Luka 24 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 24:1-53

Yesu Asɔre

1Kwasida anɔpahema na mmea no de nnuhuam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so. 2Woduu hɔ no wohuu sɛ wɔapirew ɔbo a wɔde hinii ɔboda no ano no afi hɔ. 3Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no na Yesu amu no nna hɔ. 4Wogyinagyina hɔ a wonhu nea wɔnyɛ no, mpofirim na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn. 5Mmea yi koma tui, na wɔkotokotow wɔn, na mmarima no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefo wɔ awufo mu? 6Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se, 7‘Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio’ no?” 8Mmea no kaee asɛm no.

9Na wɔde ahoɔhare fii ɔboda no so bɛkaa nea wohui no nyinaa kyerɛɛ asuafo dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa. 10Mmea a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo na Maria ne afoforo bi. 11Wɔn nsɛm a wɔbɛkae no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi nti wɔannye anni. 12Ɛwɔ mu sɛ nnipa no annye asɛm no anni de, nanso Petro de, otuu mmirika kɔɔ ɔboda no so kɔkotow hwɛɛ mu, huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsan baa fie a na ɔnte nea ohuu no ase.

Emaus Kwan So

13Da no ara asuafo no mu baanu sii mu sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansin ason. 14Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi. 15Wogu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnye no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔe. 16Wohuu sɛ obi ka wɔn ho de, nanso wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ Yesu.

17Obisaa wɔn se, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ ahow mo ho yi?”

18Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no se, “Wo nko ara ne ɔhɔho a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi wɔ hɔ nnansa yi?”

19Obisaa wɔn se, “Nsɛm bɛn?”

Wobuaa no se, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛe ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho, 20ne sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo kyeree no de no kɔɔ aban mu se wommu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asennua mu no ho. 21Yɛn de, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebegye Israel, na nea ɛka ho ne sɛ nnansa ni a saa asɛm yi sii. 22Na mmea bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifo sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiriw yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara, 23nanso wɔanhu nʼamu no. Wɔsan bɛka kyerɛɛ yɛn se, wɔahu ɔsoro abɔfo ma wɔaka akyerɛ wɔn se, Yesu te ase. 24Yɛn mu ebinom tuu mmirika kɔhwɛe, na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛnea mmea no kae no ara pɛ.”

25Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Adwenharefo a munni gyidi; ɛyɛ mo den sɛ mubegye nea adiyifo no aka no nyinaa adi. 26Wɔanhyɛ ho nkɔm se, ɛsɛ sɛ Kristo no behu amane ansa na wakɔ nʼanuonyam mu ana?” 27Na ofii Mose ne adiyifo no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Kyerɛwsɛm no mu no nyinaa ase.

28Woduu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantu no so. 29Nanso wɔsrɛɛ no, san no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, na na ade reyɛ asa nti, ɔsan ne wɔn kɔɔ fie.

30Bere a wɔte adidii no, Yesu bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase, faa brodo bubuu mu de maa wɔn. 31Afei na wɔn ani so tetew wɔn ma wohuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara na otu yerae. 32Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “So Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ bere a na yɛnam ɔkwan so no anka yɛn koma mpo?”

33Ntɛm ara na wɔsan wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafo dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia. 34Woduu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ se, “Ampa ara, Awurade asɔre afi awufo mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.” 35Baanu a wofi Emaus bae no nso bɔɔ wɔn amanneɛ sɛnea Yesu bɛtoo wɔn Emaus kwan so na wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno kosii bere a obubuu brodo mu de maa wɔn no ansa.

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Asuafo No

36Wogu so rebɔ amanneɛ no, prɛko pɛ na Yesu beduu hɔ, kyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo!”

37Wɔn nyinaa bobɔɔ piriw, wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. 38Obisaa wɔn se, “Adɛn na mo koma atutu na munnye nni nso sɛ ɛyɛ me? 39Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; efisɛ ɔsaman nni honam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ bi yi.”

40Ɔkasa wiee no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. 41Anigyetraso ne ahodwiriw nti amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Obisaa wɔn se, “Mowɔ biribi wɔ ha a mubedi ana?” 42Wɔmaa no apataa sin bi a wɔatoto 43ma ogye wee wɔ wɔn anim hɔ ara.

44Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na me ne mo wɔ hɔ no se, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifo nhoma ne Nnwom mu no ba mu.”

45Afei obuee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwsɛm a ɛfa ne ho no ase. 46Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wɔakyerɛw se, ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane na owu na ne nnansa so, wasɔre afi awufo mu. 47Na wobefi ase wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan. 48Mone eyinom nyinaa ho nnansefo. 49Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛnea mʼagya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkosi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a efi ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”

Yesu Sorokɔ

50Yesu ne asuafo no bɔɔ anan koduu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. 51Ogu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro. 52Na wɔsɔree no, de anigye san kɔɔ Yerusalem. 53Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

路加福音 24:1-53

耶穌死裡復活

1週日黎明時分,幾位婦女帶著預備好的香料來到墳前, 2發現墓口的大石頭已經滾到旁邊, 3便進去,卻沒有看見主耶穌的遺體。 4正在猜疑之間,突然有兩個衣服發光的人站在旁邊, 5她們嚇得俯伏在地。那兩個人對她們說:「你們為什麼在死人中找活人呢? 6祂不在這裡,已經復活了!記住祂在加利利對你們說的話, 7『人子必須被交在罪人的手中,被釘在十字架上,在第三天復活。』」

8她們想起耶穌的話來, 9便離開墓地回去把事情的經過告訴十一個使徒和其他人。 10這些婦女就是抹大拉瑪麗亞約亞娜雅各的母親瑪麗亞及其他人。

11大家聽了都不相信,認為是無稽之談。 12彼得卻起身跑到墓地,屈身往墓裡張望,只見細麻布在那裡,他便離開了,對發生的事大惑不解。

耶穌的顯現

13同一天,有兩個門徒前往離耶路撒冷十一公里的以馬忤斯村, 14一路談論著最近發生的一切事。 15正談論的時候,耶穌走過來和他們同行。 16可是,他們認不出耶穌。

17耶穌問他們:「你們一路上在談論什麼?」

他們停下腳步,滿面愁容, 18其中一個叫革流巴的說:「難道在耶路撒冷作客的人中,只有你不知道近日發生的大事嗎?」

19耶穌問:「什麼事?」

他們說:「就是拿撒勒人耶穌的事。祂本來是個先知,在上帝和百姓面前言談舉止充滿力量。 20我們的祭司長和官長卻把祂押去判了死刑,釘在十字架上。

21「我們一直希望祂就是要拯救以色列的那位。還有,今天是事發後的第三天, 22我們當中有幾位婦女一早到耶穌的墳墓, 23發現耶穌的遺體不見了,回來說天使曾向她們顯現並告訴她們耶穌已經復活了。

24「後來我們有幾個人親自去墳墓察看,果然像她們所說的,耶穌的遺體不見了。」

25耶穌對他們說:「無知的人啊!為什麼遲遲不肯相信先知的話呢? 26基督豈不是要先這樣受害,然後進入祂的榮耀嗎?」

27耶穌接著從摩西和眾先知的記載開始,把有關自己的經文都向他們講解明白。

28快到以馬忤斯村時,耶穌好像還要繼續前行。 29他們極力挽留祂,說:「天快黑了,時候不早了,跟我們一同住宿吧。」耶穌就和他們一起進村住下。

30吃飯的時候,耶穌拿起餅來,祝謝後,掰開遞給他們。 31忽然他們眼睛明亮了,認出是耶穌。耶穌很快從他們眼前消失了。

32二人彼此議論說:「一路上祂和我們說話、為我們解釋聖經的時候,我們心裡不是很火熱嗎?」 33二人馬上趕回耶路撒冷,看到十一位使徒及其同伴正聚在一起談論: 34「主真的復活了,祂向西門顯現了。」

35二人也把路上發生的事以及掰餅時認出主的經過述說了一遍。

36正說的時候,耶穌出現在他們中間,說:「願你們平安!」 37他們又驚又怕,以為是看見了鬼魂。

38耶穌說:「你們為什麼憂心忡忡?為什麼心存疑惑呢? 39你們看我的手和腳,就知道真的是我。來摸摸看,鬼魂沒有骨和肉,你們看!我有。」 40說完,便伸出手和腳給他們看。

41門徒又驚又喜,半信半疑。耶穌問:「你們這裡有吃的嗎?」 42他們便給祂一片烤魚, 43祂接過魚來在他們面前吃了。

44耶穌對他們說:「我跟你們在一起的時候曾經說過,摩西的律法書、先知的書以及詩篇裡有關我的記載都要應驗。」 45於是,耶穌開啟了他們的心竅,使他們明白這些經文, 46又對他們說:「聖經上說,基督必受害,然後在第三天從死裡復活, 47人們要奉祂的名傳揚悔改、赦罪的福音,從耶路撒冷一直傳遍萬國。

48「你們是這些事的見證人, 49我要把我父所應許的賜給你們。不過,你們要留在城裡,直到你們得到天上來的能力。」

耶穌升天

50耶穌帶著門徒來到伯大尼附近,舉起雙手為他們祝福。 51正祝福的時候,祂就離開了他們,被接到天上去了。 52門徒都敬拜祂,然後歡歡喜喜地回到耶路撒冷53他們常在聖殿裡讚美上帝。