Malaki 4 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Malaki 4:1-6

Awurade Da

1“Ampa ara, da no reba; ɛbɛdɛw te sɛ fononoo. Ahomasofo ne nnebɔneyɛfo nyinaa bɛyɛ nwura gunnwan, na saa da a ɛreba no wɔde ogya bɛto mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Ɛrenka ntin anaa dubaa mma wɔn. 2Nanso mo a mode nidi ma me din no, trenee owia bepue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mubepue na moahuruhuruw te sɛ nantwimma a wɔabue wɔn afi wɔn buw mu. 3Na mubetiatia atirimɔdenfo so; wɔbɛyɛ nsõ wɔ mo anan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi,” sɛnea Asafo Awurade se ni.

4“Monkae mʼakoa Mose mmara, ahyɛde ne mmara a mede maa no wɔ Horeb so se ɔmfa mma Israelfo nyinaa.

5“Mɛsoma Odiyifo Elia aba mo nkyɛn, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba. 6Ɔbɛdan agyanom koma akɔ wɔn mma so na wadan mma nso koma akɔ agyanom so, anyɛ saa a mede nnome bɛba abɛsɛe asase no.”

Asante Twi Contemporary Bible

Malaki 4:1-6

Awurade Da

1“Ampa ara, ɛda no reba; ɛbɛdɛre te sɛ fononoo. Ahomasofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛyɛ wiradwaneɛ, na saa da a ɛreba no, wɔde ogya bɛto mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Ɛrenka nhini anaa dubaa ɛmma wɔn. 2Nanso, mo a mode anidie ma me din no, tenenee awia bɛpue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mobɛpue na moahurihuri te sɛ anantwie mma a wɔabue wɔn afiri wɔn buo mu. 3Na mobɛtiatia atirimuɔdenfoɔ so; wɔbɛyɛ nsõ wɔ mo nan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

4“Monkae mʼakoa Mose mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa no wɔ Horeb so sɛ ɔmfa mma Israelfoɔ nyinaa.

5“Mɛsoma Odiyifoɔ Elia aba mo nkyɛn, ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba. 6Ɔbɛdane agyanom akoma akɔ wɔn mma so, na wadane mma nso akoma akɔ agyanom so, anyɛ saa a, mede nnome bɛba abɛsɛe asase no.”