Luka 16 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 16:1-31

Ofi Sohwɛfo Okontomponi No

1Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ ofi sohwɛfo bi. Ɔdefo yi tetee sɛ ne fi sohwɛfo no resɛe ne nneɛma. 2Ɔtee saa asɛm no, ɔfrɛɛ ne fi sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Dɛn na metete fa wo ho yi? Bebu wʼadwuma ho akontaa kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’

3“Ofi sohwɛfo no kaa wɔ ne tirim se, ‘Menyɛ dɛn ni? Nnɛ a wɔrepam me afi fie ha yi, ɛhe na mɛfa? Minni ahoɔden a mede bɛdɔw, na mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ ade. 4Minim nea mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no behu me mmɔbɔ.’

5“Enti ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Obisaa nea odi kan no se, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’

6“Obuae se, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’

“Enti ɔka kyerɛɛ no se, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode ngo nhina du ka.’

7“Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforo bi nso bisaa no se, ‘Na wo nso, ka ahe na wode me wura?’

“Ɔno nso buae se, ‘Mede aburow nkotoku ɔha ka.’

“Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode nkotoku aduonum ka!’

8“Ɔdefo no huu nea ofi sohwɛfo no yɛe no akyi, nanso ɔnam fɛwdi so kamfoo no wɔ nʼanifiri no ho. Saa ara nso na wiase yi mma susuw sɛ wonim nyansa sen wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifo no. 9Na me nso mise mo sɛ, momfa wiase ahonyade no bi nyɛ nnamfo, na sɛ ɛsa a wɔagye mo.

10“Nanso nea odi nokware wɔ kakraa bi ho no bedi nokware wɔ pii ho; na nea onni nokware wɔ kakraa bi ho no rentumi nni nokware wɔ pii ho. 11Sɛ moantumi anni nokware wɔ wiase nneɛma ho a, hena na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa? 12Sɛ moanni nokware wɔ obi ade bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo?

13“Ɔsomfo biara rentumi nsom awuranom baanu, efisɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.”

14Farisifo sikaniberefo no tee nea Yesu kae no, wodii ne ho fɛw. 15Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mubu mo ho atreneefo wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo koma mu. Na nea ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyide wɔ Onyankopɔn anim.

16“Ansa na Osuboni Yohane bɛba no na Mose mmara ne adiyifo no nsɛm no na mudi so. Na Osuboni Yohane bae no ɔbɛkaa Onyankopɔn ahenni ho nsɛm kyerɛɛ mo, nti nnipa repere sɛ wɔbɛkɔ saa ahenni no mu. 17Ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwa mu sen sɛ mmara no mu nsensanee ketewa baako mpo bɛyera.

18“Obiara a ogyaa ne yere aware na ɔware ɔfoforo no bɔ aguaman; na nea ɔware ɔbea biara a ne kunu agyaa no no nso, bɔ aguaman.”

Ɔdefo Bi Ne Lasaro

19Yesu toaa so kae se, “Ɔdefo bi tenaa ase a na daa ofura ntama pa na ogye nʼani yiye nso. 20Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼabobow ano. 21Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a ɔdefo no adi ama aka no bi adi. Saa bere koro no ara mu na akraman ba faako a na ohiani no da hɔ no bɛtaforo nʼakuru no mu.

22“Ohiani no wu maa abɔfo bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefo no nso wu ma wosiee no. 23Ɔdefo no wɔ asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. 24Ɔdefo no teɛɛ mu se, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.’

25“Abraham buaa no se, ‘Me ba, kae sɛ wote wiase no wudii dɛ na Lasaro dii yaw, nanso afei na ɔredi dɛ na wo nso woredi yaw. 26Ɛnyɛ eyi nko, obon kɛse da yɛn ne mo ntam a ɛno nti, wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wofi mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’

27“Ɔdefo no san ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya fi, 28efisɛ mewɔ nuabarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyeraw yi mu bi.’

29“Abraham buaa no se, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka enti ma wontie na wonni so.’

30“Ɔdefo yi kaa bio se, ‘Agya Abraham, nea woreka yi wɔ mu de, nanso sɛ obi fi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ de a, wɔbɛsakra wɔn adwene.’

31“Abraham buae se, ‘Sɛ wɔantie nea Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi fi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no no.’ ”

New International Reader’s Version

Luke 16:1-31

The Story of the Clever Manager

1Jesus told his disciples another story. He said, “There was a rich man who had a manager. Some said that the manager was wasting what the rich man owned. 2So the rich man told him to come in. He asked him, ‘What is this I hear about you? Tell me exactly how you have handled what I own. You can’t be my manager any longer.’

3“The manager said to himself, ‘What will I do now? My master is taking away my job. I’m not strong enough to dig. And I’m too ashamed to beg. 4I know what I’m going to do. I’ll do something so that when I lose my job here, people will welcome me into their houses.’

5“So he called in each person who owed his master something. He asked the first one, ‘How much do you owe my master?’

6“ ‘I owe 900 gallons of olive oil,’ he replied.

“The manager told him, ‘Take your bill. Sit down quickly and change it to 450 gallons.’

7“Then he asked the second one, ‘And how much do you owe?’

“ ‘I owe 1,000 bushels of wheat,’ he replied.

“The manager told him, ‘Take your bill and change it to 800 bushels.’

8“The manager had not been honest. But the master praised him for being clever. The people of this world are clever in dealing with those who are like themselves. They are more clever than God’s people. 9I tell you, use the riches of this world to help others. In that way, you will make friends for yourselves. Then when your riches are gone, you will be welcomed into your eternal home in heaven.

10“Suppose you can be trusted with something very little. Then you can also be trusted with something very large. But suppose you are not honest with something very little. Then you will also not be honest with something very large. 11Suppose you have not been worthy of trust in handling worldly wealth. Then who will trust you with true riches? 12Suppose you have not been worthy of trust in handling someone else’s property. Then who will give you property of your own?

13“No one can serve two masters at the same time. Either you will hate one of them and love the other. Or you will be faithful to one and dislike the other. You can’t serve God and money at the same time.”

14The Pharisees loved money. They heard all that Jesus said and made fun of him. 15Jesus said to them, “You try to make yourselves look good in the eyes of other people. But God knows your hearts. What people think is worth a lot is hated by God.

More Teachings

16“The teachings of the Law and the Prophets were preached until John the Baptist came. Since then, the good news of God’s kingdom is being preached. And everyone is trying very hard to enter it. 17It is easier for heaven and earth to disappear than for the smallest part of a letter to drop out of the Law.

18“Anyone who divorces his wife and marries another woman commits adultery. Also, the man who marries a divorced woman commits adultery.

The Rich Man and Lazarus

19“Once there was a rich man. He was dressed in purple cloth and fine linen. He lived an easy life every day. 20A man named Lazarus was placed at his gate. Lazarus was a beggar. His body was covered with sores. 21Even dogs came and licked his sores. All he wanted was to eat what fell from the rich man’s table.

22“The time came when the beggar died. The angels carried him to Abraham’s side. The rich man also died and was buried. 23In the place of the dead, the rich man was suffering terribly. He looked up and saw Abraham far away. Lazarus was by his side. 24So the rich man called out, ‘Father Abraham! Have pity on me! Send Lazarus to dip the tip of his finger in water. Then he can cool my tongue with it. I am in terrible pain in this fire.’

25“But Abraham replied, ‘Son, remember what happened in your lifetime. You received your good things. Lazarus received bad things. Now he is comforted here, and you are in terrible pain. 26Besides, a wide space has been placed between us and you. So those who want to go from here to you can’t go. And no one can cross over from there to us.’

27“The rich man answered, ‘Then I beg you, father Abraham. Send Lazarus to my family. 28I have five brothers. Let Lazarus warn them. Then they will not come to this place of terrible suffering.’

29“Abraham replied, ‘They have the teachings of Moses and the Prophets. Let your brothers listen to them.’

30“ ‘No, father Abraham,’ he said. ‘But if someone from the dead goes to them, they will turn away from their sins.’

31“Abraham said to him, ‘They do not listen to Moses and the Prophets. So they will not be convinced even if someone rises from the dead.’ ”