Hiob 41 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 41:1-34

1“So wubetumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn

anaa wubetumi de hama akyekyere ne tɛkrɛma?

2So wubetumi de hama afa ne hwenem,

anaasɛ wubetumi de darewa aso nʼabogye mu?

3Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hu no mmɔbɔ ana?

Ɔne wo bɛkasa brɛoo ana?

4Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam

ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ ana?

5Wubetumi de no ayɛ abɛbɛ te sɛ anomaa

anaa wubetumi asa no hama de no ama wo mmabea?

6So aguadifo bɛpɛ sɛ wode no bedi nsesagua?

Wɔbɛkyekyɛ ne mu ama aguadifo ana?

7Wubetumi de mpeaw awowɔ ne were mu

anaasɛ wode mpataa mpɛmɛ bɛwowɔ ne ti ho?

8Wode wo nsa ka no a,

wobɛkae sɛnea ɔbɛwosow ne ho, nti worenyɛ saa bio!

9Ɔkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akyere no;

ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwudwo.

10Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyan no.

Afei hena na obetumi ne me adi asi?

11Hena na mede no ka a ɛsɛ sɛ mitua?

Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase no yɛ me de.

12“Me werɛ remfi sɛ mɛka nʼakwaa,

nʼahoɔden ne ne bɔbea fɛfɛ no ho asɛm.

13Hena na obetumi aworɔw ne ho ahama,

na hena na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?

14Hena na obetumi abue nʼabogye,

a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?

15Nʼakyi wɔ bona a ɛsesa so,

ɛtetare so a ɔkwan nna mu koraa;

16sɛnea ɛtetare so fa no nti,

mframa biara mfa ntam.

17Ɛtoatoa mu denneennen a

emu ntumi ntetew.

18Sɛ ɔnwansi a, ɛpepa gya;

nʼaniwa aba te sɛ adekyeenim hann.

19Agyatɛn turuw fi nʼanom

na nsramma turuturuw fi mu.

20Wusiw sen fi ne hwene mu

te sɛ ɔsɛn a esi gya so.

21Ne home ma gyabiriw ano sɔ,

na ogyaframa tu fi nʼanom.

22Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa;

wɔn a wohu no no aba mu bu.

23Ne were a abubu agu so no yɛ peperee;

ayɛ pemee a ɛnka ne ho.

24Ne koko so yɛ den sɛ ɔbotan

ɛyɛ den sɛ awiyammo.

25Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfo bɔ huboa;

sɛ ɔwosow ne ho a woguan.

26Afoa wɔ no a, ɛnka no,

peaw, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.

27Ɔfa dade sɛ wura bi

na kɔbere mfrafrae te sɛ dua a awu bi ma no.

28Agyan mma no nguan;

ahwimmo mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no.

29Kontibaa te sɛ sare wɔ nʼani so;

na ɔserew pɛmɛ nnyigyei.

30Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so.

Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa dontori mu a, eyiyi akam.

31Ɔma bun mu huru sɛ nsu a ɛwɔ ɛsɛn mu

na onunu po mu sɛ srade a ɛwɔ kuku mu.

32Nea ɔbɛfa no, ɛhɔ nsu no pa yerɛw yerɛw;

na obi besusuw sɛ po bun adan ayɛ dwen.

33Asase so biribiara ne no nsɛ.

Ɔyɛ abɔde a onsuro hwee.

34Ommu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara;

ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomaso no nyinaa so hene.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约伯记 41:1-34

1“你岂能用鱼钩钓鳄鱼,

用绳索绑住它的舌头?

2你岂能用绳子穿它的鼻子,

用钩子穿它的腮骨?

3它岂会向你连连求饶,

对你说柔和的话?

4它岂肯与你立约,

一生做你的奴隶?

5你岂能拿它当小鸟玩耍,

或拴起来给幼女取乐?

6渔夫们岂能把它当货物出售,

卖给商人?

7你岂能在它皮上戳满长矛,

头上插满鱼叉?

8你动手碰碰它,

就知道有何恶战,绝不会再碰。

9企图捕捉它的都会失望,

人看到它就会心惊胆战。

10再凶猛的人也不敢惹它。

这样,谁能在我面前站立得住?

11谁给过我什么,要我偿还?

天下万物都是我的。

12“论到它的四肢、大力和姣美的身体,

我不能缄默不言。

13谁能剥去它的外皮?

谁能给它戴上辔头?

14谁能打开它的口?

它的牙齿令人恐惧。

15它的脊背覆着行行鳞甲,

牢牢地密封在一起,

16紧密无间,

连气也透不进去。

17鳞甲彼此相连相扣,

无法分开。

18它打喷嚏时,水光四射;

它的眼睛发出晨光;

19口中喷出火炬,

迸出火星;

20鼻孔冒烟,

如沸腾的锅和燃烧的芦苇;

21呼气可点燃煤炭,

口中喷出火焰;

22颈项强而有力,

恐惧在它前面开路;

23身上的皱褶紧密相连,

牢牢地密封在一起;

24心坚如石,

硬如磨石。

25它一站起来,勇士都害怕,

见它冲来,他们慌忙退缩。

26刀剑挡不住它,

长矛、标枪、尖戟也无能为力。

27它视铁如干草,

视铜如朽木。

28利箭吓不跑它,

弹石在它看来只是碎秸;

29棍棒无异于秸秆,

它嗤笑投来的标枪。

30它腹部有锋利的瓦片,

在淤泥上留下道道耙痕。

31它使深渊如锅翻腾,

大海如油锅滚动。

32它游过后留下一道波光,

使深渊仿佛披上银发。

33地上没有动物能与它相比,

像它那样无所畏惧。

34它藐视群雄,

在高傲的百兽中称王。”