Hiob 39 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 39:1-30

1“So wunim bere a bepɔw so mmirekyi wowo?

Woahwɛ, ahu bere a ɔforote nyinsɛn ne ba?

2So woakan asram dodow a wɔde nyinsɛn?

Wunim bere a wɔwo ana?

3Wɔkotow wowo wɔn mma;

wɔn awoko yaw to twa.

4Wɔn mma nyin ahoɔden so wɔ wuram;

na wogyaw wɔn awofo hɔ a wɔnnsan nkɔ wɔn nkyɛn bio.

5“Hena na ɔma wuram afurum fa ne ho di?

Hena na ɔsan ne hama?

6Mede asase kesee maa no sɛ ne fi,

ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenae.

7Ɔserew kurom gyegyeegyeyɛ;

na ɔnte ɔkafo nteɛteɛmu.

8Okyinkyin mmepɔw no so sɛ ne didibea

ɛhɔ na okyin hwehwɛ wura amono biara.

9“Ɛko bɛpene sɛ ɔbɛsom wo ana?

Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo ana?

10Wubetumi asa no wɔ funtumfiri so ana?

Ɔbɛfɛntɛm aku a ɛda wʼakyi no ana?

11Wubetumi de wo ho ato no so esiane nʼahoɔden dodo nti?

Wubegyaw wʼadwuma a ɛyɛ den no ama no ana?

12Wugye di sɛ ɔde wʼaburow bɛba

na waboa ano de akɔ awiporowbea ana?

13“Sohori bɔ ne ntaban mu anigye so,

nanso wontumi mfa ntoto asukɔnkɔn de ho.

14Ɔtow ne nkesua gu asase so

ma mfutuma ka no hyew,

15ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛtɛw no,

sɛ wuram aboa bi betiatia so.

16Ɔbɔ ne mma atirimɔden sɛnea wɔnyɛ ne dea;

ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ ɔkwa,

17efisɛ Onyankopɔn amma no nyansa

wamma no nhumu biara.

18Nanso sɛ ɔtrɛw ne ntaban mu tu mmirika a,

ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo.

19“Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden

anaa woma ne kɔn mu nwi kuhaa no?

20Wo na woma no huruw te sɛ mmoadabi,

na ɔde ne nkotɔ hunahuna ana?

21Ɔde ne nan tintim fam dennen, na nʼani gye nʼahoɔden mu,

na afei ɔbɔ wura ɔko mu.

22Ɔmmɔ hu, na onsuro biribiara;

ohu afoa a onguan.

23Bɛmma wosow wɔ ne nkyɛn mu boha mu,

na peaw ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.

24Ofi ahopere mu de nʼano sisi fam;

na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a ontumi nnyina faako.

25Sɛ torobɛnto hyɛn a ɔka se, ‘Wiɛ!’

ɔte ɔko ho hua fi akyirikyiri,

ɔsahene no nteɛmu ne ɔko mu osebɔ.

26“Wo nyansa na ɛma akoroma tu

na ɔtrɛw ne ntaban mu fa anafo?

27Wo na wohyɛ ɔkɔre ma no tu kɔ sorosoro

kɔyɛ ne berebuw wɔ hɔ?

28Ɔbotan mu na ɔte na ɛhɔ na ɔda;

ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandennen.

29Ɛhɔ na ofi kɔhwehwɛ nʼaduan;

nʼani hu ade a ɛwɔ akyirikyiri.

30Mogya yɛ ne mma aduan,

na faako a atɔfo wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 39:1-30

1“Wonim ɛberɛ a bepɔ so mmirekyie wowoɔ?

Woahwɛ, ahunu ɛberɛ a ɔforoteɛ nyinsɛn ne ba?

2Woakane abosome dodoɔ a wɔde nyinsɛn?

Wonim ɛberɛ a wɔwoɔ anaa?

3Wɔkoto wowo wɔn mma;

na wɔn awokoɔ yea to twa.

4Wɔn mma nyini ahoɔden so wɔ wiram;

na wɔgya wɔn awofoɔ hɔ a wɔnnsane nkɔ wɔn nkyɛn bio.

5“Hwan na ɔma wiram afunumu fa ne ho die?

Hwan na ɔsanee ne nhoma?

6Mede asase bonini maa no sɛ ne fie,

ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenaeɛ.

7Ɔsere kurom gyegyeegyeyɛ no;

na ɔnte ɔkafoɔ nteateam.

8Ɔkyinkyini mmepɔ no so sɛ nʼadidibea;

ɛhɔ na ɔkyin hwehwɛ wira mono biara.

9“Ɛkoɔ bɛpene sɛ ɔbɛsom wo anaa?

Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo anaa?

10Wobɛtumi asa no wɔ fentemfidie so?

Ɔbɛfentem mmɔnhwa a ɛda wʼakyi anaa?

11Wobɛtumi de wo ho ato no so ɛsiane nʼahoɔden dodoɔ nti?

Wobɛgya wʼadwuma a ɛyɛ den ama no anaa?

12Wogye di sɛ ɔde wʼaburo bɛba

na waboa ano de akɔ ayuporobea anaa?

13“Sohori bɔ nʼataban mu anigyeɛ so,

nanso wɔntumi mfa ntoto asukɔnkɔn deɛ ho.

14Ɔto ne nkosua gu asase so

ma mfuturo ka no hye,

15ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛkyɛ no,

sɛ wiram aboa bi bɛtiatia so.

16Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnnyɛ ne dea;

ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ kwa,

17ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma no nyansa,

wamma no nhunumu biara.

18Nanso sɛ ɔtrɛ ne ntaban mu tu mmirika a,

ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ.

19“Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden

anaa wode ne kɔn mu nwi kuhaa no ma no?

20Wo na woma no huri te sɛ ntutummɛ,

na ɔde ne nkorɔmo hunahuna anaa?

21Ɔde ne nan tintim fam denden, na nʼani gye nʼahoɔden mu,

na afei ɔbɔ wura ɔko mu.

22Ɔmmɔ hu, na ɔnsuro biribiara;

ɔhunu akofena a ɔnnwane.

23Bɛmma woso wɔ ne nkyɛn mu bɔha mu,

na pea ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.

24Ɔfiri ahopereɛ mu de nʼano sisi fam;

na sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, ɔntumi nnyina faako.

25Sɛ totorobɛnto hyɛne a ɔka sɛ, ‘Wiɛɛ!’

ɔte ɔko ho hwa firi akyirikyiri,

ɔsahene no nteamu ne ɔko mu osebɔ.

26“Wo nyansa na ɛma akorɔma tuo

na ɔtrɛ ne ntaban mu fa anafoɔ?

27Wo na wohyɛ ɔkɔdeɛ ma no tu kɔ sorosoro

kɔyɛ ne pirebuo wɔ hɔ?

28Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɛhɔ na ɔda;

ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandenden.

29Ɛhɔ na ɔfiri kɔpɛ nʼaduane;

nʼani hunu adeɛ a ɛwɔ akyirikyiri.

30Mogya yɛ ne mma aduane,

na baabi a atɔfoɔ wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”