Hosea 13 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hosea 13:1-16

Awurade Abufuw A Etia Israel

1Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo;

wɔma no so wɔ Israelman mu.

Nanso Baalsom nti, onyaa afɔbu na owui.

2Afei wɔkɔ so yɛ bɔne ara;

wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho,

nsɛsode no nyinaa no.

Adwumfo no nam nyansakwan so na ayeyɛ.

Wɔka nnipa yi ho asɛm se,

“Wɔde nnipa bɔ afɔre

na wofew nantwimma ahoni ano.”

3Ɛno nti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum

sɛ anɔpa bosu a etu yera,

sɛ ntɛtɛ a ehuw fi awiporowbea

sɛ wusiw a ɛfa mfɛnsere mu kɔ.

4“Nanso mene Awurade wo Nyankopɔn,

a miyii wo fii Misraim.

Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me,

anaa Ogyefo biara sɛ me.

5Mehwɛɛ wo wɔ nweatam so,

asase a so yɛ hyew yiye no so.

6Memaa wɔn aduan no, wodi mee;

wɔmee no, wɔyɛɛ ahantan;

na wɔn werɛ fii me.

7Enti mɛtow ahyɛ wɔn so sɛ gyata,

mɛtɛw wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.

8Mɛtow ahyɛ wɔn so na matetew wɔn mu

te sɛ sisi bi a wɔawia ne mma.

Mɛwe wɔn te sɛ gyata;

wuram aboa besunsuan wɔn mu.

9“Wɔasɛe wo, Israel,

efisɛ woasɔre atia me,

me a meyɛ wo boafo.

10Wo hene wɔ he na wabegye wo?

Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no wɔ he,

wɔn a wokaa faa wɔn ho se,

‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?

11Enti mʼabufuw mu, memaa wo ɔhene,

na mʼanibere mu no, miyii no hɔ.

12Efraim afɔdi no wɔaboaboa ano

wɔakyerɛw ne bɔne agu hɔ.

13Ɔbɛte ɔyaw te sɛ ɔbea a ɔreko awo,

na abofra no nnim nyansa nti;

sɛ bere no du a,

ɔmma awotwaa no ano.

14“Mɛpata agye wɔn afi ɔda tumi mu.

Megye wɔn afi owu nsam.

Owu, wo nwowɔe wɔ he?

Asaman, wo sɛe wɔ he?

“Merennya ayamhyehye biara,

15mpo sɛ ɔyɛ yiye wɔ ne nuanom mu a.

Apuei mframa a efi Awurade hɔ bɛba,

ɛbɛbɔ afi nweatam so;

osu rentɔ asusowbere

na nʼabura bɛyow.

Wɔbɛfom ne koradan mu nneɛma

nea ɛsom bo no nyinaa.

16Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdi to mu,

efisɛ wɔayɛ dɔm atia wɔn Nyankopɔn.

Wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano;

wɔbɛtotow wɔn mmofra ahwehwe fam,

wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hosea 13:1-16

Awurade Abufuo A Ɛtia Israel

1Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo;

wɔpagyaa no wɔ Israelman mu.

Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ.

2Afei, wɔkɔ so yɛ bɔne ara;

wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho,

nsɛsodeɛ no nyinaa no.

Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ.

Wɔka nnipa yi ho asɛm sɛ,

“Wɔde nnipa bɔ afɔdeɛ

na wɔfe anantwie mma ahoni ano.”

3Ɛno enti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum

sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera,

sɛ ntɛtɛ a ehu firi ayuporobea

sɛ wisie a ɛfa mpoma mu kɔ.

4“Nanso mene Awurade wo Onyankopɔn,

a meyii wo firii Misraim.

Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me,

anaa Ɔgyefoɔ biara sɛ me.

5Mehwɛɛ wo wɔ anweatam so,

asase a ɛso yɛ hye yie no so.

6Memaa wɔn aduane no, wɔdi meeɛ;

wɔmeeɛ no, wɔyɛɛ ahantan;

na wɔn werɛ firii me.

7Enti, mɛto ahyɛ wɔn so sɛ gyata,

mɛtɛ wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ.

8Mɛto ahyɛ wɔn so na matete wɔn mu

te sɛ sisire bi a wɔawia ne mma.

Mɛwe wɔn te sɛ gyata;

wiram aboa bɛsunsuan wɔn mu.

9“Wɔasɛe wo, Ao Israel,

ɛfiri sɛ woasɔre atia me,

me a meyɛ wo ɔboafoɔ.

10Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no wɔ he?

Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so wɔ he,

wɔn a wokaa wɔ wɔn ho sɛ,

‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no?

11Enti mʼabufuo mu, memaa wo ɔhene,

na mʼanibereɛ mu no, meyii no hɔ.

12Efraim afɔdie no wɔaboaboa ano

wɔatwerɛ ne bɔne agu hɔ.

13Ɔbɛte ɔyea te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ,

na abɔfra no nnim nyansa nti;

sɛ berɛ no duru a,

ɔmma awotwaa no ano.

14“Mɛpata agye wɔn afiri damena tumi mu.

Mɛgye wɔn afiri owuo nsam.

Owuo wo nwowɔeɛ wɔ he?

Asaman wo sɛeɛ wɔ he?

“Merennya ayamhyehyeɛ,

15mpo sɛ ɔyɛ yie wɔ ne nuanom mu a.

Apueeɛ mframa a ɛfiri Awurade hɔ bɛba,

ɛbɛbɔ afiri anweatam so;

osuo rentɔ osutɔberɛ

na nʼabura bɛwe.

Wɔbɛfom nʼakoradan mu nneɛma

deɛ ɛsom bo no nyinaa.

16Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdie to mu,

ɛfiri sɛ wɔayɛ ɛdɔm atia wɔn Onyankopɔn.

Wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano;

wɔbɛtoto wɔn mmɔfra ahwehwe fam,

wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.”