Hosea 10 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hosea 10:1-15

1Israel yɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw;

ɔsow aba maa ne ho.

Bere a nʼaba redɔɔso no,

osisii afɔremuka bebree;

nʼasase rekɔ so yɛ yiye no

osiesie nʼabosom dum kronkron no.

2Nnaadaasɛm wɔ wɔn koma mu,

nti ɛsɛ sɛ wonya wɔn afɔdi so asotwe.

Awurade bebubu wɔn afɔremuka,

na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.

3Afei, wɔbɛka se, “Yenni ɔhene,

efisɛ, yɛamfa nidi amma Awurade.

Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene koraa a,

dɛn na anka obetumi ayɛ ama yɛn?”

4Wɔhyɛ bɔ ahorow bebree,

wɔka ntamhunu

na wɔyɛ apam ahorow;

ɛno nti mansotwe sɔresɔre

te sɛ wura a bɔre wɔ mu

a afifi asase a wɔafuntum so so.

5Nnipa a wɔte Samaria no suro ma

Bet-Awen nantwi ba ohoni no.

Ne nkurɔfo besu.

Saa ara na nʼakɔmfo nso bɛyɛ,

wɔn a wogyee wɔn ani wɔ nʼanuonyam ho no.

Efisɛ wɔafa no afi wɔn nkyɛn kɔ nnommum mu.

6Wɔde no bɛkɔ Asiria,

de akɔhyɛ ɔhene kɛse no anuonyam.

Ebegu Efraim anim ase;

na Israel ani bewu wɔ ne nnua ahoni ho.

7Samaria na ne hene bɛsen akɔ

te sɛ abaa a ɛtɛn nsu ani.

8Wɔbɛsɛe abosonnan a wodi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no.

Nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi hɔ,

na akata wɔn afɔremuka so.

Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Mommɛkata yɛn so!”

na wase nkoko se, “Munnwiriw ngu yɛn so!”

9“Efi Gibea bere so, woayɛ bɔne, Israel,

na hɔ na woaka.

Na ɔko rentwiw amfa

amumɔyɛfo a wɔwɔ Gibea no so ana?

10Bere a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso;

aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn.

Wɔde mpokyerɛ begu wɔn wɔ wɔn bɔne dodow ho.

11Efraim yɛ nantwi ba a wɔayɛn no,

a ɔpɛ awiporowbea adwuma,

enti mede konnua

bɛto ne kɔn fɛɛfɛ mu.

Mɛkyerɛ Efraim ɔkwan,

ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no,

na Yakob nso siesie so.

12Dua trenee aba ma wo ho,

twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa,

siesie wʼasase a womfuntumii so no;

na bere adu sɛ wohwehwɛ Awurade,

kosi sɛ ɔbɛba

abɛpete trenee agu wo so.

13Nanso woadua atirimɔden aba,

na woatwa aba bɔne.

Woadi nnaadaa aba.

Efisɛ wode wo ho ato wʼahoɔden

ne wʼakofo bebrebe no so,

14ɔko mu huuyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfo,

na wʼaban nyinaa bɛsɛe,

sɛnea Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no,

da a wɔde ɛnanom ne wɔn mma hwehwee fam no.

15Saa ara na ɛbɛba wo so, Bet-El,

efisɛ wʼatirimɔdensɛm no dɔɔso.

Sɛ da no du a,

Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

何西阿書 10:1-15

1以色列是茂盛的葡萄樹,碩果纍纍。

可是,他結果越多,

建造的祭壇就越多;

土地出產越豐富,

他就把神柱裝飾得越美麗。

2他們心懷詭詐,必受懲罰。

耶和華要拆毀他們的祭壇,

打碎他們的神柱。

3那時他們會說:

「我們沒有君王,

因為我們不敬畏耶和華。

君王能為我們做什麼呢?」

4他們說虛話,起假誓,立空盟,

因此不法之事滋長,

猶如田間犁溝中蔓延的毒草。

5撒瑪利亞的居民要因伯·亞文的牛犢偶像而恐懼顫抖;

祭拜它的人要哀傷,

供奉它的祭司要痛哭,

因為它的榮耀將離開他們。

6它要被帶到亞述去,

作為貢物獻給強大的亞述王。

以法蓮因此而受人嘲笑,

以色列因自己的偶像而蒙羞。

7撒瑪利亞和它的君王要被毀滅,

像漂浮在水面上的枯枝一樣消逝。

8亞文10·8 亞文」指伯·亞文,伯·亞文的意思見本卷書4·15節註腳。的邱壇——以色列犯罪之地要被拆毀。

他們的祭壇上要長滿荊棘和蒺藜。

他們要向高山說:「遮蓋我們吧!」

對小丘說:「倒在我們身上吧!」

9耶和華說:

以色列人啊,從基比亞的日子以來,

你們一直不斷地犯罪,從未改變。

難道戰禍沒有臨到基比亞的邪惡之輩嗎?

10我要按自己的心意懲罰你們。

列國要聯合攻擊你們,

懲罰你們的重重罪惡。

11以法蓮本是馴服的母牛犢,喜歡打穀,

現在我要把軛套在牠肥美的頸項上。

我要使猶大耕田,使雅各10·11 雅各」在舊約中常與「以色列」互換使用,有時指以色列人的先祖雅各,有時指以色列民族。本節的以法蓮和雅各都代指北國以色列。耙地。」

12你們要為自己種植公義,

就能收穫慈愛。

現在是尋求耶和華的時候,

你們要犁開剛硬的心田,

等祂來使公義如雨澆灌你們。

13可是,你們種的是邪惡,

收的是不義,

吃的是謊言的果實。

因為你們倚靠自己的力量,

仰仗眾多的勇士。

14因此,戰爭的喧囂將從你們中間傳出,

你們的一切堡壘將被摧毀,

恰如沙勒幔摧毀伯·亞比勒

將城中的母子一同摔死。

15伯特利10·15 伯特利」此處代指以色列人。啊,你罪大惡極,

必將遭遇同樣的下場。

那日來臨時,以色列的王將被徹底消滅。