Kolosefo 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Kolosefo 2:1-23

1Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wonhuu me da no hu aperepere dennen a meredi wɔ wɔn ho. 2Me botae ne sɛ wobenya nkuranhyɛ wɔ wɔn koma mu, na wɔatena ase ɔdɔ mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ntease a ewie pɛyɛ. Na wobehu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no. 3Ɔno so na wɔnam hu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene. 4Meka kyerɛ mo se mommma obiara mfa akyinnyehunu nnaadaa mo. 5Ɛwɔ mu sɛ minni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam de, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidi so aka mo ho abɔ mu gyina hɔ pintinn.

Kristo Mu Asetena

6Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura nti, mo ne no mmom ntena. 7Munnye ntin na munyin wɔ ne mu; na mo gyidi mu nyɛ den daa, sɛnea wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase.

8Monhwɛ yiye na obi amfa ne nnaadaa a efi nnipa nkyerɛkyerɛ ne wiase ahonhom mu a emfi Kristo no amfa mo nnommum.

9Efisɛ Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo nipadua mu, 10na mo nso Kristo ahyɛ mo ma, na tumidi ne mpanyinni biara hyɛ Kristo ase. 11Mo ne no ka bɔɔ mu no, wotwaa mo twetia a ɛnyɛ nnipa na wotwaa mo, na mmom ɛyɛ Kristo no ankasa na otwaa mo twetia de twee mo fii nipadua a ɛho ntew no tumi ase. 12Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Afei wonyan mo ne no fii awufo mu, efisɛ na mowɔ gyidi wɔ Onyankopɔn tumi a enyan Kristo fii awufo mu no mu.

13Esiane mo bɔne nti, bere bi a atwam no na moyɛ honhom mu awufo ne amanamanmufo a munni Mmara. Nanso afei Onyankopɔn anyan yɛn ne Kristo. Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne akyɛ yɛn. 14Onyankopɔn pepaa yɛn mmarato; na ɔde ne nyinaa kɔɔ asennua so kɔbɔɔ no asennua mu. 15Ɛhɔ na Kristo dii mpanyinni ne tumidi nyinaa so. Ɔmaa wiase nyinaa huu sɛnea ɔfaa wɔn sɛ nneduafo, bere a ɔhyɛɛ ne nkonimdi ho fa no.

16Enti mommma obiara nhyehyɛ mmara a ɛfa nea mudi anaa nea monom, nna kronkron anaa ɔsram foforo afahyɛ anaa nea ɛfa homenna ho mmma mo. 17Saa nneɛma no nyinaa yɛ daakye mu nsɛm sunsuma. Kristo ne hann no. 18Mommma nnipa a wɔboa pa brɛ wɔn ho ase anaa wɔsom abɔfo nnaadaa mo; wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔanya anisoadehu. Saa ahantanfo yi wɔ anifere su. 19Saa nnipa yi nyɛ Kristo a ɔyɛ nipadua no nyinaa ti no de bio. Kristo na ɔma nipadua no ahoɔden na ɔka nipadua no akwaa nyinaa bɔ mu ma enyin sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ enyin no.

20Mo ne Kristo awu nti moatew mo ho afi ahonhom a wodi wiase so no ho. Adɛn nti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa wiase no ase? Adɛn nti na mudi saa mmara a ese, 21“Munnso eyi mu!” “Munnni eyi!” “Mommfa mo nsa nka!” no so? 22Saa mmara ahorow yi a ne dwumadi bɛsɛe no nyinaa yɛ nea egyina nnipa ahyɛde ne ne nkyerɛkyerɛ huhuw bi so. 23Ayɛ sɛ saa Mmara yi sodi ye pa ara, na ɛma wodɔ Onyankopɔn, anaasɛ ɛma wobrɛ wo ho ase ma wohyɛ wo ho so. Nanso saa mmara yi nni tumi biara wɔ onipa akɔnnɔ bɔne so.

Asante Twi Contemporary Bible

Kolosefoɔ 2:1-23

1Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wɔnhunuu me da no hunu aperepereɛ denden a meredi wɔ wɔn ho. 2Me botaeɛ ne sɛ, wɔbɛnya nkuranhyɛ wɔ wɔn akoma mu na wɔatena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya nteaseɛ a ɛwie pɛyɛ. Na wɔbɛhunu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no. 3Ɔno so na wɔnam hunu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene. 4Meka kyerɛ mo sɛ, mommma obiara mfa akyinnyehunu nnaadaa mo. 5Ɛwom sɛ menni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam deɛ, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidie so aka mo ho abom gyina hɔ pintinn.

Kristo Mu Asetena

6Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura enti, mo ne no mmom ntena. 7Monnye nhini wɔ ne mu; momfa mo nkwa nto ne so na mo gyidie mu nyɛ den daa sɛdeɛ wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase.

8Monhwɛ yie na obi amfa ne nnaadaa a ɛfiri nnipa nkyerɛkyerɛ ne ewiase ahonhom mu a ɛmfiri Kristo no amfa mo nnommum.

9Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo onipadua mu, 10na mo nso Kristo ahyɛ mo ma, na tumidie ne mpaninnie biara hyɛ Kristo ase. 11Mo ne no ka bɔɔ mu no, wɔtwaa mo twetia a ɛnyɛ onipa na ɔtwaa mo, na mmom, ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔtwaa mo twetia de tee mo firii onipadua a ɛho nteɛ no tumi ase. 12Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Afei wonyanee mo baa nkwa mu, ɛfiri sɛ na mowɔ gyidie wɔ Onyankopɔn tumi mu a ɛnyanee Kristo firii awufoɔ mu no.

13Esiane mo bɔne enti, ɛberɛ bi a atwam no, na moyɛ honhom mu awufoɔ ne amanamanmufoɔ a monni Mmara. Nanso, afei Onyankopɔn anyane yɛn ne Kristo. Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne akyɛ yɛn. 14Onyankopɔn pepaa yɛn mmarato; na ɔde ne nyinaa kɔɔ asɛnnua so kɔbɔɔ no asɛnnua mu. 15Ɛhɔ na Kristo dii mpaninnie ne tumidie nyinaa so. Ɔmaa ewiase nyinaa hunuu sɛdeɛ ɔfaa wɔn sɛ nneduafoɔ ɛberɛ a ɔhyɛɛ ne nkonimdie ho fa no.

16Enti, mommma obiara nnhyehyɛ mmara a ɛfa deɛ modi anaa monom, deɛ ɛfa nna kronkron anaa deɛ ɛfa asrane foforɔ afahyɛ anaa deɛ ɛfa home nna ho mmma mo. 17Saa nneɛma no nyinaa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ a ɛbɛba no. Kristo ne nokorɛ no. 18Mommma nnipa a wɔboa pa brɛ wɔn ho ase anaa wɔsom abɔfoɔ nnaadaa mo; wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔanya anisoadehunu. Saa ahantanfoɔ yi wɔ anifire su. 19Saa nnipa yi nyɛ Kristo a ɔyɛ onipadua no nyinaa Ti no dea bio. Kristo na ɔma onipadua no ahoɔden na ɔka onipadua no akwaa nyinaa bɔ mu, ma ɛnyini sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛnyini no.

20Mo ne Kristo awu enti, moate mo ho afiri ahonhom a wɔdi ewiase so no ho. Adɛn enti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa ewiase no ase? Adɛn enti na modi saa mmara no a ɛkyerɛ sɛ, 21“Monnsɔ yei mu, monnni yei, mommfa mo nsa nka!” no so? 22Saa mmara ahodoɔ yi nyinaa yɛ nnipa ahyɛdeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa nneɛma a yɛyɛ wɔ asase yi so a daakye ɛbɛtwam. 23Ayɛ sɛ saa Mmara yi so die yɛ pa ara, na ɛma wodɔ Onyankopɔn, anaasɛ ɛma wobrɛ wo ho ase ma wohyɛ wo ho so. Nanso, saa mmara yi nni tumi biara wɔ onipa akɔnnɔ bɔne so.