Hiob 7 – AKCB & CST

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 7:1-21

1“Asase so som nyɛ den mma onipa ana?

Ne nkwanna nte sɛ ɔpaani de?

2Sɛnea akoa ani gyina anwummere sunsuma,

anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no,

3saa ara na wɔatwa asram hunu ato me hɔ,

ne anadwo a ɔhaw wɔ mu ama me.

4Sɛ meda a, midwen bisa se, ‘Bere bɛn na ade bɛkye?’

Nanso anadwo twa mu nkakrankakra, na mepere kosi ahemadakye.

5Asunson ne aporɔporɔw afura me nipadua,

me were atetew na ɛrefi nsu.

6“Me nna kɔ ntɛm sen ɔnwemfo akurokurowa,

na ɛkɔ awiei a anidaso biara nni mu.

7Ao, Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ɔhome;

na mʼani renhu anigye bio da.

8Ani a ehu me mprempren no renhu me bio;

mobɛhwehwɛ me, nanso na minni hɔ bio.

9Sɛnea omununkum yera na etu kɔ,

saa ara na nea ɔkɔ ɔda mu no nsan mma bio.

10Ɔrensan mma ne fi da biara da bio;

nʼatenae renkae no bio.

11“Ɛno nti meremmua mʼano;

mifi me honhom ahoyeraw mu akasa,

mefi me kra ɔyaw mu anwiinwii.

12So meyɛ ɛpo anaa aboa kɛse a ɔwɔ bun mu,

na mode me ahyɛ ɔwɛmfo nsa yi?

13Sɛ midwen sɛ minya awerɛkyekye wɔ me mpa so,

na mʼakongua adwudwo mʼanwiinwii ano a,

14ɛno mpo na wode adaeso yi me hu

na wode anisoadehu hunahuna me,

15ɛno nti mepɛ ɔsɛn ne owu,

sen me nipadua yi.

16Mimmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ.

Munnyaa me; na me nna nka hwee.

17“Ɔdesani ne hena a ne ho hia wo sɛɛ,

na wʼani ku ne ho,

18na wohwehwɛ ne mu anɔpa biara

na wosɔ no hwɛ bere biara?

19Worennyi wʼani mfi me so da,

anaasɛ worennyaa me bere tiaa bi mpo ana?

20Sɛ mayɛ bɔne a, dɛn na mayɛ wo,

Ao adesamma so wɛmfo?

Adɛn nti na watu wʼani asi me so?

Mayɛ adesoa ama wo ana?

21Adɛn nti na wonkata me mmarato so

na womfa me bɔne nkyɛ me?

Ɛrenkyɛ biara, mɛda mfutuma mu.

Wobɛhwehwɛ me nanso na minni hɔ bio.”

Nueva Versión Internacional (Castilian)

Job 7:1-21

1»¿No tenemos todos una obligación en este mundo?

¿No son nuestros días como los de un asalariado?

2Como el esclavo que espera con ansias la noche,

como el asalariado que ansioso espera su paga,

3meses enteros he vivido en vano;

¡me han tocado noches de miseria!

4Me acuesto y pienso:

“¿Cuánto falta para que amanezca?”

La noche se me hace interminable;

doy vueltas en la cama hasta el amanecer.

5Tengo el cuerpo cubierto de gusanos y de costras;

¡la piel se me raja y me supura!

6»Mis días se van más veloces que una lanzadera,

y sin esperanza alguna llegan a su fin.

7Recuerda, oh Dios, que mi vida es un suspiro;

que ya no verán mis ojos la felicidad.

8Los ojos que hoy me ven, no me verán mañana;

pondrás en mí tus ojos, pero ya no existiré.

9Como nubes que se diluyen y se pierden,

los que bajan al sepulcro ya no vuelven a subir.

10Nunca más regresan a su casa;

desaparecen de su lugar.

11»Por lo que a mí respecta, no guardaré silencio;

la angustia de mi alma me lleva a hablar,

la amargura en que vivo me obliga a protestar.

12¿Soy acaso el mar, el monstruo del abismo,

para que me pongas bajo vigilancia?

13Cuando pienso que en mi lecho hallaré consuelo

o encontraré alivio a mi queja,

14aun allí me infundes miedo en mis sueños;

¡me aterras con visiones!

15¡Preferiría que me estrangularan

a seguir viviendo en este cuerpo!

16Tengo en poco mi vida; no quiero vivir para siempre.

¡Déjame en paz, que mi vida no tiene sentido!

17»¿Qué es el hombre, que le das tanta importancia,

que tanta atención le concedes,

18que cada mañana lo examinas

y a cada instante lo pones a prueba?

19Aparta de mí la mirada;

¡déjame al menos tragar saliva!

20Si he pecado, ¿en qué te afecta,

vigilante de los mortales?

¿Por qué te ensañas conmigo?

¿Acaso te soy una carga?7:20 ¿Acaso te soy una carga? (LXX, mss. hebreos y una tradición rabínica); Me he vuelto una carga para mí mismo (TM).

21¿Por qué no me perdonas mis pecados?

¿Por qué no pasas por alto mi maldad?

Un poco más, y yaceré en el polvo;

me buscarás, pero habré dejado de existir».