Hiob 9 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 9:1-35

Hiob Bua Bildad

1Na Hiob kasaa bio se:

2“Yiw, minim sɛ eyi yɛ nokware.

Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani bɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim?

3Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi ano a,

ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.

4Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so.

Hena na ɔne no adi asi na ne ho baabiara anti?

5Otutu mmepɔw a wonnim ho hwee

obubu wɔn fa so wɔ nʼabufuw mu.

6Ɔwosow asase fi ne sibea,

na ɔma ne nnyinaso wosow biribiri.

7Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn,

na ɔsɔw nsoromma hyerɛn ano.

8Ɔno nko ara na ɔtrɛw ɔsoro mu,

na ɔnantew po asorɔkye so.

9Ɔno ne Nyankrɛnte, Akokɔbeatan ne ne mma Yɛfo;

anafo fam nsorommakuw no.

10Ɔyɛ anwonwade a wontumi nte ase,

nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan.

11Sɛ ɔnam me ho a, minhu no;

sɛ ɔsen a, minhu no.

12Sɛ ohwim kɔ a, hena na osiw no kwan?

Hena na obetumi abisa no se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’

13Onyankopɔn nkora nʼabufuw so;

Rahab aboafo mpo ho popo wɔ nʼanim.

14“Na me ne hena a mene no beyiyi ano?

Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de begye akyinnye?

15Sɛ minnim ho hwee mpo a, merentumi nyi nʼano;

ɛno ara ne sɛ mɛsrɛ ahummɔbɔ afi me temmufo nkyɛn.

16Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a,

minnye nni sɛ obetie mʼasɛm.

17Ɔde asorɔkye bɛhwe me

ama mʼapirakuru adɔɔso kwa.

18Ɔremma minnya mʼahome, bio,

ɔde awerɛhow bɛhyɛ me ma tɔ.

19Sɛ ɛyɛ ahoɔden asɛm a, ɔyɛ ɔhoɔdenfo!

Na sɛ ɛba atɛntrenee nso a, hena na ɔne no bedi asi?

20Sɛ midi bem mpo a, mʼano bebu me kumfɔ;

sɛ me ho nni asɛm a, ebebu me fɔ.

21“Ɛwɔ mu sɛ midi bem de,

nanso mimmu me ho;

abrabɔ afono me.

22Ne nyinaa yɛ pɛ; ɛno nti na meka se,

‘Ɔsɛe nea ne ho nni asɛm ne omumɔyɛfo.’

23Bere a amanehunu de owu aba no,

ɔserew nea ne ho nni asɛm no abawpa.

24Bere a asase akɔ amumɔyɛfo nsam no,

ofura ɛso atemmufo ani.

Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?

25“Me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo;

ɛsen kɔ a anigye kakra mpo nni mu.

26Etwa mu kɔ sɛ akorow a wɔde paparɔso ayɛ

te sɛ akɔre a wɔretow akyere wɔn hanam.

27Sɛ meka se, ‘Me werɛ mfi mʼanwiinwii,

mɛsakra me nsɛnka, na maserew a,’

28me yaw ahorow no bɔ me hu ara.

Na minim sɛ, woremmu me bem.

29Woabu me fɔ dedaw nti,

adɛn na ɛsɛ sɛ mehaw me ho kwa?

30Mpo sɛ ɛba sɛ mede samina guare

na mede samina hohoro me nsa ho a,

31wobɛtow me akyene dontori amoa mu,

ama mʼatade mpo akyi me.

32“Ɔnyɛ onipa te sɛ me na mayi nʼano,

na yɛakogyina asennii abobɔ yɛn nkuro.

33Sɛ anka obi wɔ hɔ a obesiesie yɛn ntam

na waka yɛn baanu abɔ mu,

34obi a obeyi Onyankopɔn abaa afi me so,

na nʼahunahuna ammɔ me hu bio.

35Anka mɛkasa a merensuro no,

nanso saa tebea a mewɔ mu yi de, mintumi.

New International Version – UK

Job 9:1-35

Job

1Then Job replied:

2‘Indeed, I know that this is true.

But how can mere mortals prove their innocence before God?

3Though they wished to dispute with him,

they could not answer him once in a thousand times.

4His wisdom is profound, his power is vast.

Who has resisted him and come out unscathed?

5He moves mountains without their knowing it

and overturns them in his anger.

6He shakes the earth from its place

and makes its pillars tremble.

7He speaks to the sun and it does not shine;

he seals off the light of the stars.

8He alone stretches out the heavens

and treads on the waves of the sea.

9He is the Maker of the Bear9:9 Or of Leo and Orion,

the Pleiades and the constellations of the south.

10He performs wonders that cannot be fathomed,

miracles that cannot be counted.

11When he passes me, I cannot see him;

when he goes by, I cannot perceive him.

12If he snatches away, who can stop him?

Who can say to him, “What are you doing?”

13God does not restrain his anger;

even the cohorts of Rahab cowered at his feet.

14‘How then can I dispute with him?

How can I find words to argue with him?

15Though I were innocent, I could not answer him;

I could only plead with my Judge for mercy.

16Even if I summoned him and he responded,

I do not believe he would give me a hearing.

17He would crush me with a storm

and multiply my wounds for no reason.

18He would not let me catch my breath

but would overwhelm me with misery.

19If it is a matter of strength, he is mighty!

And if it is a matter of justice, who can challenge him9:19 See Septuagint; Hebrew me.?

20Even if I were innocent, my mouth would condemn me;

if I were blameless, it would pronounce me guilty.

21‘Although I am blameless,

I have no concern for myself;

I despise my own life.

22It is all the same; that is why I say,

“He destroys both the blameless and the wicked.”

23When a scourge brings sudden death,

he mocks the despair of the innocent.

24When a land falls into the hands of the wicked,

he blindfolds its judges.

If it is not he, then who is it?

25‘My days are swifter than a runner;

they fly away without a glimpse of joy.

26They skim past like boats of papyrus,

like eagles swooping down on their prey.

27If I say, “I will forget my complaint,

I will change my expression, and smile,”

28I still dread all my sufferings,

for I know you will not hold me innocent.

29Since I am already found guilty,

why should I struggle in vain?

30Even if I washed myself with soap

and my hands with cleansing powder,

31you would plunge me into a slime pit

so that even my clothes would detest me.

32‘He is not a mere mortal like me that I might answer him,

that we might confront each other in court.

33If only there were someone to mediate between us,

someone to bring us together,

34someone to remove God’s rod from me,

so that his terror would frighten me no more.

35Then I would speak up without fear of him,

but as it now stands with me, I cannot.