Hiob 8 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 8:1-22

Bildad Asɛnka A Edi Kan

1Na Suhini Bildad buae se:

2“Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akosi da bɛn?

Wo nsɛm yɛ mframa huhuw.

3Onyankopɔn kyea atɛntrenee ana?

Otumfo kyea nea ɛteɛ ana?

4Bere a wo mma yɛɛ bɔne tiaa no no,

ogyaw wɔn maa wɔn bɔne so akatua.

5Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so

na woabɔ Otumfo no mpae,

6sɛ woyɛ kronkron, na woteɛ a,

wo nti, ɔbɛma ne ho so mprempren

na wama wo asi wo dedaw mu.

7Wo mfiase bɛyɛ nkakrankakra

na daakye woanya ama abu so.

8“Bisa awo ntoatoaso a atwa mu no,

na hwehwɛ nea wɔn agyanom hui,

9na wɔwoo yɛn nkyɛe na yennim hwee,

yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsuma.

10Wɔrenkyerɛkyerɛ wo na wɔrenka nkyerɛ wo ana?

Wɔremfi wɔn ntease mu nka nsɛm bi ana?

11So paparɔso betumi anyin akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora?

Demmire betumi afifi baabi a nsu nni ana?

12Bere a ɛrenyin a wontwae no,

ɛhyew ntɛm so sen sare.

13Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no awiei te;

saa ara na wɔn a wonni nyamesu no anidaso nkosi hwee.

14Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden;

nea ɔde ne ho to so no yɛ ananse ntontan.

15Otweri ne ntontan, nanso ɛtetew;

oso mu dennen, nanso ɛnyɛ yie.

16Ɔte sɛ afifide a wogugu so nsu yiye a esi owia mu,

ɛtrɛtrɛw ne mman mu wɔ turo no so;

17Ne ntin nyin fa abotan ho,

na ɛhwehwɛ ɔkwan kɔ abo mu.

18Nanso sɛ wotu fi ne sibea a,

saa beae no nnim no bio na ɛka se, ‘Minhuu wo da.’

19Ampa ara ne nkwa twa mu,

na afifide foforo nyin asase no so.

20“Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm

na ɔnhyɛ amumɔyɛfo nsa mu den.

21Ɔbɛma woaserew bio,

na wode ahosɛpɛw ateɛteɛ mu.

22Wɔde aniwu befura wɔn a wɔtan wo,

na amumɔyɛfo ntamadan bɛsɛe.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 8:1-22

Bildad Asɛnka A Ɛdi Ɛkan

1Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ:

2“Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akɔsi da bɛn?

Wo nsɛm yɛ mframa huhuo.

3Onyankopɔn kyea atɛntenenee anaa?

Otumfoɔ kyea deɛ ɛtene anaa?

4Ɛberɛ a wo mma yɛɛ bɔne tiaa noɔ no,

ɔgyaa wɔn maa wɔn bɔne so akatua.

5Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so

na woabɔ Otumfoɔ no mpaeɛ,

6sɛ woyɛ kronn, na wotene a,

wo enti, ɔbɛma ne ho so seesei

na wama wo asi wo dada mu.

7Wo ahyɛaseɛ bɛyɛ nkakra nkakra

na daakye woanya ama abu so.

8“Bisa awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no,

na hwehwɛ deɛ wɔn agyanom hunuiɛ.

9Na wɔwoo yɛn nkyɛreeɛ na yɛnnim hwee.

Yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsumma.

10Nanso adikanfoɔ no bɛkyerɛkyerɛ wo.

Wɔbɛfiri wɔn nteaseɛ mu akyerɛ wo nyansa.

11Paparɔs bɛtumi anyini akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora?

Demmire bɛtumi afifiri baabi a nsuo nni anaa?

12Ɛberɛ a ɛrenyini a wɔntwaeɛ no,

ɛdwane ntɛm so sene ɛserɛ.

13Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ;

saa na wɔn a wɔnni nyamesu no anidasoɔ nkɔsi hwee.

14Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden;

deɛ ɔde ne ho to soɔ yɛ ananse ntontan.

15Ɔtwere ne ntontan, nanso ɛtete;

ɔsɔ mu denden nanso ɛnyɛ yie.

16Ɔte sɛ afifideɛ a wɔgugu so nsuo yie a ɛsi owia mu.

Ɛtrɛtrɛ ne mman mu wɔ turo no so;

17Ne nhini nyini fa abotan ho,

na ɛhwehwɛ ɛkwan kɔ aboɔ mu.

18Nanso sɛ wɔtu firi ne siberɛ a,

saa beaeɛ no nnim no bio na ɛka sɛ, ‘Menhunuu wo da.’

19Ampa ara ne nkwa twam,

na afifideɛ foforɔ nyini asase no so.

20“Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm

na ɔnhyɛ amumuyɛfoɔ nsa mu dene.

21Ɔbɛma woasere bio,

na wode ahosɛpɛ ateateam.

22Wɔde aniwuo bɛfira wɔn a wɔtan woɔ,

na amumuyɛfoɔ ntomadan bɛsɛe.”