Luka 21 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 21:1-38

Okunafo Bi Afɔrebɔ

1Yesu te asɔredan mu hɔ no, ohuu asikafo bi a wɔde wɔn afɔrebɔde akɛseakɛse regu afɔrebɔ adaka no mu. 2Ohuu okunafo hiani bi nso sɛ ɔde sika kakraa bi too afɔre adaka no mu. 3Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no se, “Nokware ni, afɔre a okunafo hiani yi bɛbɔɔ no som bo sen afɔre akɛseakɛse a asikafo no bɛbɔɔ no nyinaa. 4Wɔn nyinaa de nea wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔre, na oyi de, ofi ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abegu mu yi.”

Asɔredansɛe Ne Awieimmere Ho Nsɛnkyerɛnne

5Yesu akyidifo no bi kamfoo abo fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinni ahorow a wɔadi agu ɔdan no ho no. Nanso Yesu kae se, 6“Bere bi bɛba a, wobedwiriw nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”

Nsɛm A Ebesisi Ansa Na Awiei No Abɛn

7Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na asɛm a woreka yi besi, na ho nsɛnkyerɛnne bɛyɛ dɛn?”

8Yesu buae se, “Monhwɛ mo ho so yiye na obi annaadaa mo, efisɛ nnipa pii bɛsɔre aka se, ‘Mene Kristo no’ na bere no abɛn, nanso monnnye wɔn nni! 9Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, munnsuro efisɛ ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di kan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awiei no abɛn.”

10Ɔkaa bio se, “Aman bɛsɔre aman so na ahenni asɔre ahenni so. 11Asasewosow a ɛyɛ hu bɛba, ɔkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu befi wim asisi.

12“Nanso ansa na eyinom nyinaa besisi no, me din nti, wɔbɛtaa mo akyekyere mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfo anim. 13Eyi bɛma moanya kwan adi me ho adanse. 14Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho; 15Efisɛ mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode beyi mo ho ano a mo atamfo rentumi nnyina mo anim. 16Mo awofo, mo nuanom, mo abusuafo ne mo nnamfonom beyi mo ama na wobekum mo mu bi. 17Na me nti nnipa bɛtan mo. 18Nanso mo tinwi baako pɛ mpo renyera. 19Na sɛ mutumi gyina pintinn a, mubenya nkwa a enni awiei.”

Yerusalem Sɛe

20“Sɛ muhu sɛ asraafo atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛe abɛn. 21Saa bere no wɔn a wɔte Yudea nguan nkɔ mmepɔw no so; wɔn a wɔwɔ kurow no mu no nguan mfi mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraa ne mfuw mu no ntena hɔ ara. 22Saa bere yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Kyerɛwsɛm no mu no bɛba mu. 23Wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma mma nufu no nnue. Amanehunu a enni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuwhyew nso aba nnipa no so. 24Ebinom bɛtotɔ wɔ afoa ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akosi bere a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no betwa mu.”

Onipa Ba No Ba A Ɔbɛsan Aba

25“Nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsram ne nsoromma mu na po asorɔkye bɛbobɔ mu, aworo so ama ne nnyigyei dennen no de ahoyeraw aba aman nyinaa so. 26Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no nti, nnipa pii bɛtotɔ piti na abɔde a ɛwɔ wim nso awosow ahoɔden so. 27Saa bere no na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam a ɛso nam omununkum mu reba. 28Sɛ saa asɛm yi fi ase sisi a, momfa gyidi nnyina pintinn, efisɛ na mo nkwagye bere abɛn.”

Nnua Bi Ho Bɛ

29Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa. 30Sɛ eyiyi nhaban foforo a na ɛkyerɛ sɛ asusow bere adu. 31Saa ara nso na sɛ muhu nsɛnkyerɛnne a mereka ho asɛm yi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.

32“Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 33Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da.

34“Monhwɛ mo ho so yiye! Mommma adiditraso ne asabow ne asetena mu dadwen nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no befu mo mu. 35Efisɛ me ba a mɛba no befu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu. 36Monwɛn. Bere biara mommɔ mpae na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano na mesan ba bio a, moatumi agyina mʼanim.”

37Da biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ edu anwummere biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔw no so kɔhome. 38Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kotie no wɔ asɔredan mu.

New International Version

Luke 21:1-38

The Widow’s Offering

1As Jesus looked up, he saw the rich putting their gifts into the temple treasury. 2He also saw a poor widow put in two very small copper coins. 3“Truly I tell you,” he said, “this poor widow has put in more than all the others. 4All these people gave their gifts out of their wealth; but she out of her poverty put in all she had to live on.”

The Destruction of the Temple and Signs of the End Times

5Some of his disciples were remarking about how the temple was adorned with beautiful stones and with gifts dedicated to God. But Jesus said, 6“As for what you see here, the time will come when not one stone will be left on another; every one of them will be thrown down.”

7“Teacher,” they asked, “when will these things happen? And what will be the sign that they are about to take place?”

8He replied: “Watch out that you are not deceived. For many will come in my name, claiming, ‘I am he,’ and, ‘The time is near.’ Do not follow them. 9When you hear of wars and uprisings, do not be frightened. These things must happen first, but the end will not come right away.”

10Then he said to them: “Nation will rise against nation, and kingdom against kingdom. 11There will be great earthquakes, famines and pestilences in various places, and fearful events and great signs from heaven.

12“But before all this, they will seize you and persecute you. They will hand you over to synagogues and put you in prison, and you will be brought before kings and governors, and all on account of my name. 13And so you will bear testimony to me. 14But make up your mind not to worry beforehand how you will defend yourselves. 15For I will give you words and wisdom that none of your adversaries will be able to resist or contradict. 16You will be betrayed even by parents, brothers and sisters, relatives and friends, and they will put some of you to death. 17Everyone will hate you because of me. 18But not a hair of your head will perish. 19Stand firm, and you will win life.

20“When you see Jerusalem being surrounded by armies, you will know that its desolation is near. 21Then let those who are in Judea flee to the mountains, let those in the city get out, and let those in the country not enter the city. 22For this is the time of punishment in fulfillment of all that has been written. 23How dreadful it will be in those days for pregnant women and nursing mothers! There will be great distress in the land and wrath against this people. 24They will fall by the sword and will be taken as prisoners to all the nations. Jerusalem will be trampled on by the Gentiles until the times of the Gentiles are fulfilled.

25“There will be signs in the sun, moon and stars. On the earth, nations will be in anguish and perplexity at the roaring and tossing of the sea. 26People will faint from terror, apprehensive of what is coming on the world, for the heavenly bodies will be shaken. 27At that time they will see the Son of Man coming in a cloud with power and great glory. 28When these things begin to take place, stand up and lift up your heads, because your redemption is drawing near.”

29He told them this parable: “Look at the fig tree and all the trees. 30When they sprout leaves, you can see for yourselves and know that summer is near. 31Even so, when you see these things happening, you know that the kingdom of God is near.

32“Truly I tell you, this generation will certainly not pass away until all these things have happened. 33Heaven and earth will pass away, but my words will never pass away.

34“Be careful, or your hearts will be weighed down with carousing, drunkenness and the anxieties of life, and that day will close on you suddenly like a trap. 35For it will come on all those who live on the face of the whole earth. 36Be always on the watch, and pray that you may be able to escape all that is about to happen, and that you may be able to stand before the Son of Man.”

37Each day Jesus was teaching at the temple, and each evening he went out to spend the night on the hill called the Mount of Olives, 38and all the people came early in the morning to hear him at the temple.