Hiob 42 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 42:1-17

Hiob Bua Awurade

1Na Hiob buaa Awurade se,

2“Minim sɛ wutumi yɛ nneɛma nyinaa;

obiara rentumi nsɛe wo nhyehyɛe.

3Wubisa se, ‘Hena ni a onni nimdeɛ nso osiw mʼafotu ho kwan?’

Ampa ara mekaa nneɛma a mente ase no ho nsɛm,

nneɛma a ɛyɛ nwonwa ma me.

4“Wokae se, ‘Tie na menkasa;

mebisa wo nsɛm

na ɛsɛ sɛ woma me mmuae.’

5Mate wo nka pɛn,

na mprempren de, mʼani ahu wo.

6Ɛno nti mibu me ho animtiaa

na mete mfutuma ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”

Awiei

7Na Awurade kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, Awurade ka kyerɛɛ Temanni Elifas se, “Me bo afuw wo ne wo nnamfonom baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokware sɛnea me somfo Hiob kae no. 8Afei, momfa anantwi ason ne adwennini ason, na monkɔ me somfo Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho. Me somfo Hiob bɛbɔ mpae ama mo, na metie ne mpaebɔ no na merenyɛ mo sɛnea ɛfata mo nkwaseasɛm no, nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokware sɛnea me somfo Hiob yɛe no.” 9Enti Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no; na Awurade tiee Hiob mpaebɔ.

10Hiob bɔɔ mpae maa ne nnamfonom akyi no, Awurade san yɛɛ no ɔdefo bio na ɔde nʼahode a na ɔwɔ kan no mmɔho abien maa no. 11Afei, ne nuabarimanom, ne nuabeanom nyinaa ne obiara a na onim no dedaw no baa ne fi ne no bedidii. Wɔkyekyee ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kaa.

12Awurade hyiraa Hiob nkwa awiei sen ne mfiase. Onyaa nguan mpem dunan, yoma mpem asia, anantwinini mpamho apem ne mfurum abere apem. 13Bio onyaa mmabarima baason ne mmabea baasa. 14Ɔtoo ne babea piesie no din Yemima, na nea odi so no Kesia na nea ɔto so abiɛsa no de Keren-Hapuk. 15Asase no so nyinaa, na mmaa biara nni hɔ a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmabea no, na wɔn agya de wɔn kaa wɔn nuabarimanom no ho maa wɔn agyapade.

16Eyi akyi no, Hiob dii mfirihyia ɔha aduanan; ohuu ne mma ne ne nenanom awo ntoatoaso anan. 17Afei owui a na wabɔ akwakoraa pa ara.

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 42:1-17

Hiob Bua Awurade

1Na Hiob buaa Awurade sɛ,

2“Menim sɛ wotumi yɛ nneɛma nyinaa;

obiara rentumi nsɛe wo nhyehyɛeɛ.

3Wobisa sɛ, ‘Hwan ni a ɔnni nimdeɛ nso ɔsi mʼafotuo ho ɛkwan?’

Ampa ara mekaa nneɛma a mente aseɛ ho nsɛm,

nneɛma a ɛyɛ nwanwa ma me.

4“Wokaa sɛ, ‘Tie na menkasa;

mɛbisa wo nsɛm

na ɛsɛ sɛ woma me mmuaeɛ.’

5Mate wo nka pɛn,

na seesei deɛ, mʼani ahunu wo.

6Ɛno enti mebu me ho animtiaa

na mete mfuturo ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”

Awieeɛ

7Na Awurade kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ, “Me bo afu wo ne wo nnamfonom baanu no, ɛfiri sɛ, moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob kaeɛ no. 8Afei, momfa anantwie nson ne nnwennini nson, na monkɔ me ɔsomfoɔ Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho. Me ɔsomfoɔ Hiob bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na mɛtie ne mpaeɛbɔ no na merenyɛ mo sɛdeɛ ɛfata mo nkwaseasɛm no. Nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob yɛeɛ no.” 9Enti, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no, na Awurade tiee Hiob mpaeɛbɔ.

10Hiob bɔɔ mpaeɛ maa ne nnamfonom akyi no, Awurade sane yɛɛ no ɔdefoɔ bio na ɔde nʼahodeɛ a na ɔwɔ kane no mmɔho mmienu maa no. 11Afei, ne nuammarima, ne nuammaa nyinaa ne obiara a na ɔnim no dada no baa ne fie ne no bɛdidiiɛ. Wɔkyekyeree ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kawa.

12Awurade hyiraa Hiob nkwa awieeɛ senee ne ahyɛaseɛ. Ɔnyaa nnwan ɔpedunan, nyoma mpem nsia, anantwinini mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem. 13Bio ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa. 14Ɔtoo ne babaa piesie no edin Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no Kesia na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-Hapuk. 15Asase no so nyinaa, na mmaa biara nni hɔ a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmammaa no, na wɔn agya de wɔn kaa wɔn nuammarima no ho maa wɔn agyapadeɛ.

16Yei akyiri no, Hiob dii mfirinhyia ɔha aduanan; ɔhunuu ne mma ne ne mmanana awoɔ ntoatoasoɔ ɛnan. 17Afei ɔwuiɛ a na wayɛ akora pa ara.