Hosea 8 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hosea 8:1-14

Israel Betwa Mfɛtɛ Aba

1“Monhyɛn torobɛnto!

Ɔkɔre bi wɔ Awurade fifo so

efisɛ nnipa no abu mʼapam so

na wɔasɔre atia me mmara.

2Afei Israel su frɛ me se,

‘Yɛn Nyankopɔn, yegye wo to mu!’

3Nanso Israel apo nea eye;

ɔtamfo bɛtaa no.

4Wosisi ahemfo a minnim ho hwee,

wɔpaw ahenemma wɔ bere a mempenee so ɛ.

Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho

de sɛe wɔn ankasa ho.

5Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria!

Mʼabufuwhyew reba wɔn so.

Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn?

6Wofi Israel!

Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii;

ɛnyɛ Onyankopɔn!

Wobebubu mu asinasin,

saa Samaria nantwi ba no.

7“Wodua mframa

na wotwa mfɛtɛ.

Awi a egyina hɔ no nni ti;

nti wɔrennya siam mfi mu.

Sɛ ɛsow aduan mpo a,

ahɔho na wobedi.

8Wɔamene Israel;

afei ɔfra aman no mu

te sɛ ade a so nni mfaso biara.8.8 Wɔfaa Israel sɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo (2 Mose 19.5; Amos 3.2). Nanso esiane sɛ ɔde ne ho akɔma aman foforo bi nti, nʼanuonyam pa ma ɔbɛyɛɛ animguaseman maa Onyankopɔn.

9Na wɔakɔ Asiria

te sɛ wuram afurum a ɔno nko ara nenam.

Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfo.

10Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu de,

nanso mɛboaboa wɔn ano.

Wɔn so befi ase atew

wɔ ɔhene kɛse bi nhyɛso ase.

11“Ɛwɔ mu sɛ Efraim sisii afɔremuka bebree a wɔbɔ bɔnefakyɛ afɔre wɔ so de,

ɛno nti abɛyɛ afɔremuka a wɔyɛ bɔne wɔ so.

12Mekyerɛw me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,

nanso wɔfaa no sɛ ananafo ade.

13Wɔde mʼayɛyɛde bɔ afɔre

na wɔwe nam no,

nanso wɔnsɔ Awurade ani.

Afei ɔbɛkae wɔn atirimɔdensɛm

na wɔatwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:

Wɔbɛsan akɔ Misraim.

14Israel werɛ afi ne yɛfo

na wasisi ahemfi akɛseakɛse;

Yuda abɔ nkurow bebree ho ban.

Nanso mɛto ne nkuropɔn mu gya

a ɛbɛhyew wɔn aban.”

New International Version

Hosea 8:1-14

Israel to Reap the Whirlwind

1“Put the trumpet to your lips!

An eagle is over the house of the Lord

because the people have broken my covenant

and rebelled against my law.

2Israel cries out to me,

‘Our God, we acknowledge you!’

3But Israel has rejected what is good;

an enemy will pursue him.

4They set up kings without my consent;

they choose princes without my approval.

With their silver and gold

they make idols for themselves

to their own destruction.

5Samaria, throw out your calf-idol!

My anger burns against them.

How long will they be incapable of purity?

6They are from Israel!

This calf—a metalworker has made it;

it is not God.

It will be broken in pieces,

that calf of Samaria.

7“They sow the wind

and reap the whirlwind.

The stalk has no head;

it will produce no flour.

Were it to yield grain,

foreigners would swallow it up.

8Israel is swallowed up;

now she is among the nations

like something no one wants.

9For they have gone up to Assyria

like a wild donkey wandering alone.

Ephraim has sold herself to lovers.

10Although they have sold themselves among the nations,

I will now gather them together.

They will begin to waste away

under the oppression of the mighty king.

11“Though Ephraim built many altars for sin offerings,

these have become altars for sinning.

12I wrote for them the many things of my law,

but they regarded them as something foreign.

13Though they offer sacrifices as gifts to me,

and though they eat the meat,

the Lord is not pleased with them.

Now he will remember their wickedness

and punish their sins:

They will return to Egypt.

14Israel has forgotten their Maker

and built palaces;

Judah has fortified many towns.

But I will send fire on their cities

that will consume their fortresses.”