saíra de si poder e, olhando para trás, perguntou: “Quem foi que me tocou na roupa?”

31Os discípulos disseram-lhe: “Com toda esta gente à tua volta, ainda perguntas quem te tocou?”

32Ele continuou a olhar à sua volta para encontrar quem fizera aquilo. 33Então a mulher, amedrontada e a tremer, sabedora do que lhe tinha acontecido, chegou-se, pôs-se de joelhos diante dele e declarou o que tinha feito. 34Jesus disse-lhe: “Filha, a tua fé te curou! Vai em paz, estás livre do teu mal!”

35Jesus falava ainda com ela, quando chegaram uns mensageiros da casa de Jairo, líder da sinagoga, com a notícia: “A tua filha já morreu. Porque estás ainda a incomodar o Mestre?”

36Jesus, contudo, não fez caso do que diziam e disse para o líder da sinagoga: “Não tenhas medo, crê somente!” 37Jesus não deixou ninguém acompanhá-lo a não ser Pedro, Tiago e João. 38Quando chegaram, havia uma grande confusão, ouvindo-se choro e lamentações. 39E dirigiu-se aos que ali estavam: “Para que é todo este choro e alvoroço? A menina não está morta, apenas dorme!”

40E riram-se de troça. Mas Jesus mandou todos saírem e, acompanhado do pai e da mãe da criança e dos três discípulos, entrou no quarto onde estava deitada. 41E segurando-lhe na mão, disse: “Talita kum!” (Que quer dizer: “Menina, levanta-te!”) 42E a menina, que tinha doze anos de idade, pôs-se imediatamente de pé e começou a andar. Os pais ficaram pasmados. 43Jesus recomendou-lhes muito que não contassem aquilo a ninguém e mandou que dessem de comer à filha.