Hosea 11 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hosea 11:1-12

Onyankopɔn Dɔ A Ɔdɔ Israel

1“Bere a Israel yɛ abofra no, na medɔ no,

na Misraim na mefrɛɛ me babarima fii.

2Nanso mpɛn dodow a mefrɛɛ Israel no,

saa ara na woguan fii me nkyɛn.

Wɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni,

na wɔhyew nnuhuam maa nsɛsode.

3Me na migyigyee Efraim taataa,

turuu wɔn wɔ me basa so;

nanso wɔnkae sɛ

me na mesaa wɔn yare.

4Me de ayamye hama

ne ɔdɔ dii wɔn anim;

miyii konnua no fii wɔn kɔn mu

na mekotow maa wɔn aduan dii.

5“Wɔbɛsan akɔ Misraim,

na Asiria adi wɔn so,

esiane sɛ wɔannu wɔn ho nti.

6Afoa bedi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu

na ɛbɛsɛe wɔn apon akyi adaban

na wɔn nhyehyɛe to betwa.

7Me nkurɔfo asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi me nkyɛn.

Sɛ mpo wosu frɛ me Onyankopɔn Ɔsorosoroni no mpo a

meremma wɔn so ɔkwan biara so.

8“Ɛbɛyɛ dɛn na meyi wo ama, Efraim?

Ɛbɛyɛ dɛn ma meyi wo ama, Israel?

Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?

Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?

Me koma asakra wɔ me mu;

na mʼahummɔbɔ ahwanyan.

9Merenyɛ mʼabufuwhyew so ade,

na merennan me ho nsɛe Efraim bio.

Meyɛ Onyankopɔn na menyɛ onipa.

Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mo mu.

Meremma wɔ abufuw mu.

10Wobedi Awurade akyi.

Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata.

Na sɛ ɔbobɔ mu a,

ne mma de ahopopo befi atɔe aba.

11Wɔde ahopopo bɛba

te sɛ nnomaa a wofi Misraim,

te sɛ mmorɔnoma a wofi Asiria.

Mɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn afi mu,”

sɛnea Awurade se ni.

Israel Bɔne

12Efraim de atoro atwa me ho ahyia,

Israelfi nso wɔde nnaadaa.

Yuda abɔ Onyankopɔn so ko

mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafo no.

Asante Twi Contemporary Bible

Hosea 11:1-12

Onyankopɔn Dɔ A Ɔdɔ Israel

1“Ɛberɛ a Israel yɛ abɔfra no, na me dɔ no,

na Misraim na mefrɛɛ me babarima firiiɛ.

2Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no,

saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn.

Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni,

na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ.

3Me na megyegyee Efraim taataa,

meturu no wɔ mʼabasa so;

nanso, wɔnkae sɛ

me na mesaa wɔn yadeɛ.

4Mede ayamyɛ ahoma

ne ɔdɔ dii wɔn anim;

meyii kɔnnua no firii wɔn kɔn mu

na mekoto maa wɔn aduane diiɛ.

5“Wɔbɛsane akɔ Misraim,

na Asiria adi wɔn so,

ɛsiane sɛ wɔannu wɔn ho enti.

6Akofena bɛdi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu

na ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adaban

na wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa.

7Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn.

Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a

ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so.

8“Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim?

Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel?

Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?

Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?

Mʼakoma asesa wɔ me mu;

na mʼahummɔborɔ ahwanyane.

9Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ,

ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso.

Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa.

Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu.

Meremma wɔ abufuo mu.

10Wɔbɛdi Awurade akyi.

Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata.

Na sɛ ɔbobɔm a,

ne mma de ahopopoɔ bɛfiri atɔeɛ aba.

11Wɔde ahopopoɔ bɛba

te sɛ nnomaa a wɔfiri Misraim

te sɛ mmorɔnoma a wɔfiri Asiria.

Mɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn afie mu,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Israel Bɔne

12Efraim de atorɔ atwa me ho ahyia,

Israel efie nso wɔde nnaadaa.

Yuda abɔ Onyankopɔn so ko

mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafoɔ no.