Luka 9 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 9:1-62

Dumien No Soma

1Da bi Yesu frɛɛ Dumien no hyia maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde betu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso. 2Afei ɔsomaa wɔn se wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm na wɔnsa nyarewa. 3Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo akwantu yi mu, mommfa biribiara nnkɔ, sɛ ɛyɛ pema anaa akwantukotoku, anaa aduan biara, anaa sika, anaa ntade abien abien. 4Na sɛ mokɔ kurow bi mu a, ofi biara a mobɛsoɛ wɔ mu no, ɛhɔ ara na montena nkosi sɛ mubefi kurow no mu. 5Sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo, na morefi hɔ akɔ a, momporoporow mo anan ase mfutuma mfa nkyerɛ sɛ, mo ne wɔn nni hwee yɛ bio.” 6Wofii hɔ no, wɔkɔɔ nkuraase nkuraase kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso.

Herode Pɛ Sɛ Ohu Yesu

7Ɔmansinhene Herode tee nea Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaw no yiye, efisɛ na ebinom keka se Osuboni Yohane na wasɔre afi awufo mu, 8na afoforo nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifo no mu baako na wasɔre afi awufo mu aba. 9Herode kae se, “Yohane de, matwa ne ti, na hena koraa ne saa onipa yi a mete anwonwasɛm a ɛte sɛɛ fa ne ho yi?” Eyi nti ɔpɛɛ sɛ ohu no.

Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan

10Asomafo no fii wɔn akwantu mu bae no, wɔbɔɔ nsɛm a esisii wɔ hɔ nyinaa ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu. Eyi akyi na Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida. 11Nnipadɔm no huu nea Yesu ne nʼasomafo no wɔ no, wotiw wɔn ma ogyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefo yare.

12Anim rebiribiri no, dumien no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ nea wobedi ne nea wɔbɛda, efisɛ faako a yɛwɔ yi yɛ sare so.”

13Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momma wɔn biribi nni.”

Wobuaa no se, “Yɛwɔ brodo anum ne mpataa abien pɛ. Ɛno nti gye sɛ yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn nyinaa.” 14Na nnipa bɛyɛ mpem anum na wɔahyia wɔ hɔ.

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.” 15Wɔyɛɛ sɛnea Yesu kae no. 16Afei Yesu faa brodo anum no ne mpataa abien no na ɔhwɛɛ ɔsoro, daa so ase, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no se wɔnkyɛ mma nnipa no. 17Obiara didi mee. Asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

Petro Kyerɛ Onipa Ko A Yesu Yɛ

18Da bi a Yesu hyɛ kokoa mu baabi rebɔ mpae a nʼasuafo ka ne ho no, obisaa wɔn se, “Nnipa ka se mene hena?”

19Wobuaa no se, “Ebinom ka se, woyɛ Osuboni Yohane, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforo nso se, woyɛ tete adiyifo no mu baako a wasɔre afi awufo mu aba.”

20Yesu bisaa wɔn se, “Na mo nso muse mene hena?”

Petro buaa no se, “Wone Kristo, nea Onyankopɔn asoma no no.”

Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm

21Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara. 22Ɔtoaa so se, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane pii; Yudafo mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nso bɛpo no. Akyiri no wobekum no, na ne nnansa so wasɔre.”

23Afei ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasennua na onni mʼakyi. 24Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sen me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na nea me nti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka. 25Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, dɛn mfaso na obenya? 26Na nea nʼani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Onipa Ba no bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfo kronkron no anuonyam mu no, mʼani bewu wɔ ne ho.

27“Na mereka akyerɛ mo se, mo a mugyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni no.”

Yesu Anuonyam Hyerɛn

28Yesu kaa ne nsɛm yi wiee no, ɛbɛyɛ nnaawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔw bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpae. 29Na Yesu gu so rebɔ mpae no, nʼanimdua sesae, na nʼatade nso hyerɛnee. 30Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia puee wɔ hɔ anuonyam mu ne no bɛkasae. 31Wɔkasa faa ne wu a obewu a ɛde mahyɛ bɛba Yerusalem so no ho. 32Saa bere no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wonyanyan a wɔn ani so tetew wɔn no, wohuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. 33Na ɛbaa sɛ nnipa no refi Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, eye sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese abiɛsa; wo de baako, Mose de baako na Elia nso de baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no.

34Ogu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wosuroe. 35Na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Ba a mayi no. Muntie no!” 36Kasa yi akyi no, wohuu sɛ aka Yesu nko ara na ogyina hɔ. Na mmere no mu, wɔanka nea wohuu no ankyerɛ obiara.

Otwafo Bi Ayaresa

37Ade kyee a wosian fii bepɔw no so bae no, nnipakuw bi behyiaa Yesu. 38Ɔbarima bi fi nnipakuw no mu teɛɛ mu se, “Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a midi no bakoro ma me; 39sɛ honhommɔne ba ne so a, amono mu, ɔteɛ mu, otwa hwe, osinsen, nʼano pu ahuru, na obu fa so, na ɛkyɛ ansa na afi ne so. 40Na mesrɛɛ wʼasuafo no sɛ wontu honhommɔne no nanso wɔantumi.”

41Yesu kae se, “Ao! Mo a munni gyidi, mentena mo nkyɛn na minnya mo ho boasetɔ nkosi da bɛn!” Afei, ɔdan nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Fa wo ba no bra ha.”

42Ɔde abofra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma osinsenii. Na Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no maa abofra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya. 43Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwiriw wɔn.

Na wɔredwinnwen nea asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, 44“Muntie asɛm a merebɛka yi yiye. Wobeyi Kristo no ama.” 45Nea ɔkaa yi na ɛyɛ ahintasɛm nti, asuafo no ante ase. Nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase.

Nea Ɔyɛ Ɔkɛse Wɔ Onyankopɔn Anim

46Asuafo no gyee akyinnye a ɛfa wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni mu no ho. 47Na Yesu huu wɔn adwene no, osoo abofra bi mu de no begyinaa ne nkyɛn pɛɛ, 48na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a obegye saa abofra yi wɔ me din mu no, gye me; na nea ogye me no nso gye nea ɔsomaa me no. Nea ɔyɛ aketewa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛse.”

49Yohane nso ka kyerɛɛ no se, “Awurade, yehuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.”

50Yesu ka kyerɛɛ no se, “Munnsiw no kwan, efisɛ nea ontia mo no, na ɔwɔ mo afa.”

Samariafo Bi Po Yesu

51Na bere a ɛsɛ sɛ Yesu san kɔ ɔsoro no rebɛn no, osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii kan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wonkosiesie baabi mma no. 53Nanso Samariafo no annye Yesu, efisɛ wohuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem. 54Asuafo no tee nea aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu se, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya fi ɔsoro bɛhyew wɔn pasaa ana?” 55Yesu dan nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim, 56na wofii hɔ kɔɔ akuraa foforo bi ase.

Kristo Akyidi Mu Brɛ

57Bere a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi.”

58Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”

59Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforo bi nso se, “Bedi mʼakyi.”

Nanso ɔbarima no kae se, “Awurade, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa.”

60Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo de, kɔka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.”

61Na ɔfoforo nso kae se, “Awurade, medi wʼakyi nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafo nkodi nkra ansa.”

62Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadi bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, ɔmfata Onyankopɔn ahenni no.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

路加福音 9:1-62

差遣十二使徒

1耶稣召集了十二个使徒,赐他们能力和权柄可以医病赶鬼, 2又差遣他们出去宣讲上帝国的福音、医治病人。 3耶稣叮嘱他们:“出门的时候,什么也不要带,不要带手杖、背包、干粮、金钱,也不要带两件衣服。 4有人家接待你们,就住下来,一直住到你们离开。 5如果有人不欢迎你们,你们在离开那城的时候,就把脚上的尘土跺掉,作为对他们的警告。”

6使徒领命出发,走遍各个乡村,到处宣扬福音,替人治病。

希律的困惑

7耶稣的事迹很快便传到希律耳中,令他十分困惑,因为有人说:“约翰死而复活了”, 8有人说:“以利亚显现了”,还有人说:“古代的某个先知复活了”。 9希律说:“约翰已经被我斩首,这个行奇事的人到底是谁呢?”于是他想见耶稣。

五饼二鱼的神迹

10使徒回来后,向耶稣报告了他们所行的事。随后耶稣带着他们悄悄地来到伯赛大城。 11但百姓发现了耶稣的行踪,随即也赶来了。耶稣接待他们,向他们宣讲天国的福音,医好了有病的人。 12黄昏将近,十二个使徒过来对耶稣说:“请遣散众人,好让他们到附近的村庄去借宿找吃的,因为这地方很偏僻。”

13耶稣对他们说:“你们给他们吃的吧。”

使徒们说:“我们只有五个饼和两条鱼,除非我们去买食物才够这么一大群人吃。” 14当时那里约有五千男人。

耶稣便对使徒说:“让这些人分组坐下,每组大约五十人。” 15于是使徒安排众人都坐好。 16耶稣拿起那五个饼、两条鱼,举目望着天祝谢后,掰开递给门徒,让他们分给众人。 17大家都吃饱了,把剩下的零碎收拾起来,竟装满了十二个篮子。

彼得宣告耶稣是基督

18有一次,耶稣独自祷告的时候,门徒也在旁边。

耶稣问他们:“人们说我是谁?”

19他们答道:“有人说你是施洗者约翰,也有人说你是以利亚,或是一位复活的古代先知。”

20耶稣对他们说:“那么,你们说我是谁?”

彼得回答说:“你是上帝所立的基督。”

21耶稣郑重地吩咐他们不许泄露祂的身份, 22又说:“人子必须受许多苦,被长老、祭司长和律法教师弃绝,杀害,但必在第三天复活。”

跟从主的代价

23耶稣又教导众人说:“如果有人要跟从我,就应当舍己,天天背起他的十字架跟从我。 24因为想救自己生命的,必失去生命;但为了我而失去生命的,必得到生命。 25人若赚得全世界,却失去自己或丧掉自己,又有什么益处呢? 26如果有人以我和我的道为耻,将来人子在自己、天父和圣天使的荣耀中降临时,也必以这人为耻。 27我实在告诉你们,有些站在这里的人在有生之年就必看见上帝的国。”

登山变象

28讲完这些话后大约八天,耶稣带着彼得约翰雅各一同到山上祷告。 29耶稣在祷告的时候,容貌改变了,衣裳洁白发光。 30忽然,摩西以利亚二人在跟耶稣交谈。 31二人在荣光中显现,谈论有关耶稣离世的事情,就是祂在耶路撒冷将要成就的事。 32彼得和两个同伴都困得睡着了,他们醒来后,看见了耶稣的荣光以及站在祂身边的两个人。 33摩西以利亚要离开时,彼得对耶稣说:“老师,我们在这里真好!让我们搭三座帐篷,一座给你,一座给摩西,一座给以利亚。”其实彼得并不知道自己在说什么。 34他的话还没说完,有一朵云彩飘来,笼罩他们,他们进入云彩中,都很害怕。 35云彩中有声音说:“这是我的儿子,是我拣选的,你们要听从祂!” 36声音消逝了,门徒只见耶稣独自在那里。那些日子,他们对这事都绝口不提,没有告诉任何人。

山下赶鬼

37次日,他们来到山下,有一大群人迎接耶稣。 38人群中有一个人高声喊叫:“老师,求求你看看我的儿子吧!他是我的独生子, 39鬼控制着他,他常常突然狂喊乱叫、抽搐、口吐白沫,倍受折磨,无休无止。 40我曾求过你的门徒把鬼赶出去,但他们都无能为力。”

41耶稣回答说:“唉!这又不信又败坏的世代啊!我要跟你们在一起容忍你们多久呢?把你的儿子带来吧。”

42那孩子走过来时,鬼又把他摔倒,使他抽搐,耶稣立刻斥责污鬼,把那孩子治好了,交给他父亲。 43大家看见了上帝的大能,都很惊奇。

再次预言受难

他们正为耶稣所做的一切惊讶不已时,耶稣对门徒说: 44“你们要牢记人子所说的话,因为祂将要被交到人的手里。” 45但门徒不明白这句话的意思,因为还没有向他们显明,他们听不懂,又不敢追问耶稣。

论地位

46门徒开始议论他们当中谁最伟大。 47耶稣知道他们的心思,就叫了一个小孩子来,让他站在自己身旁, 48然后对门徒说:“任何人为了我的缘故接待这样一个小孩子,就是接待我;接待我,就是接待差我来的那位。你们当中最卑微的其实是最伟大的。”

49约翰说:“老师,我们看见有人奉你的名赶鬼,就阻止他,因为他不是和我们一起跟从你的。” 50耶稣却对他说:“你不要阻止他,因为不反对你们的,就是支持你们的。”

不肯接待耶稣的村庄

51耶稣被接回天家的日子快到了,祂决定前往耶路撒冷52祂先派人到撒玛利亚的一个村庄去预备食宿, 53撒玛利亚人见他们是上耶路撒冷去的,不肯接待他们。 54祂的门徒雅各约翰见状,说:“主啊,你要我们9:54 有古卷加“像以利亚一样”。叫天上的火降下来烧死他们吗?” 55耶稣转过身来责备他们9:55 有古卷在“责备他们”之后有“说,‘你们的心如何,你们自己不知道,人子来是为了拯救人,不是为了毁灭人。’”56接着,一行人改道去另一个村子。

跟从主的代价

57在路上有人对耶稣说:“无论你往哪里去,我都要跟从你。”

58耶稣对他说:“狐狸有洞,飞鸟有窝,人子却没有安枕之处。”

59耶稣又对另一个人说:“跟从我!”但是那人说:“主啊,请让我先回去安葬我的父亲。”

60耶稣说:“让死人去埋葬他们的死人吧,你只管去传扬上帝国的福音。”

61又有一个人说:“主啊!我愿意跟从你,但请让我先回去向家人告别。”

62耶稣说:“手扶着犁向后看的人不配进上帝的国。”