Luka 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 1:1-80

Hann A Ɛwɔ Sum Mu

1Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden akyerɛw Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no. 2Wɔkyerɛw faa nsɛm a wɔaka akyerɛ yɛn a nnipa a wohuu saa nneɛma yi fi mfiase no nam so daa no adi no ho. 3Nanso minyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ nea wɔakyerɛw no nyinaa mu yiye na mekyerɛw brɛ wo a, eye. 4Eyi bɛboa wo ma woahu nokware a ɛwɔ nea woasua no nyinaa mu.

Osuboni Yohane Awo Ho Nkɔmhyɛ

5Mede mʼasɛm no befi Yudafo sɔfo Sakaria a ɔtenaa ase wɔ Yudeahene Herode bere so a na ofi Abia asɔfokuw mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni. 6Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokware mu a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim. 7Na wonni ɔba, efisɛ na Elisabet yɛ obonin. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyin.

8Da bi a eduu Sakaria asɔfokuw so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no, 9wɔtow aba yii no sɛ, ɔnkɔhyew aduhuam wɔ ɔhyew afɔremuka no so. 10Saa bere no ara nso na asafo no rebɔ mpae wɔ adiwo hɔ sɛnea wɔtaa yɛ no.

11Sakaria gu so rehyew aduhuam no, prɛko pɛ, Awurade bɔfo begyinaa afɔremuka no nkyɛn mu wɔ nifa so. 12Sakaria huu no no, ɔbɔɔ piriw na ne ho popoe. 13Nanso ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane. 14Nʼawo bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛw wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye. 15Ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Awurade anim. Ɔrennom nsa biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afi ne na yam. 16Israelfo pii nam nʼasɛnka so benya adwensakra asan aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn. 17Obenya Odiyifo Elia honhom ahoɔden no bi, na obedi Agyenkwa no ba no anim abesiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma ntease aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdan Awurade asɛm no ho asoɔdenfo adwene akɔ Awurade pɛ ho.”

18Sakaria buaa ɔbɔfo no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu? Mabɔ akwakoraa na me yere nso abɔ aberewa.”

19Ɔbɔfo no kae se, “Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo. 20Esiane sɛ woagye akyinnye nti, wobɛtɔ mum akosi sɛ wɔbɛwo abofra no. Na nea maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne bere a ɛsɛ mu.”

21Saa bere yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba.1.21 Na nnipa no retwɛn sɛ Sakaria befi Kronkronbea hɔ aba na wabɛma wɔn Aaron nhyira (4 Mose 6.24-26). Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ saa. 22Bere a ɔbae no, wantumi ankasa ankyerɛ asafomma no. Wohu fii ne nneyɛe mu sɛ wahu nʼani so ade wɔ asɔredan mu hɔ.

23Owiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ fie. 24Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee, na ɔde ne ho siee asram anum. 25Ɔde anigye kae se, “Awurade ayɛ me adɔe. Wayi animguase a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afi me so.”

Yesu Awo Ho Nkɔmhyɛ

26Elisabet nyinsɛn asram asia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase 27se, ɔnkɔ ɔbea kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ofi Ɔhene Dawid abusua mu no aware no nkyɛn. 28Gabriel huu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no se, “Asomdwoe nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”

29Ɔbɔfo no asɛm no maa Maria adwene mu yɛɛ no nnaa ma obisaa ne ho se, “Na saa nkyia yi ase ne dɛn?” 30Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, “Maria, nsuro, efisɛ Awurade adom wo. 31Tie! Ɛrenkyɛ biara wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. 32Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nena Dawid ahengua no bɛma no. 33Na obedi Yakob fi so hene daa; na nʼahenni to rentwa da.”

34Maria bisaa ɔbɔfo no se, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ bere a ɔbarima nhuu me da?”

35Ɔbɔfo no buae se, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Nyankopɔn tumi abɛkata wo so, eyi nti abofra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba. 36Ɛbɛyɛ asram asia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonin anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewabere mu. 37Efisɛ Onyankopɔn de, biribiara nso no yɛ.”

38Maria kae se, “Me de, meyɛ Awurade afenaa. Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Afei, ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe.

Maria Kɔsra Elisabet

39Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔw so kurow bi mu. 40Saa kurow no mu na Sakaria te. Oduu kurow no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria fi kɔsraa Elisabet. Okyiaa no. 41Elisabet tee Maria nkyia no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amono mu hɔ ara na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma. 42Elisabet de ahosɛpɛw teɛɛ mu se, “Maria, wɔahyira wo sen mmea nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛse. 43Anuonyam bɛn na ɛsen eyi. Me sɛɛ ne hena a anka mʼAwurade bɛba abɛsra me? 44Wukyiaa me pɛ, na abofra no de anigye kekaa ne ho. 45Nhyira nka wo sɛ wugye dii sɛ nea Onyankopɔn aka no ɔbɛyɛ; ɛno nti na wɔadom wo yi.”

Maria Ayeyi Dwom

46Maria kae se,

“Me kra kamfo Awurade.

47Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Nyankopɔn mu;

48efisɛ wahu nʼafenaa mmɔborɔni mmɔbɔ,

na efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nea Onyankopɔn ahyira no.

49Efisɛ Ɔkronkronni Tumfo no ayɛ ade kɛse ama me;

50nʼahummɔbɔ fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso

ma wɔn a wosuro no na wodi no ni no nyinaa.

51Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no

abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete.

52Watu abirɛmpɔn ade so

ama ahobrɛasefo so.

53Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa

na wagya ahonyafo kwan nsapan.

54Waboa nʼakoa Israel

na ne werɛ amfi ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ

55a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefo no da.”

56Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa ansa na ɔresan akɔ ne kurom.

Osuboni Yohane Awo

57Elisabet awo duu so no, ɔwoo ɔbabarima. 58Nʼafipamfo ne nʼabusuafo tee adɔe a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigye dii ahurusi.

59Eduu nnaawɔtwe no, abusuafo ne adɔfo behyiaa sɛ wɔrebetwa abofra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abofra no to nʼagya Sakaria. 60Nanso ne na kae se, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”

61Wɔka kyerɛɛ no se, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”

62Eyi ma wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa nʼagya, din a wɔmfa nto abofra no. 63Sakaria ma wɔde krataa brɛɛ no na ɔkyerɛw so se, “Ne din de Yohane.” Eyi yɛɛ wɔn nyinaa nwonwa. 64Amono mu hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ofii ase yii Onyankopɔn ayɛ. 65Wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na saa asɛm yi trɛw faa Yudea mmepɔw so hɔ nyinaa. 66Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho se, “Ɛno de, na dɛn na abofra yi rebenyin ayɛ? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”

Sakaria Nkɔmhyɛ

67Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm se,

68“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn,

sɛ waba abegye ne manfo.

69Ɔde Agyenkwa Tumfo a ɔyɛ ne somfo Dawid aseni rebrɛ yɛn,

70sɛnea ɔnam nʼadiyifo akronkron so fii teteete hyɛɛ bɔ

71sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a obegye yɛn afi yɛn atamfo

ne wɔn a wokyi yɛn no nsam no,

72sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ

na wakae nʼapam kronkron no,

73ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham no:

74sɛ obegye yɛn afi yɛn atamfo nsam no,

na yɛasom no a osuro biara nni mu.

75Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne atreneefo wɔ nʼanim.

76“Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifo

efisɛ wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no,

77na wobɛkyerɛ ne manfo kwan a

wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a enni awiei;

78na eyinom nyinaa bɛba mu efisɛ

Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,

79na ɛbɛma hann a efi ɔsoro abepue yɛn so

ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owu sum mu no so,

na akyerɛ yɛn kwan akɔ asomdwoe mu.”

80Abofra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa sare so kosii bere a ofii nʼasɛnka adwuma ase.

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 1:1-80

Hann A Ɛwɔ Esum Mu

1Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden atwerɛ Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no. 2Wɔtwerɛɛ sɛdeɛ nnipa a wɔhunuu saa nneɛma yi firi ahyɛaseɛ no daa no adi kyerɛɛ wɔn. 3Nanso, menyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ deɛ wɔatwerɛ no nyinaa mu yie na metwerɛ brɛ wo a, ɛyɛ. 4Yei bɛboa wo ma woahunu nokorɛ a ɛwɔ deɛ woasua no nyinaa mu.

Yohane Awoɔ Ho Nkɔmhyɛ

5Mede mʼasɛm no bɛfiri Yudafoɔ ɔsɔfoɔ Sakaria a ɔtenaa ase Yudeahene Herode berɛ so a na ɔfiri Abia asɔfokuo mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni. 6Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokorɛm a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim. 7Na wɔnni ba, ɛfiri sɛ, na Elisabet yɛ obonini. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyini.

8Ɛda bi a ɛduruu Sakaria asɔfokuo so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no, 9wɔtoo aba yii no sɛ, ɔnkɔhye aduhwam wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so. 10Saa ɛberɛ yi ara nso na asafo no rebɔ mpaeɛ wɔ adihɔ hɔ sɛdeɛ wɔtaa yɛ no.

11Sakaria gu so rehye aduhwam no, prɛko pɛ, Awurade ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afɔrebukyia no nkyɛn mu wɔ nifa so. 12Sakaria hunuu no no, ɔbɔɔ birim na ne ho popoeɛ. 13Nanso, ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakaria, nsuro, Awurade Onyankopɔn ate wo mpaeɛbɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane. 14Nʼawoɔ bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛ wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye. 15Ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim. Ɔrennom nsã biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afiri ne maame yam. 16Israelfoɔ pii nam nʼasɛnka so bɛnya adwensakyera asane aba Awurade, wɔn Onyankopɔn, nkyɛn. 17Ɔbɛnya Odiyifoɔ Elia honhom ahoɔden no bi, na ɔbɛdi Agyenkwa no ba no anim abɛsiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma nteaseɛ aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdane Awurade asɛm no ho asoɔdenfoɔ adwene akɔ Awurade pɛ ho.”

18Sakaria buaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu? Mabɔ akɔkoraa na me yere nso abɔ aberewa.”

19Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mene Gabriel a megyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo. 20Esiane sɛ woagye akyinnyeɛ enti, wobɛtɔ mumu kɔsi sɛ wɔbɛwo abɔfra no. Na deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne berɛ a ɛsɛ mu.”

21Saa ɛberɛ yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛ saa. 22Ɛberɛ a ɔbaeɛ no, wantumi ankasa ankyerɛ asafo mma no. Wɔhunu firii ne nneyɛeɛ mu sɛ wahunu nʼani so adeɛ wɔ asɔredan mu hɔ.

23Ɔwiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ efie. 24Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siee abosome enum. 25Ɔde anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade ayɛ me adɔeɛ. Wayi animguaseɛ a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afiri me so.”

Yesu Awoɔ Ho Nkɔmhyɛ

26Elisabet nyinsɛnee abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase 27sɛ, ɔnkɔ ɔbaa kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ɔfiri Ɔhene Dawid abusua mu no awadeɛ no nkyɛn. 28Gabriel hunuu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Asomdwoeɛ nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”

29Ɔbɔfoɔ no asɛm no maa Maria adwenem yɛɛ no nnaa ma ɔbisaa ne ho sɛ, “Na saa nkyea yi, ase ne sɛn?” 30Ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Maria bio sɛ, “Maria, nsuro, ɛfiri sɛ, Awurade adom wo. 31Tie! Ɛrenkyɛre biara wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. 32Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nana Dawid ahennwa no bɛma no. 33Na ɔbɛdi Yakob efie so ɔhene daa; na nʼahennie to rentwa da.”

34Maria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ ɛberɛ a ɔbarima nhunuu me da?”

35Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Onyankopɔn tumi abɛkata wo so, yei enti abɔfra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba. 36Ɛbɛyɛ abosome nsia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonini anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu. 37Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn deɛ, biribiara nso no yɛ.”

38Maria kaa sɛ, “Me deɛ, meyɛ Awurade afenaa. Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Ɛno akyi, ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔeɛ.

Maria Kɔsra Elisabet

39Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔ so kuro bi mu. 40Saa kuro no mu na Sakaria te. Ɔduruu kuro no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria efie kɔsraa Elisabet. Ɔkyeaa no. 41Elisabet tee Maria nkyea no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amonom hɔ ara, Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma. 42Elisabet de ahosɛpɛ teaam sɛ, “Maria, wɔahyira wo sene mmaa nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛseɛ. 43Animuonyam bɛn na ɛsene yei. Me sɛɛ ne hwan a anka mʼAwurade na bɛba abɛsra me? 44Wokyeaa me pɛ, na abɔfra no de anigyeɛ kekaa ne ho. 45Nhyira nka wo sɛ wogye dii sɛ, deɛ Onyankopɔn aka no, ɔbɛyɛ; ɛno enti na wɔadom wo yi.”

Maria Ayɛyie Dwom

46Maria kaa sɛ,

“Me ɔkra kamfo Awurade.

47Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Onyankopɔn mu;

48ɛfiri sɛ, wahunu nʼafenawa mmɔborɔni mmɔbɔ,

na ɛfiri ɛnnɛ, awontoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me deɛ Onyankopɔn ahyira no.

49Ɛfiri sɛ, Ɔkronkronni Otumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me;

50nʼahummɔborɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ

ma wɔn a wɔsuro no na wɔdi no ni no nyinaa.

51Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no

abɔ ahomasofoɔ ne ahantanfoɔ ne wɔn nsusuiɛ apete.

52Watu aberempɔn adeɛ so

ama ahobrɛasefoɔ so.

53Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa

na wagya ahonyafoɔ kwan nsapan.

54Waboa nʼakoa Israel

na ne werɛ amfiri ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ

55a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefoɔ no da.”

56Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa ansa na ɔresane akɔ ne kurom.

Yohane Osubɔni Awoɔ

57Elisabet awoɔ duruu so no, ɔwoo ɔbabarima. 58Nʼafipamfoɔ ne nʼabusuafoɔ tee adɔeɛ a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigyeɛ dii ahurisie.

59Ɛduruu nnawɔtwe no, abusuafoɔ ne adɔfoɔ bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abɔfra no to nʼagya Sakaria. 60Nanso, ne maame kaa sɛ, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”

61Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”

62Yei maa wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bisaa nʼagya din a wɔmfa nto abɔfra no. 63Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, “Ne din de Yohane.” Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. 64Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ɔhyɛɛ aseɛ yii Onyankopɔn ayɛ. 65Wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na saa asɛm yi trɛ faa Yudea mmepɔ so hɔ nyinaa. 66Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na abɔfra yi bɛnyini ayɛ daakye? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”

Sakaria Nkɔmhyɛ

67Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm sɛ,

68“Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn,

sɛ waba abɛgye ne manfoɔ.

69Ɔde Agyenkwa Otumfoɔ a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ Dawid aseni rebrɛ yɛn,

70sɛdeɛ ɔnam nʼadiyifoɔ kronkron so firi teteete hyɛɛ bɔ

71sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ

ne wɔn a wɔkyiri yɛn no nsam no.

72Na wama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom wɔ nʼahummɔborɔ ho no

aba mu na wakae nʼapam kronkron no,

73na wakae nʼapam kronkron a ɔne Abraham pameeɛ no;

74sɛ ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam no,

na yɛasom no a osuro biara nni mu.

75Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne ateneneefoɔ wɔ nʼanim.

76“Na wo, akɔkoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifoɔ,

ɛfiri sɛ, wo na wobɛsiesie ɛkwan ama Agyenkwa no,

77na wobɛkyerɛ ne manfoɔ kwan a

wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a ɛnni awieeɛ;

78na yeinom nyinaa bɛba mu ɛfiri sɛ,

Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,

79na ɛbɛma hann a ɛfiri ɔsoro abɛpue yɛn so

ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owuo sum mu no so,

na akyerɛ yɛn ɛkwan akɔ asomdwoeɛ mu.”

80Abɔfra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa ɛserɛ so kɔsii ɛberɛ a ɔfirii nʼasɛnka adwuma ase.