Kwadwom 4 – AKCB & BPH

Akuapem Twi Contemporary Bible

Kwadwom 4:1-22

1Hwɛ sɛnea sikakɔkɔɔ ayera ne hyerɛn no ni

Sikakɔkɔɔ ankasa na ho abiri saa!

Wɔatoto aboɔdemmo kronkron apete

wɔ abɔnten biara so.

2Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi mu

na anka wɔsom bo sɛ sikakɔkɔɔ no ayɛ,

mprempren wɔfa wɔn sɛ dɔte nkuku,

ɔnwemfo nsa ano adwuma!

3Mpo adompo yi wɔn nufu

ma wɔn mma num,

nanso me nkurɔfo ayɛ atirimɔdenfo

sɛ sohori a ɔwɔ sare so.

4Osukɔm nti, akokoaa tɛkrɛma

fam ne dodo mu;

mmofra no srɛ aduan,

nanso obiara mfa mma wɔn.

5Wɔn a na anka wodi nnuan pa no

ohia buruburoo aka wɔn wɔ mmɔnten so.

Wɔn a wɔde sirikyi tetew wɔn no

mprempren wɔdeda nso a wɔaboa ano so.

6Me nkurɔfo asotwe

so sen Sodom a

wotuu wɔn mpofirim no,

a wɔannya ɔboafo biara de.

7Na wɔn ahenemma ho twa sen sukyerɛmma,

na wɔnan sen nufusu,

na wɔn nipadua no bere, na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa,

na wɔte sɛ hoabo.

8Nanso mprempren de, wobiri sen wusiw bɔtɔ;

na wonhu wɔn yiye wɔ mmɔnten so.

Wɔn were atwintwam wɔ wɔn nnompe so;

ho awo wosee sɛ abaa.

9Wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ye koraa

sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn;

ɔkɔm tware wɔn ma wowuwu,

esiane aduan a enni mfuw so nti.

10Mmea a wɔwɔ ayamhyehye

de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,

ayɛ wɔn aduan,

bere a wɔsɛee me nkurɔfo no.

11Awurade ada nʼabufuwhyew nyinaa adi;

wahwie nʼabufuw a ano yɛ den no.

Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion

ma ɛhyew ne fapem.

12Asase so ahemfo annye anni,

wiase mu nnipa nso annye anni

sɛ atamfo betumi ahyɛn

Yerusalem apon mu.

13Nanso esii, nʼadiyifo no bɔne

ne nʼasɔfo amumɔyɛ nti,

wɔn na wohwiee atreneefo mogya

guu wɔ kuropɔn no mu.

14Afei wɔkeka wɔ mmɔnten so

te sɛ nnipa a wɔn ani afura.

Mogya a ama wɔn ho agu fi no nti

obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntade.

15Nnipa teɛteɛɛ mu gu wɔn so se, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho ntew!”

“Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.”

Sɛ woguan kɔnenam a

amanaman no mu nnipa ka se,

“Wɔrentumi ntena ha bio.”

16Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;

nʼani nni wɔn so bio.

Wɔmmfa nidi mma asɔfo,

na wɔn ani nsɔ mpanyimfo.

17Nea ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,

yɛpɛɛ sɛ yebenya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;

yefi yɛn abantenten so de yɛn ani too

ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.

18Nnipa dii yɛn ntɛntɛnso wɔ yɛn anammɔntu mu,

enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so.

Yɛn awiei bɛnee, na wɔkan yɛn nna,

efisɛ na yɛn awiei adu so.

19Yɛn ataafo ho yɛ hare

sen akɔre a wɔwɔ wim;

wɔtaa yɛn faa mmepɔw so

na wɔtɛw yɛn wɔ sare so.

20Nea Awurade asra no ngo, yɛn nkwa home ankasa no,

kɔtɔɔ wɔn mfiri mu.

Yegye dii sɛ ne nwini ase,

yebenya nkwa wɔ amanaman no mu.

21Di ahurusi na ma wʼani nnye, Edom Babea,

wo a wote Us asase so.

Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;

wobɛbow na wɔabɔ wo adagyaw.

22Ɔbabea Sion, wʼasotwe bɛba awiei;

ɔremma wo nkɔ so ntena nnommum mu.

Nanso Ɔbabea Edom, obetua wo bɔne so ka

na wada wʼamumɔyɛ adi.

Bibelen på hverdagsdansk

Klagesangene 4:1-22

Hungersnødens gru

1Ak, Jerusalems guldklumper har mistet deres herlighed.

Hendes hellige øjestene ligger og vansmægter på hvert gadehjørne.

2Byens befolkning var deres vægt værd i guld,

men nu ligger de som værdiløse lerkar, en pottemagers værk.

3De vilde sjakaler giver deres unger die,

men mit folks mødre er følelseskolde som ørkenens strudse.

4Ethvert spædbarn skriger af tørst med tungen klæbende til ganen.

Småbørn tigger om mad, men ingen har noget at give.

5Folk, som var vant til festmiddage, er nu ved at forgå af sult.

De, som levede i luksus, roder nu efter føde i rendestenen.

6Går det ikke mit folk værre end Sodomas indbyggere?

De døde dog på et øjeblik ved Herrens direkte indgreb.

7Hendes fyrster havde hud som silke og struttede af sundhed,

deres ansigter var rødmossede og håret skinnede så smukt.

8Ingen ville kunne genkende dem nu, hvis de mødte dem på gaden,

for de er det rene skind og ben med ansigter sorte som sod.

9Ja, hellere dræbes af sværdet, end at dø langsomt af sult,

fordi madforsyninger ikke kan komme ind i byen.

10Kan man forestille sig, hvad der sker med en kærlig mor,

som tvinges til at koge og spise sine børn for at overleve?

11Landet er lamslået over Herrens forfærdelige vrede.

Jerusalem er ødelagt og brændt ned til grunden.

12Man mente ikke, det kunne lade sig gøre at indtage Jerusalem.

Ingen af jordens konger troede, det var muligt.

13Nedsablingen skete, fordi profeter og præster havde syndet.

De havde myrdet uskyldige folk midt i Herrens hellige by.

14Overalt i byen raver folk rundt i blinde.

De kan ikke undgå at røre ved blod, og derfor er de urene.

15„Pas på!” advarer folk hinanden, „der kommer en uren!”

Flygter de, siger de fremmede folkeslag: „Her kan I ikke bo!”

16Respekt for præsterne og landets ledere hører fortiden til,

for Herren har slået hånden af dem og spredt dem for alle vinde.

17Skildvagterne stod og spejdede efter hjælp, men forgæves.

Ingen af vores allierede havde magt til at redde os.

18Tidspunktet nærmede sig, hvor alt var forbi.

Vi kunne ikke gå ud på gaden af frygt for at blive dræbt.

19Uden at vise nåde kastede fjenderne sig over os som gribbe.

De forfulgte os i bjergene og lå på lur efter os i ørkenen.

20Vores egen konge, Herrens udvalgte, gik lige i deres fælde,

han, som vi troede kunne beskytte os fra enhver fjende.

21Østpå glæder I jer, Edoms folk, for denne gang var det ikke jer, der blev ramt.

Men en dag skal også I drikke Herrens vredes vin, så I mister besindelsen.

22Åh, Jerusalem, din straf var hård, men en dag bliver du genoprettet.

Edoms folk, derimod, vil blive straffet, fordi de svigtede os.