Luka 5 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 5:1-39

Asuafo A Wodi Kan No Frɛ

1Da bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret ɔtare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so sɛ wɔrebetie Onyankopɔn asɛm. 2Ohuu akorow abien a apopofo bi a wɔhohoro wɔn asau wɔ mu no agyaw wɔ ɔtare no ho. 3Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon se ompia nkɔ asu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi afi hɔ akasa akyerɛ nnipa no.

4Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon se, “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na munkogu mo asau no na mubeyi nam bebree.”

5Simon kae se, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm nti, yebegu yɛn asau no.”

6Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew. 7Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa amaama a anka ɛreyɛ amem mpo.

8Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, “Me wura, mesrɛ wo fi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛni a mensɛ sɛ wobɛn me.” 9Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne ne ne dɔm no nwonwa. 10Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa.

Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Nsuro efi nnɛ, wobɛyɛ nnipayifo.” 11Wɔde akorow no beduu asu no ano hɔ no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa hɔ bedii nʼakyi.

Ɔkwatani Bi Ayaresa

12Da bi a Yesu wɔ kurow bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotow nʼanim srɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”

13Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ ne nsa de kaa no kae se, “Yiw, ɛyɛ me pɛ. Wo ho mfi.” Amono mu hɔ ara, ne ho fii.

14Yesu hyɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ akwatafo a wɔn ho afi no mmɔ sɛ adansedi no.”

15Yesu anwonwadwuma a ɔyɛe yi maa ne ho asɛm trɛw mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree betiee no pɛɛ sɛ ɔsa wɔn yare nso. 16Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ sare so kɔbɔ mpae.

Yesu De Obubuafo Bi Bɔne Kyɛ No Sa No Yare

17Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Galilea ne Yudea nkurow ahorow so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa bere no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma. 18Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafo bi. 19Esiane sɛ na wontumi mfa nnipakuw no mu nkɔ Yesu nkyɛn nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no kotuu atifi tokuru, de obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.

20Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”

21Farisifo no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hena na otumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?”

22Esiane sɛ Yesu huu nea wodwinnwen no nti, obuaa wɔn se, “Adɛn nti na modwene sɛ asɛm a mekae yi yɛ abususɛm?” 23Yesu bisaa wɔn se, “Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi se, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka se sɔre na nantew? 24Na sɛ ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so nti.” Mereka akyerɛ wo se, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ fie!” 25Amono mu hɔ ara, ɔsɔre yii ne kɛtɛ kɔɔ fie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 26Wɔn a wogyina hɔ no ho dwiriw wɔn. Ehu kaa wɔn. Woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Nnɛ de, yɛahu anwonwade.”

Yesu Frɛ Lewi

27Eyi akyi no, Yesu fii hɔ kohuu ɔtowgyeni Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Bedi mʼakyi.” 28Lewi sɔre gyaw ne nneɛma nyinaa hɔ dii nʼakyi.

29Akyiri no, Lewi too pon wɔ ne fi maa Yesu. Towgyefo ne nnipa ahorow bebree kɔɔ aponto no ase. 30Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wonwiinwii bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi?”

31Yesu buaa wɔn se, “Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare. 32Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”

Mmuadadi Ho Asɛmmisa

33Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio se, “Adɛn nti na Osuboni Yohane asuafo ne Farisifo asuafo no de, wɔtaa di mmuada, na wʼasuafo de, daa wodidi na wɔnom?”

34Yesu nso bisaa wɔn se, “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforo ase no di mmuada, wɔ bere a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn ana? 35Nanso da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa bere no na wobedi mmuada.”

36Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Obi mfa ntama foforo ntare ntama dedaw mu. Ɔyɛ saa a foforo no bɛma dedaw no asuane. Na ɛbɛma nsonoe ada foforo no ne dedaw no ntam. 37Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe. 38Eyi nti, nsa nkotoku foforo mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu. 39Obi nnom nsa dedaw nwie mmisa nsa foforo ase. Nea ɔnom no ka se, ‘dedaw no na eye.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

路加福音 5:1-39

呼召門徒

1一天,耶穌站在革尼撒勒湖邊,眾人團團圍著祂,要聽上帝的道。 2祂看見湖邊停著兩條船,漁夫離了船正在洗網, 3就上了西門的那條船,請西門把船稍微划離岸邊,然後坐在船上教導眾人。 4耶穌講完之後對西門說:「把船划到水深的地方去撒網捕魚。」

5西門說:「老師,我們勞碌了一整夜,一無所獲,但既然你這樣吩咐,我就照你的話做。」 6他們把網撒下去,果然捕獲很多魚,差點把網撐破了, 7於是招呼另一條船上的同伴來幫忙。他們一起把兩條船都裝滿了魚,船幾乎要沉下去了。

8西門·彼得見狀,便跪倒在耶穌膝前說:「主啊,離開我,我是個罪人!」 9他和所有同伴們對捕到這麼多魚感到非常驚訝, 10包括西庇太的兩個兒子雅各約翰。耶穌對西門說:「不要怕,從今以後,你將成為得人的漁夫。」 11於是他們把船靠岸後,撇下一切跟從了耶穌。

潔淨痲瘋病人

12有一次,耶穌在一個小鎮遇見一個渾身患痲瘋病的人,那人一看見耶穌,就俯伏在地上懇求說:「主啊,如果你肯,一定能使我潔淨。」

13耶穌伸手摸他,說:「我肯,你潔淨了吧!」他身上的痲瘋病立刻消失了。

14耶穌又囑咐他:「不要把這事告訴別人,要去讓祭司察看你的身體,照摩西的規定獻上祭物,向眾人證明你已經潔淨了。」

15結果耶穌的名聲傳得更廣了,成群的人聚集到祂那裡聽祂講道、求祂醫病。 16不過,祂還是常常退到曠野去禱告。

叫癱子行走

17有一天,耶穌在教導人,旁邊坐著來自加利利猶太耶路撒冷各地的法利賽人和律法教師,主的能力伴隨著耶穌,使祂能醫治病人。

18有人用擔架抬著一個癱瘓的人想進到屋裡,把他放在耶穌面前。 19可是人太擠了,無法進去,他們就爬上屋頂,掀開瓦片,把那病人連人帶擔架縋到耶穌面前。 20耶穌看見他們那麼有信心,就對癱子說:「朋友,你的罪得到赦免了!」

21那些法利賽人和律法教師開始議論起來:「這個說話褻瀆上帝的人是誰啊?除了上帝以外,誰能夠赦罪?」

22耶穌知道他們的想法,就問:「你們為什麼心裡議論呢? 23說『你的罪得到赦免了』容易呢,還是說『你起來行走』容易呢? 24如今我要讓你們知道人子在世上有赦罪的權柄。」於是對癱子說:「我吩咐你起來!收拾你的擔架回家去吧。」

25那人立刻當眾站了起來,拿起他躺臥的擔架回家去了,不住地讚美上帝。 26眾人都十分驚奇,一同讚美上帝,心裡充滿了敬畏,說:「今天我們看到神蹟了!」

呼召利未

27後來耶穌外出時,看見一個名叫利未的稅吏坐在收稅站裡,就對他說:「跟從我!」 28利未就起來,撇下一切跟從了耶穌。

29隨後,他在家設宴款待耶穌,赴宴的人中有許多稅吏和其他人。 30法利賽人和律法教師就向耶穌的門徒抱怨說:「你們為什麼跟稅吏和罪人一起吃喝呢?」

31耶穌答道:「健康的人不需要醫生,有病的人才需要。 32我來不是要召義人悔改,乃是召罪人悔改。」

論禁食

33他們說:「約翰的門徒常常禁食禱告,法利賽人的門徒也是一樣,可是你的門徒卻又吃又喝。」

34耶穌說:「新郎還跟賓客在一起的時候,豈能讓賓客禁食? 35但有一天新郎將被帶走,那時他們就要禁食了。」 36耶穌又給他們講了一個比喻,說:「沒有人會從新衣服上撕下一塊布來,補在舊衣服上。否則,不但新衣服撕破了,舊衣服和新補丁也不相稱。 37同樣,沒有人把新酒裝進舊皮囊裡,否則新酒會把舊皮囊漲破,酒也漏了,皮囊也毀了。 38所以新酒一定要裝在新皮囊裡。 39但是,沒有人喝過陳年老酒後,還願意喝新酒,因為他會說,『還是陳年老酒好。』」