Hiob 40 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 40:1-24

1Afei Awurade buaa Hiob se,

2“Nea ɔne Otumfo no wɔ asɛm no bɛteɛ ne so ana?

Ma nea ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!”

3Na Hiob buaa Awurade se,

4“Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuae?

Mede me nsa mua mʼano.

5Makasa baako, nanso minni mmuae

mprenu so, na merenkasa bio.”

6Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se,

7“Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima;

mebisa wo nsɛm,

na ɛsɛ sɛ wubua me.

8“Wobɛka mʼatemmu ho asɛm bɔne ana?

Wubebu me fɔ de abu wo ho bem ana?

9Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn de,

na wo nne betumi abobɔ mu sɛ ne de ana?

10Ɛno de fa anuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho,

na fura nidi ne kɛseyɛ.

11Hwie wʼabufuwhyew mmoroso no gu,

hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase,

12hwɛ ɔhantanni biara na si no fam

na tiatia amumɔyɛfo so wɔ faako a wogyina hɔ.

13Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfutuma mu;

kata wɔn anim wɔ ɔda mu.

14Na afei mʼankasa megye ato mu sɛ

wo ara wo basa nifa betumi agye wo nkwa.

15“Hwɛ susono,

nea meyɛɛ no kaa wo ho

na ɔwe sare te sɛ nantwi.

16Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasen mu

ne ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu so were mu!

17Ne dua hinhim sɛ sida;

ne srɛ mu ntin yɛ peperee.

18Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafrae dorobɛn,

nʼabasa ne ne nʼanan te sɛ nnade praban.

19Odi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan,

nanso ne Yɛfo betumi de nʼafoa akɔ ne so.

20Nkoko fifi wɔn nnɔbae ma no,

na wuram mmoa nyinaa goru bɛn hɔ.

21Nsɔensɔe nnua ase na ɔda,

na dontori mu demmire akata no so.

22Nsɔensɔe nwini no kata ne so;

na nsunoa nnua twa ne ho hyia.

23Nsu nworoso nhaw no;

mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, onni ɔhaw.

24Obi betumi akyere no animono;

anaa obi betumi de afiri ayi no na wabɔre ne hwene mu ana?

Japanese Contemporary Bible

ヨブ 記 40:1-24

40

1主はさらに続けました。

2「おまえはまだ全能者と口論したいか。

それとも降参するか。

神を批判する者よ、答えてみよ。」

3ヨブは主に答えました。

4「私は何の値打ちもない者です。

どうして答えることができましょう。

口に手をあてて黙り込むだけです。

5私は語りすぎました。」

6主は再びつむじ風の中から、ヨブに語りかけました。

7「さあ、男らしく立ち上がり、

戦いに備えて身を引き締めなさい。

そして、わたしの質問に答えるのだ。

8おまえは自分の正しさを主張しようとして、

わたしのさばきを信用せず、

わたしを罪人呼ばわりするのか。

9おまえは神のように強く、

神のような大声で雷鳴をとどろかせることができるか。

10そうだとしたら、

おまえの尊厳と威光を身にまとえばよい。

11おまえの怒りを吐き出し、

思い上がった者の上にまき散らすのだ。

12横柄な者をひと目でへりくだらせ、

悪者をその場で踏みにじれ。

13彼らをちりの中に沈め、死者の牢獄につなげ。

14それができたら、自分の力で自分を救えると

おまえが言っていることを正しいと認めよう。

15河馬を見よ。

わたしはおまえを造ったように、河馬も造った。

河馬は牛のように草を食べる。

16がっしりした腰と腹の筋肉を見よ。

17尾は杉のようにたれ、

ももの筋はしっかり編み合わせてある。

18背骨は真鍮の管のようにまっすぐ伸び、

肋骨は鉄の棒のようだ。

19河馬は、わたしが造ったものの中でも

飛びきり凶暴だ。

河馬を手なずけたいと思ったら、鋭い剣が必要だ。

20山々は最高の食べ物をそれに差し出す。

河馬は山々の野獣を餌として食べる。

21河馬は葦の茂みに隠れた蓮の下に横たわる。

22蓮がこれを覆い、川のほとりの柳がこれを囲む。

23河馬は川が荒れ狂っても騒がず、

水嵩の増したヨルダン川が押しかぶさっても動じない。

24だれも、不意に襲って捕まえることができない。

鼻に輪をつけ、引きずることもできない。