Hiob 5 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 5:1-27

1“Wobɛfrɛ a frɛ, na hena na obegye wo so?

Akronkronfo no mu hena nkyɛn na wobɛkɔ?

2Ahisɛm kum ɔkwasea,

na anibere kum atetekwaa.

3Mʼankasa mahu ɔkwasea a ɔrefefɛw,

nanso mpofirim, wɔdomee ne fi.

4Ne mma ne bammɔ ntam kwan ware,

wɔdwerɛw wɔn wɔ asennii a wonni ɔkamafo.

5Nea ɔkɔm de no no di ne nnɔbae,

na ɔfa fi nsɔe mu mpo,

na nea osukɔm de no no pere di nʼahode akyi.

6Ahokyere mpue mmfi dɔte mu

na ɔhaw nso mfifi mmfi fam.

7Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mu

mpɛn dodow a gyaframa turuw kɔ soro no.

8“Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka meguan atoa Onyankopɔn;

na mede mʼasɛm ato nʼanim.

9Ɔyɛ anwonwade a wontumi nhwehwɛ mu,

ne nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan ne dodow.

10Ɔtɔ osu gu asase so;

na ɔde kɔ wuram.

11Ɔde ahobrɛasefo si nea ɛkorɔn,

na ɔma wɔn a wodi awerɛhow nya asomdwoe.

12Ɔsɛe aniferefo nhyehyɛe,

ma wɔn nsa si fam.

13Ɔkyere anyansafo wɔ wɔn anifere mu,

na ɔbɔ anitewfo nhyehyɛe gu.

14Sum duru wɔn awia ketee;

na wɔkeka wɔ owigyinae mu te sɛ anadwo.

15Ogye ahiafo fi afoa a ɛhyɛ wɔn anom;

ogye wɔn fi ahoɔdenfo nkyehama mu.

16Enti ahiafo wɔ anidaso,

na ntɛnkyew ka nʼano to mu.

17“Nhyira ne onipa a Onyankopɔn teɛ no,

enti mmu Otumfo nteɛteɛ no animtiaa.

18Efisɛ ɔno na opira na ɔno ara akyekyere;

opira nanso ne nsa sa yare.

19Obegye wo afi ɔhaw ahorow asia mu;

ason so no, bɔne biara renka wo.

20Ɔkɔm ba a, obegye wo afi owu mu,

na ɔko mu nso, obegye wo afi afoa ano.

21Wɔbɛbɔ wo ho ban afi ntwirii ho

na sɛ ɔsɛe ba a ɛnsɛ sɛ wusuro.

22Wobɛserew ɔsɛe ne ɔkɔm;

na ɛnsɛ sɛ wusuro asase so mmoa.

23Wo ne afuw so abo bɛyɛ apam,

na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoe mu.

24Wubehu sɛ wo ntamadan wɔ bammɔ;

na sɛ wosese wʼahode a wubehu sɛ hwee nyeraa ɛ.

25Wubehu sɛ wo mma bɛyɛ bebree;

na wʼase bɛfɛe sɛ asase so sare.

26Wode ahoɔden bɛkɔ ɔda mu,

te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwabere mu.

27“Yɛahwehwɛ eyi mu, na ɛyɛ nokware

ɛno nti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约伯记 5:1-27

1“你只管呼救吧,

谁会回应你呢?

你向哪位圣者求助呢?

2愤恨害死愚昧人,

嫉妒杀死无知者。

3我见愚昧人扎了根,

突然咒诅临到他家。

4他的儿女毫无安宁,

在城门口受欺压也无人搭救。

5饥饿的人吞掉他的庄稼,

连荆棘里的也不放过;

干渴的人吞尽他的财富。

6苦难并非从土里长出,

患难并非从地里生出。

7人生来必遇患难,

正如火花必向上飞。

8“若是我,

就向上帝求助,

向祂陈明苦衷。

9祂行的奇事不可测度,

祂行的神迹不可胜数。

10祂降下雨水浇灌大地,

赐下甘霖滋润田园。

11祂提拔卑微的人,

庇护哀痛的人。

12祂挫败狡猾人的阴谋,

使他们无法得逞。

13祂使智者中了自己的诡计,

使奸徒的计谋迅速落空。

14他们白天遇到黑暗,

午间摸索如在夜晚。

15上帝拯救穷苦人脱离恶人的中伤,

脱离残暴之徒的辖制,

16好使贫寒之人有盼望,

使不义之徒哑口无言。

17“被上帝责备的人有福了,

不可轻视全能者的管教。

18因为祂打伤,祂也包扎;

祂击伤,祂也医治。

19六次遭难,祂都救你;

第七次,灾祸也伤不到你。

20饥荒时,祂必救你脱离死亡;

战争中,祂必救你脱离刀剑。

21你必免受恶毒的毁谤,

灾难来临也不惧怕。

22你必笑对灾殃和饥荒,

毫不惧怕地上的野兽。

23你必与田间的石头立约,

野兽必与你和平相处。

24你的家必安然无恙,

察看羊圈,一只不少。

25你必看见子孙昌盛,

后代如遍地的青草。

26你必寿终正寝才归坟墓,

如同庄稼熟后才被收割。

27看啊,我们已经查验了,

这一切真实可靠,

你当聆听、接受。”