Luka 3 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 3:1-38

Yesu Fi Ne Nnwuma Ase

1Kaesare Tiberio dii ade ne mfe dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ sare so. 2Saa bere no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinhene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansin so, na Lisania di Abilene mansinhene, na Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafo asɔfo mpanyin. 3Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa se, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfi wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 4Sɛnea Odiyifo Yesaia kae se,

“Nne bi teɛ mu wɔ sare so se,

‘Munsiesie kwan3.4 Ansa na ɔhene bi betu kwan akɔ akyirikyiri man bi so no, wosiesie akwan a ɔbɛfa so no so. Yohane adwumayɛ mu nso ɔyɛɛ ɔbrasu ne honhom fam nsiesiei maa Agyenkwa no. Osii ahonu ne bɔnefakyɛ a ɛho hia Agyenkwa no so dua. mma Awurade;

momma nʼatempɔn nteɛ.

5Obon biara bɛyɛ ma.

Bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam;

asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa,

na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.

6Na nnipa nyinaa behu Onyankopɔn nkwagye.’ ”

7Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbaa hɔ se ɔmmɔ wɔn asu no se, “Awɔ mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuwhyew a ɛreba no ho? 8Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo. 9Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin ho sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.”

10Nnipakuw no bisaa no se, “Na ɛno de, dɛn na yɛnyɛ?”

11Yohane buaa wɔn se, “Sɛ wowɔ ntama abien a, ma nea onni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduan a, ma nea onni bi no bi.”

12Towgyefo3.12 Na wɔmpɛ Yudafo ananmusifo a wogye tow ma Roma aban, efisɛ na wɔboa ampɛnyamesom sodifo; na afei wosisi wɔn ankasa wɔn nkurɔfo. a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛnyɛ dɛn?”

13Obuaa wɔn se, “Munnnye mmmoro nea wɔatwa ato hɔ sɛ munnye no.”

14Asraafo3.14 Na wɔma Yudafo akannifo no mmeae bi ne nnipakuw ahorow bi te sɛ hyiadan awɛmfo ne towgyefo asraafo kakra bammɔ. Na wɔnkasa ntia asraafo no dwumadi ne towgye, na mmom, nsɛmmɔne a asraafo ne towgyefo yɛ wɔ wɔn adwumayɛ mu no de, na wɔkasa tia. bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?”

Yohane buaa wɔn se, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!”

15Esiane sɛ saa bere no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan nti, na wosusuw sɛ Yohane ne Agyenkwa no. 16Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de, mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 17Ɔno na sɛ ɔba a, obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no.” 18Ɔnam afotu ahorow so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

Yohane Afiasenna

19Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahorow a na ɔyɛ no ho. 20Eyi maa Herode de Yohane too afiase.

Yesu Asubɔ

21Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei. 22Honhom Kronkron sian te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”

Awo Ntoatoaso A Efi Yesu So Kosi Adam So

23Yesu fii nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe aduasa. Nkurɔfo susuw sɛ, Yesu yɛ Yosef ba.

Yosef agya ne Eli. 24Eli agya ne Mattat;

Mattat agya ne Lewi; Lewi agya ne Melki;

Melki agya ne Yanai; Yanai agya ne Yosef;

25Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos;

Amos agya ne Nahum; Nahum agya ne Hesli;

Hesli agya ne Nagai; 26Nagai agya ne Mahat;

Mahat agya ne Matatia; Matatia agya ne Semein;

Semein agya ne Yosek; Yosek agya ne Yoda;

27Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa;

Resa agya ne Serubabel; Serubabel agya ne Sealtiel;

Sealtiel agya ne Neri; 28Neri agya ne Melki;

Melki agya ne Adi; Adi agya ne Kosam;

Kosam agya ne Elmadam; Elmadam agya ne Er;

29Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser;

Elieser agya ne Yorim; Yorim agya ne Matat;

Mattat agya ne Lewi; 30Lewi agya ne Simeon;

Simeon agya ne Yuda; Yuda agya ne Yosef; Yosef agya ne

Yonam; Yonam agya ne Eliakim;

31Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena;

Mena agya ne Matata; Matata agya ne Natan;

Natan agya ne Dawid; 32Dawid agya ne Yisai;

Yisai agya ne Obed; Obed agya ne Boas;

Boas agya ne Sala; Sala agya ne Nahson;

33Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin;

Admin agya ne Arni; Arni agya ne Hesron; Hesron agya ne

Peres; Peres agya ne Yuda; 34Yuda agya ne Yakob;

Yakob agya ne Isak; Isak agya ne Abraham;

Abraham agya ne Tera; Tera agya ne Nahor;

35Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu;

Reu agya ne Peleg; Peleg agya ne Eber;

Eber agya ne Sala; 36Sala agya ne Kainan;

Kainan agya ne Arfaksad; Arfaksad agya ne Sem;

Sem agya ne Noa; Noa agya ne Lamek;

37Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok;

Henok agya ne Yared; Yared agya ne Mahalalel;

Mahalalel agya ne Kenan; 38Kenan agya ne Enos;

Enos agya ne Set; Set agya ne Adam;

Adam agya ne Onyankopɔn.

New Amharic Standard Version

ሉቃስ 3:1-38

የመጥምቁ ዮሐንስ ስብከት

3፥2-10 ተጓ ምብ – ማቴ 3፥1-10ማር 1፥3-5

3፥16-17 ተጓ ምብ – ማቴ 3፥1112ማር 1፥78

1ጢባርዮስ ቄሣር በነገሠ በዐሥራ አምስተኛው ዓመት፣ ይኸውም ጳንጥዮስ ጲላጦስ የይሁዳ ገዥ፣ ሄሮድስ የገሊላ አራተኛው ክፍል ገዥ፣ ወንድሙ ፊልጶስ የኢጡርያስና የጥራኮኒዶስ የአራተኛው ክፍል ገዥ፣ ሊሳኒዮስም የሳቢላኒስ አራተኛው ክፍል ገዥ በነበሩበት ጊዜ፣ 2ሐናና ቀያፋም ሊቃነ ካህናት ሳሉ፣ የእግዚአብሔር ቃል ወደ ዘካርያስ ልጅ ወደ ዮሐንስ በምድረ በዳ መጣ። 3እርሱም ለኀጢአት ስርየት የሚሆን የንስሓን ጥምቀት እየሰበከ በዮርዳኖስ ወንዝ አካባቢ ወዳሉት ስፍራዎች ሁሉ መጣ፤ 4ይኸውም፣ ነቢዩ ኢሳይያስ በመጽሐፉ እንዲህ ሲል በጻፈው ቃል መሠረት ነበር፤

“በበረሓ እንዲህ ብሎ የሚጮኽ ሰው ድምፅ፤

‘የጌታን መንገድ አዘጋጁ፤

ጐዳናውንም አቅኑ፤

5ሸለቆው ሁሉ ይሞላል፤

ተራራውና ኰረብታው ሁሉ ዝቅ ይላል፤

ጠማማው መንገድ ቀና፣

ሸካራውም ጐዳና ትክክል ይሆናል፤

6የሰውም ዘር ሁሉ የእግዚአብሔርን ማዳን ያያል።’ ”

7ዮሐንስም በእርሱ እጅ ሊጠመቁ የወጡትን ሰዎች እንዲህ ይላቸው ነበር፤ “እናንት የእፉኝት ልጆች! ከሚመጣው ቍጣ እንድታመልጡ ማን መከራችሁ? 8እንግዲህ ለንስሓ የሚገባ ፍሬ አፍሩ፤ ደግሞም በልባችሁ፣ ‘አብርሃም አባታችን አለን’ ማለትን አትጀምሩ፤ እግዚአብሔር ከእነዚህ ድንጋዮች ለአብርሃም ልጆች ማስነሣት እንደሚችል እነግራችኋለሁና። 9አሁን እንኳ ምሣር በዛፎች ሥር ተቀምጧል፤ መልካም ፍሬ የማያፈራም ዛፍ ሁሉ ተቈርጦ ወደ እሳት ይጣላል።”

10ሕዝቡም፣ “ታዲያ፣ ምን እናድርግ?” ብለው ጠየቁት።

11ዮሐንስም፣ “ሁለት ልብስ ያለው ምንም ለሌለው ያካፍል፤ ምግብ ያለውም እንዲሁ ያድርግ” ብሎ መለሰላቸው።

12ቀረጥ ሰብሳቢዎችም ሊጠመቁ ወደ እርሱ መጥተው፣ “መምህር ሆይ፤ እኛስ ምን እናድርግ?” አሉት።

13እርሱም፣ “ከታዘዛችሁት በላይ ቀረጥ አትሰብስቡ” አላቸው።

14ወታደሮች ደግሞ፣ “እኛስ ምን እናድርግ?” ብለው ጠየቁት።

እርሱም፣ “የማንንም ገንዘብ በግፍ አትንጠቁ፤ ሰውንም በሐሰት አትክሰሱ፤ ደመወዛችሁ ይብቃችሁ” አላቸው።

15ሕዝቡ በጕጕት እየተጠባበቁ ሳሉ፣ “እርሱ ክርስቶስ ይሆንን?” እያሉ ሁሉም በልባቸው ስለ ዮሐንስ ያሰላስሉ ነበር። 16ዮሐንስ ለሁሉም እንዲህ ሲል መለሰላቸው፤ “እኔ በውሃ አጠምቃችኋለሁ፤ ነገር ግን ከእኔ የሚበረታ ይመጣል፤ እኔም የእርሱን የጫማ ማሰሪያ መፍታት የሚገባኝ አይደለሁም፤ እርሱ በመንፈስ ቅዱስና በእሳት ያጠምቃችኋል፤ 17ዐውድማውን ፈጽሞ ለማጥራትና ስንዴውንም ወደ ጐተራው ለመክተት መንሹ በእጁ ነው፤ ገለባውን ግን በማይጠፋ እሳት ያቃጥለዋል።” 18ዮሐንስም በብዙ ሌሎች የምክር ቃላት ሕዝቡን እያስጠነቀቀ ወንጌልን ሰበከላቸው።

19ነገር ግን ዮሐንስ፣ የአራተኛውን ክፍል ገዥ ሄሮድስን የወንድሙ ሚስት በነበረችው በሄሮድያዳ ምክንያትና ስለ ሌሎች ሥራዎቹ በገሠጸው ጊዜ፣ 20ሄሮድስ ይህን በሌላው ሁሉ ላይ በመጨመር፣ ዮሐንስን ወህኒ ቤት አስገባው።

የኢየሱስ መጠመቅና የትውልድ ሐረጉ

3፥2122 ተጓ ምብ – ማቴ 3፥13-17ማር 1፥9-11

3፥23-38 ተጓ ምብ – ማቴ 1፥1-17

21ሕዝቡ ሁሉ ከተጠመቀ በኋላ ኢየሱስም ተጠመቀ፤ እየጸለየም ሳለ ሰማይ ተከፈተ፤ 22መንፈስ ቅዱስም በአካላዊ ቅርጽ እንደ ርግብ በእርሱ ላይ ወረደ፤ ከሰማይም፣ “የምወድድህ ልጄ አንተ ነህ፤ በአንተ ደስ ይለኛል” የሚል ድምፅ መጣ።

23ኢየሱስ አገልግሎቱን ሲጀምር ዕድሜው ሠላሳ ዓመት ያህል ነበር፤ ሕዝቡም እንደ መሰላቸው የዮሴፍ ልጅ ሆኖ፣

የኤሊ ልጅ፣ 24የማቲ ልጅ፣

የሌዊ ልጅ፣ የሚልኪ ልጅ፣

የዮና ልጅ፣ የዮሴፍ ልጅ፣

25የማታትዩ ልጅ፣ የአሞጽ ልጅ፣

የናሆም ልጅ፣ የኤሲሊም ልጅ፣

የናጌ ልጅ፣ 26የማአት ልጅ፣

የማታትዩ ልጅ፣ የሴሜይ ልጅ፣

የዮሴፍ ልጅ፣ የዮዳ ልጅ፣

27የዮናን ልጅ፣ የሬስ ልጅ፣

የዘሩባቤል ልጅ፣ የሰላትያል ልጅ፣

የኔሪ ልጅ፣ 28የሚልኪ ልጅ፣

የሐዲ ልጅ፣ የዮሳስ ልጅ፣ የቆሳም ልጅ፣

የኤልሞዳም ልጅ፣ የኤር ልጅ፣

29የዮሴዕ ልጅ፣ የኤልዓዘር ልጅ፣

የዮራም ልጅ፣ የማጣት ልጅ፣

የሌዊ ልጅ፣ 30የስምዖን ልጅ፣

የይሁዳ ልጅ፣ የዮሴፍ ልጅ፣

የዮናም ልጅ፣ የኤልያቄም ልጅ፣

31የሜልያ ልጅ፣ የማይናን ልጅ፣

የማጣት ልጅ፣ የናታን ልጅ፣

የዳዊት ልጅ፣ 32የእሴይ ልጅ፣

የኢዮቤድ ልጅ፣ የቦዔዝ ልጅ፣

የሰልሞን3፥32 አንዳንድ የጥንት ቅጆች ሳላ ይላሉ። ልጅ፣ የነአሶን ልጅ፣

33የአሚናዳብ ልጅ፣ የአራም3፥33 አንዳንድ ቅጆች የአሚናዳብ ልጅ የአዲም ልጅ የአርኒ ልጅ ይላሉ። ልጅ፣

የአሮኒ ልጅ፣ የኤስሮም ልጅ፣ የፋሬስ ልጅ፣

የይሁዳ ልጅ፣ 34የያዕቆብ ልጅ፣

የይስሐቅ ልጅ፣ የአብርሃም ልጅ፣

የታራ ልጅ፣ የናኮር ልጅ፣

35የሴሮህ ልጅ፣ የራጋው ልጅ፣

የፋሌቅ ልጅ፣ የአቤር ልጅ፣

የሳላ ልጅ፣ 36የቃይንም ልጅ፣

የአርፋክስድ ልጅ፣ የሴም ልጅ፣

የኖኅ ልጅ፣ የላሜህ ልጅ፣

37የማቱሳላ ልጅ፣ የሄኖክ ልጅ፣

የያሬድ ልጅ፣ የመላልኤል ልጅ፣

የቃይናን ልጅ፣ 38የሄኖስ ልጅ፣

የሤት ልጅ፣ የአዳም ልጅ፣

የእግዚአብሔር ልጅ።