Luka 14 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 14:1-35

Yesu Wɔ Farisini Bi Fi

1Homeda bi, Farisini panyin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidi no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ nea Yesu bɛyɛ. 2Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhon. 3Yesu bisaa Farisifo no ne mmaranimfo a na wɔwɔ hɔ no se, “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yare homeda ana?” 4Wɔammua no. Enti Yesu soo ɔyarefo no mu saa no yare, gyaa no kwan.

5Yesu bisaa wɔn a wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa se, “Mo mu hena na sɛ nʼafurum tɔ abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?” 6Nanso wɔantumi ammua no.

7Afei Yesu huu sɛ nnipa a wɔfrɛɛ wɔn baa adidi no ase no mu biara pɛ sɛ ɔtena mpanyin tenabea no, obuu wɔn bɛ bi se, 8“Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ aponto ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanyin tenabea, efisɛ ebia na wato nsa afrɛ onipa titiriw bi a ɔsen wo. 9Sɛ ɛba saa a, nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no betu wo afi akongua a wote so no so de ama nea ɔsen wo no na wode aniwu akɔtena akyi baabi. 10Enti sɛ obi hyia wo kɔ aponto ase a, kɔtena akyi baabi na sɛ nea ohyiaa wo no behu wo a, waka akyerɛ wo se, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanyin tenabea.’ 11Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

12Afei Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no se, “Sɛ woto pon a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafo ne asikafo a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a na wonyɛɛ hwee ɛ. 13Na sɛ woto pon a hyia ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo. 14Esiane sɛ wɔrentumi nyɛ saa bi mma wo no nti, da a atreneefo bɛsɔre afi awufo mu no, Onyankopɔn behyira wo.”

Aponto Kɛse No Ho Bɛ

15Wɔn a wɔte adidii no mu baako tee nea Yesu kae no; ɔkae se, “Nhyira nka nea obedidi wɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”

16Yesu buaa no se, “Da bi, ɔbarima bi too pon kɛse hyiaa nnipa bebree. 17Bere soe no, ɔnam tumi so somaa ne somfo bi se ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no se wɔmmra.

18“Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho ano. Nea odi kan no yii ne ho ano se, ‘Matɔ asase a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’

19“Na ɔfoforo nso yii ne ho ano se, ‘Matɔ anantwi du a mede wɔn bɛyɛ mʼafuw a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’

20“Ɔfoforo bi nso yii ne ho ano se, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’

21“Ɔsomfo no san bɛbɔɔ ne wura no amanneɛ no, ɔde abufuw somaa no bio se, ‘Ka wo ho kɔ mmɔnten so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye sɛ wɔmmra.’

22“Ɔsomfo no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no bae, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.

23“Ɛno nti owura no san somaa no se, ‘Kɔ akwan so ne mfikyiri na frɛ obiara a wubehu no no se, mato pon, enti wɔmmra. 24Na merema woate ase sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduan yi bi bɛka nʼano da biara da.’ ”

Yesu Akyidi

25Da bi a na nkurɔfo akuwakuw bi di Yesu akyi no, ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, 26“Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sen nʼawofo, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a ɔrentumi nyɛ me suani. 27Obiara a odi mʼakyi na ontumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.

28“Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bewie? 29Anyɛ saa na ofi ɔdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wohu no nyinaa bɛserew no, 30aka se, ‘Onipa yi fii ase sɛ ɔresi dan, nanso wantumi anwie.’

31“Anaasɛ ɔhene bɛn na okura asraafo mpem du na ɔrekohyia ɔsahene foforo a okura asraafo mpem aduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono? 32Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforo no bɛbɛn no no, otu abɔfo kohu no se, ɔmma wonsiesie wɔn ntam na asomdwoe mmra. 33Ɛno nti obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.

34“Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio? 35So nni mfaso mma biribiara. Wɔbɛtow agu.

“Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 14:1-35

Yesu Sa Yadeɛ Homeda

1Homeda bi, Farisini panin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidie no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ deɛ Yesu bɛyɛ. 2Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhono. 3Yesu bisaa Farisifoɔ no ne mmaranimfoɔ a na wɔwɔ hɔ no sɛ, “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa?” 4Wɔammua no. Enti, Yesu sɔɔ ɔyarefoɔ no mu saa no yadeɛ, gyaa no kwan.

5Yesu bisaa wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Mo mu hwan na sɛ nʼafunumu tɔ abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?” 6Nanso, wɔantumi ammua no.

7Afei, Yesu hunuu sɛ, nnipa a wɔfrɛɛ wɔn adidi no ase no mu biara pɛɛ sɛ ɔtena mpanin tenabea no, ɔbuu wɔn bɛ bi sɛ, 8“Sɛ obi to nsa frɛ wo apontoɔ ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanin tenabea, ɛfiri sɛ, ebia na wato nsa afrɛ onipa titire bi a ɔsene wo. 9Sɛ ɛba saa a, deɛ ɔtoo nsa frɛɛ wo no bɛtu wo afiri akonnwa a wote so no so de ama deɛ ɔsene wo no na wode aniwuo akɔtena akyire baabi. 10Enti, sɛ obi hyia wo apontoɔ ase a, kɔtena akyire baabi na sɛ deɛ ɔhyiaa wo no bɛhunu wo a, waka akyerɛ wo sɛ, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanin tenabea.’ 11Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

12Afei, Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no sɛ, “Sɛ woto ɛpono a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafoɔ ne asikafoɔ a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a, wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a, na wonyɛɛ hwee. 13Na sɛ woto ɛpono a, hyia ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye ne anifirafoɔ. 14Esiane sɛ wɔntumi nyɛ saa bi mma wo no enti, ɛda a ateneneefoɔ bɛsɔre afiri awufoɔ mu no, Onyankopɔn bɛhyira wo.”

Apontoɔ Kɛseɛ Bi Ho Ɛbɛ

15Wɔn a wɔte adidiiɛ no mu baako tee deɛ Yesu kaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Nhyira nka deɛ ɔbɛdidi wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”

16Yesu buaa no sɛ, “Ɛda bi ɔbarima bi too ɛpono kɛseɛ hyiaa nnipa bebree. 17Adidi berɛ duruiɛ no, ɔsomaa ne ɔsomfoɔ bi sɛ ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ wɔmmra.

18“Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho wɔn ho ano. Deɛ ɔdi ɛkan no yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ asase a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’

19“Na ɔfoforɔ nso yii ne ho ano sɛ, ‘Matɔ anantwie edu a mede wɔn bɛyɛ mʼafuo a ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’

20“Ɔfoforɔ bi nso yii ne ho ano sɛ, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’

21“Ɔsomfoɔ no sane bɛbɔɔ ne wura no amaneɛ no, ɔde abufuo somaa no bio sɛ, ‘Ka wo ho kɔ mmɔntene so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, anifirafoɔ ne mpakye sɛ wɔmmra.’

22“Ɔsomfoɔ no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no baeɛ, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.

23“Ɛno enti, owura no sane somaa no sɛ, ‘Kɔ akwan so ne mfikyire na frɛ obiara a wobɛhunu no no sɛ, mato ɛpono, enti wɔmmra. 24Na merema woate aseɛ sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduane yi bi bɛka nʼano da biara da.’ ”

Yesu Akyiridie

25Ɛda bi a na nkurɔfoɔ akuakuo bi di Yesu akyi no, ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 26“Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sene nʼawofoɔ, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani. 27Obiara a ɔdi mʼakyi na ɔntumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.

28“Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bɛwie? 29Anyɛ saa na ɔhyɛ ɛdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wɔhunu no nyinaa bɛsere no, 30aka sɛ, ‘Onipa yi hyɛɛ aseɛ sɛ ɔresi ɛdan, nanso wantumi anwie’.

31“Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔkura asraafoɔ ɔpedu na ɔrekɔhyia ɔsahene foforɔ a ɔkura asraafoɔ ɔpeduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono? 32Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforɔ no bɛbɛn no no, ɔtu abɔfoɔ kɔhunu no sɛ, ɔmma wɔnsiesie wɔn ntam na asomdwoeɛ mmra. 33Ɛno enti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.

34“Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio? 35Ɛho nni mfasoɔ mma biribiara. Wɔbɛto agu.

“Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”