Marko 12 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 12:1-44

Bobeturo Mu Akuafo Bi

1Yesu nam mmebu so kasa kyerɛɛ nnipa no se: “Okuafo bi yɛɛ bobeturo, gyee ban faa ho, na otuu amoa a wokyi bobe mu nsu wɔ mu, sii ɔwɛn aban wɔ mu. Afei ɔde afuw no gyaw akuafo bi tuu kwan. 2Eduu bere a bobe no bere a ɛsɛ sɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nipa bi se onkogye ne kyɛfa mmrɛ no. 3Nanso akuafo no boroo no, ma ɔde ne nsa pan san kɔe. 4Okuafo no san somaa onipa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sen nea odi kan no. 5Onipa a ɔsomaa no bio no de, wokum no. Afoforo a akyiri no wɔkɔe no nso, wɔhwee ebinom, na wokum ebinom nso.

6“Nanso na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn, susuw sɛ wɔbɛfɛre no de nidi ama no.

7“Nanso bere a akuafo no huu no sɛ ɔreba no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no. Momma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn de!’ 8Wɔkyeree no kum no, twee no fii bobe turo mu hɔ kɔtow no kyenee baabi.

9“Mugye di sɛ, sɛ afuw wura no ba a dɛn na ɔbɛyɛ akuafo no? Ɔbɛba abekum wɔn, na ɔde afuw no ama nnipa foforo. 10Monnkenkan eyi wɔ Kyerɛwsɛm no mu pɛn se:

“ ‘Ɔbo a adansifo apo no,

ɛno ara na abɛyɛ dan no twea so tibo;

11Awurade na wayɛ eyi,

na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’ ”

12Na esiane saa bɛ a obui no nti, Yudafo mpanyin no pɛɛ sɛ wɔkyere no, efisɛ wuhuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafo atirimɔdenfo no. Nanso na wosuro dɔm no. Eyi ma wogyaa no, na wofii hɔ kɔe.

Towtua Ho Asɛmmisa

13Wɔsomaa Farisifo ne Herodefo bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no. 14Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo a wotaa ka nokware. Nea onipa ka no ntumi nnan wʼadwene. Afei wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yebisa wo se, eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare12.14 Na ɛyɛ asɛde sɛ ɔmanfo tua tow ma Romahene. Na towgye nsɔ ani koraa nti Yudafo no bi ampɛ sɛ wobetua, efisɛ na wogye di sɛ tow no tua no na ɛnyɛ Roma den ma wodi ɔman no so. anaa enye?”

15Yesu huu wɔn adwemmɔne no kae se, “Adɛn nti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuae.” 16Wɔde maa no ma obisaa wɔn se, “Hena mfoni ne nkyerɛw na ɛwɔ so?”

Wobuae se, “Kaesare de.”

17Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de momfa Kaesare de mma no, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!”

Ne mmuae no maa wɔn ho dwiriw wɔn.

Owusɔre Mu Aware Ho Asɛmmisa

18Sadukifo a wɔka se owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no se, 19“Kyerɛkyerɛfo, Mose yɛɛ mmara maa yɛn se, sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma mma owufo no. 20Anuanom baason bi tenaa ase. Nea odi kan no waree yere a, ɔne no anwo na owui. 21Nea ɔto so abien no nso waree okunafo no, na ɔno nso ankyɛ na owui a ɔne no anwo. Na nea ɔto so abiɛsa no nso waree no a, ɔne no anwo na owui. 22Eyi kɔɔ so kosii sɛ anuanom yi nyinaa waree ɔbea no, na ɔbea no nso wui. 23Nea yɛpɛ sɛ yehu ne sɛ, owusɔre mu, sɛ wonya sɔre a, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere?”

24Yesu buaa wɔn se, “Mo mfomso a moyɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ. 25Sɛ anuanom baason yi ne ɔbea no sɔre fi awufo mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no. 26Afei nea ɛfa awufo nyan no ho nso, monkenkan Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne nwura a na ɛhyew no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’ 27Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose se, ɛwɔ mu sɛ saa nnipa yi awuwu mfe pii a atwam no de, nanso wɔte ase. Ɛnte saa a anka ɔrenka se ɔyɛ ateasefo Nyankopɔn, na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn. Moayɛ mfomso kɛse.”

28Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu baako a ogyina hɔ retie no huu sɛ, wabua wɔn sɛnea ɛfata no, obisaa no se, “Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?”

29Yesu buaa no se, “Nea ɛkyɛn ne nyinaa ne nea ɛka se, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro; 30na dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no. 31Na nea ɛto so abien no ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.”

32Kyerɛwsɛm no kyerɛkyerɛfo no buaa no se, “Owura, woaka nokware sɛ, Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforo nka ne ho, 33na minim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afi me koma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sen afɔre biara a wɔbɔ.”

34Yesu huu sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no se, “Wo ne Onyankopɔn ahenni ntam kwan nware.” Na saa asɛm yi akyi no, obi antumi ammisa no asɛm biara bio.

Onipa Ba No Ho Asɛmmisa

35Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, obisaa nnipa no se, “Adɛn na Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba? 36Efisɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kae se,

“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se:

“Tena me nifa so

kosi sɛ mede wʼatamfo

bɛyɛ wo nan ntiaso.” ’

37Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?”

Ɔkwan a ɔfaa so kasaa no maa nnipa no de anigye tiee no.

Mmara Akyerɛkyerɛfo No Kɔkɔbɔ

38Bere bi a nnipakuw bi de anigye retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ho! Wɔhyɛ ntade akɛse sɛ asikafo na sɛ wɔnam bagua mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ohyia wɔn no de obu kyia wɔn. 39Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a wɔtenatena mpanyin agua so, na sɛ wɔkɔ adidi ase a, wɔtena mpanyin tenabea. 40Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a emu yɛ duru.”

Ɔbea Kunafo Bi Afɔrebɔ

41Da bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a esi hɔ no anim hwɛɛ sɛnea nkurɔfo no de sika regu adaka no mu. Asikafo no de sika a ɛdɔɔso guu mu. 42Ɔbea kunafo hiani bi nso bae, na ɔde sika nketewa abien beguu mu.

43Ɔfrɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Saa ɔbea kunafo hiani yi afɔre a ɔbɔe no dɔɔso sen asikafo no nyinaa afɔrebɔde. 44Na wɔn nyinaa fi nea wɔanya ama abu wɔn so no mu na woyiyii bi de bae, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa na abegu mu no.”

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 12:1-44

Bobeturo Mu Akuafoɔ Bi

1Yesu nam mmɛbuo so kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Ɛda bi, okuafoɔ bi yɛɛ bobefuo, gyee ban faa ho, na ɔtuu amena bi a wɔkyi bobe mu nsuo wɔ mu, na ɔsii ɔwɛn aban wɔ mu. Afei, ɔde afuo no gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu ɛkwan. 2Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔte no, ɔsomaa ne ho onipa bi sɛ ɔnkɔgye ne kyɛfa mmrɛ no. 3Nanso, akuafoɔ no boroo no, ma ɔde ne nsapan sane kɔeɛ. 4Okuafoɔ no sane somaa onipa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sene deɛ ɔdi ɛkan no. 5Onipa a ɔsomaa no bio no deɛ, wɔkumm no. Afoforɔ a akyire no wɔkɔeɛ no nso, wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom nso.

6“Nanso, na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn, susuu sɛ wɔbɛfɛre no de anidie ama no.

7“Nanso, ɛberɛ a akuafoɔ no hunuu no sɛ ɔreba no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no. Momma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea!’ 8Wɔkyeree no, kumm no, twee no firii bobe turom hɔ kɔtoo no twenee baabi.

9“Mogye di sɛ, sɛ afu wura no ba a ɛdeɛn na ɔbɛyɛ akuafoɔ no? Ɔbɛba abɛkum wɔn, na ɔde afuo no ama nnipa foforɔ. 10Monnkanee yei wɔ Atwerɛsɛm no mu pɛn sɛ:

“ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no,

ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ;

11Awurade na wayɛ yei,

na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’ ”

12Na ɛsiane saa bɛ a ɔbuiɛ no enti, Yudafoɔ mpanin no pɛɛ sɛ wɔkyere no, ɛfiri sɛ, wohunuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafoɔ atirimuɔdenfoɔ no. Nanso na wɔsuro dɔm no. Yei ma wɔgyaee no, na wɔfirii hɔ kɔeɛ.

Ɛtoɔ Gyeɛ Ho Asɛmmisa

13Wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no. 14Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ a, wotaa ka nokorɛ. Deɛ onipa ka no ntumi nnane wʼadwene. Afei, wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yɛbisa wo sɛ, ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare12.14 Na ɛyɛ asɛdeɛ sɛ ɔmanfoɔ tua toɔ ma Romahene. Na togyeɛ nsɔ ani koraa enti Yudafoɔ no bi ampɛ sɛ wɔbɛtua, ɛfiri sɛ, na wɔgye di sɛ ɛtoɔ no tua no na ɛnyɛ Roma den ma wɔdi ɔman no so. anaa ɛnyɛ?”

15Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no kaa sɛ, “Adɛn enti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuaeɛ.” 16Wɔde maa no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni ne atwerɛ na ɛwɔ so?”

Wɔbuaa sɛ, “Kaesare deɛ.”

17Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma no, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!”

Ne mmuaeɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn.

Owusɔreɛ Ho Asɛmmisa

18Afei, Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no, baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, 19“Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose yɛɛ mmara maa yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi anwo na ɔwu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabaa na ɔne no nwo mma mma owufoɔ no. 20Anuanom baason bi tenaa ase. Deɛ ɔdi ɛkan no waree yere, na ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 21Na deɛ ɔtɔ so mmienu no nso waree okunafoɔ no, na ɔno nso, ankyɛre na ɔwuiɛ a ɔne no anwo. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso waree no a, ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 22Yei kɔɔ so kɔsii sɛ, anuanom yi nyinaa waree ɔbaa no, na ɔbaa no nso wuiɛ. 23Deɛ yɛpɛ sɛ yɛhunu ne sɛ, owusɔreɛ no mu, sɛ wɔnya sɔre a, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere?”

24Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moyɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ. 25Sɛ anuanom baason yi ne ɔbaa no sɔre firi awufoɔ mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no. 26Afei, ɛfa awufoɔ owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee Mose nwoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne wira a na ɛrehyeɛ no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.’ 27Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose sɛ, ɛwom sɛ, saa nnipa yi awuwu mfeɛ pii a atwam no deɛ, nanso wɔte ase. Anyɛ saa a anka ɔrenka sɛ ɔyɛ ateasefoɔ Onyankopɔn, na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn. Moayɛ mfomsoɔ kɛseɛ.”

28Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ retie no no hunuu sɛ, wabua wɔn sɛdeɛ ɛfata no, ɔbisaa no sɛ, “Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?”

29Yesu buaa no sɛ, “Deɛ ɛkyɛn ne nyinaa ne deɛ ɛka sɛ, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Onyankopɔn, yɛ Awurade korɔ; 30na dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no. 31Na deɛ ɛtɔ so mmienu no ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.”

32Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ no buaa no sɛ, “Owura, woaka nokorɛ sɛ, Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforɔ nka ne ho, 33na menim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afiri mʼakoma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sene afɔdeɛ biara a wɔbɔ.”

34Yesu hunuu sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn Ahennie ntam ɛkwan nware.” Na saa asɛm yi akyi, obi antumi ammisa no asɛm biara bio.

Onipa Ba No Ho Asɛmmisa

35Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔbisaa nnipa no sɛ, “Adɛn na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba? 36Ɛfiri sɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kaa sɛ,

“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ:

“Tena me nifa so

kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ

bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’

37Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?”

Ɛkwan a ɔfaa so kasaeɛ no maa nnipa no de anigyeɛ tiee no.

Atwerɛfoɔ No Kɔkɔbɔ

38Ɛberɛ bi a nnipakuo bi de anigyeɛ retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ho! Wɔhyɛ ntadeɛ akɛseɛ sɛ asikafoɔ na sɛ wɔnam badwa mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ɔhyia wɔn no de obuo kyea wɔn. 39Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a, wɔtenatena mpanin adwa so, na sɛ wɔkɔ adidie ase a, wɔtena mpanin tenabea. 40Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu yɛ duru.”

Ɔbaa Kunafoɔ Hiani Bi

41Ɛda bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a ɛsi hɔ no anim hwɛɛ sɛdeɛ nkurɔfoɔ no de sika regu adaka no mu. Asikafoɔ no de sika a ɛdɔɔso guu mu. 42Ɔbaa kunafoɔ hiani bi nso baeɛ na ɔde sika nketewa mmienu bɛguu mu.

43Ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Saa ɔbaa kunafoɔ hiani yi afɔdeɛ a ɔbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa. 44Na wɔn nyinaa firi deɛ wɔanya ama abu wɔn so no mu na wɔyiyii bi de baeɛ, na ɔbaa yi deɛ, ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu no.”