Hiob 36 – AKCB & BPH

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 36:1-33

1Elihu toaa ne kasa so se,

2“Montɔ mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ

aka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn.

3Minya me nimdeɛ fi akyirikyiri;

mɛka se me Yɛfo bu atɛntrenee.

4Munnye nto mu sɛ me nsɛm yɛ nokware turodoo;

na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu.

5“Onyankopɔn so, nanso, ontwiri nnipa;

ɔkorɔn na osi pi wɔ ne botae mu.

6Ɔmma amumɔyɛfo ntena nkwa mu,

na ɔde amanehunufo kyɛfa ma wɔn.

7Onnyi nʼani mfi ɔtreneeni so,

ɔma wɔne ahemfo di ade

na ɔma wɔn so afebɔɔ.

8Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa

na amanehunu hama akyekyere wɔn papee a,

9ɔka nea wɔayɛ kyerɛ wɔn

sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.

10Ɔma wotie nteɛso

na ɔhyɛ wɔn sɛ wonnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho.

11Sɛ wɔyɛ osetie na wɔsom no a,

wobedi yiye wɔ wɔn nna a aka no mu

na wɔn mfe nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.

12Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ afoa ano,

na wɔawuwu a wonni nimdeɛ.

13“Wɔn a wonnim Nyame no kora abufuw so;

mpo sɛ ogu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a wonsu mpɛ mmoa.

14Wowuwu wɔ wɔn mmabunmmere mu,

wɔ mmarima nguamanfo a wɔtete abosonnan mu.

15Nanso wɔn a wohu amane no, ogye wɔn;

na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu.

16“Ɔregye wo afi ahohia mu

de wo akɔ beae a hɔ bae a ahokyere nni,

nea wowɔ asomdwoe, na nnuan pa ayɛ wo pon so ma.

17Nanso mprempren, atemmu a ɛfata amumɔyɛfo na aba wo so;

atemmu ne atɛntrenee aso wo mu.

18Hwɛ yiye na obi amfa ahonya annaadaa wo;

mma adanmude kɛse bi ntwe wo.

19Wʼahonya anaasɛ mpo

wʼahohia bebrebe nyinaa nti,

worenkɔ amanehunu mu ana?

20Mpere anadwo ho,

sɛ ammɛpra nnipa mfi wɔn afi mu.

21Hwɛ na woannan ankɔ bɔne ho,

nea ayɛ sɛ wopɛ sen amanehunu.

22“Onyankopɔn yɛ ɔkɛse wɔ ne tumi mu.

Hena na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno?

23Hena na wahyehyɛ nʼakwan ama no

anaa waka akyerɛ no se, ‘Woayɛ mfomso.’

24Kae na kamfo nʼadwuma a

nnipa de nnwonto akamfo no.

25Adesamma nyinaa ahu;

nnipa fi akyirikyiri hwɛ no haa.

26Onyankopɔn yɛ ɔkɛse, ɛboro yɛn ntease so!

Ne mfe dodow mu nni hwehwɛbea.

27“Ɔtwetwe nsu a ɛsosɔ,

ma ɛdan osu gu nsuten mu;

28na omununkum tɔ obosu gu fam

na osu pete mmoroso gu adesamma so.

29Hena na obetumi ate sɛnea ɔtrɛtrɛw omununkum mu no ase,

sɛnea ɔbobɔ mu fi ne suhyɛ ase no?

30Hwɛ sɛnea ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho

ma ɛkɔ po bun mu.

31Eyi ne ɔkwan a ɔfa so di amanaman no so

na ɔma aduan bu wɔn so.

32Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma

na ɔhyɛ no sɛ ɛmpa nʼagyiraehyɛ.

33Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkae;

na anantwi mpo ma wohu sɛ ɛreba.

Bibelen på hverdagsdansk

Jobs Bog 36:1-33

Gud er almægtig, men parat til at tilgive

1Elihu fortsatte:

2„Vær tålmodig og lad mig fortsætte lidt endnu,

for der er stadig noget, Gud ønsker, jeg skal sige.

3Min Skaber er retfærdig og har altid ret.

Det har jeg oplevet gang på gang.

4Hvad jeg fortæller dig, er den skinbarlige sandhed,

og jeg ved, hvad jeg taler om.

5Gud afviser aldrig nogen, som kommer til ham.

Han er almægtig og altid til at stole på.

6Han lader ikke den onde være ustraffet,

men hjælper de svage til at få deres ret.

7Gud beskytter de retskafne

og giver dem ære og magt.

8Men skulle de blive ramt af ulykker

og blive lagt i lidelsens lænker,

9så fortæller han dem, hvad de har gjort galt,

eller hvordan de har været hovmodige.

10Det gør han for at retlede dem,

og han siger, de skal vende sig fra det onde.

11Hvis de hører efter og adlyder ham,

så velsigner han dem resten af livet.

12Men hvis de nægter at lytte til ham,

så dør de uden at have forstået hvorfor.

13Gudløse mennesker bliver bitre.

Når Gud straffer dem, beder de ikke om nåde.

14De dør i deres bedste alder

efter at have spildt tiden i et umoralsk liv.

15De hjælpeløses svaghed bliver deres redning.

Deres trængsler gør dem åbne for, hvad Gud har at sige.

16Gud ønsker at bringe dig ud af dine lidelser,

at føre dig ud i frihed som på en vidtstrakt eng

og dække dit bord med udsøgte retter.

17Men nu er du optaget af, at de skyldige skal dømmes.

Ja, du kan ikke tænke på andet end skyld og dom.

18Lad ikke din vrede få dig til at håne Gud.

Vær ydmyg, selv om det koster din stolthed.36,18 Eller mere ordret: „Lad ikke løsesummens størrelse afskrække dig.” Det hebraiske ord kan betyde „bestikkelse”, men normalt er betydningen „løsesum”, jf. Job 6,23 og 33,24. Tanken er, at en synd kan sones ved, at der betales en løsesum. Jo større synd, jo større løsesum. Blot det at ydmyge sig eller bede om tilgivelse kan koste meget for en stolt og selvretfærdig person.

19Har du magt til at frelse dig selv?

Mon din råben er nok til at redde dig?

20Lad være at længes efter dødens mørke,

tænk ikke på at blive rykket bort.

21Pas på ikke at blive opslugt af din oprørskhed,

som du foretrækker frem for at bære din lidelse.

22Husk på, at Gud er almægtig og ophøjet.

Hvem andre kan hjælpe og vejlede os?

23Kan et menneske bestemme, hvad Gud skal gøre?

Hvem tør sige, at Gud er uretfærdig?

24Lovpris ham hellere for hans skaberværk,

som mange har gjort med sang.

25Alle mennesker har set hans storhed,

selv om det kun er på afstand.

26Gud er større, end vi kan begribe,

hans eksistens kan ikke måles i år.

27Han får vandet til at fordampe

og omdanner dampen til regn,

28der falder ned i byger fra skyerne

og gavner menneskene på jorden.

29Hvem kan fatte, hvordan skyerne spredes,

og forstå, hvordan tordenen buldrer og brager?

30Se, han sender lyn i alle retninger

og dækker havbunden med vand.

31Med lynene dømmer han folkene,

og med regnen giver han dem mad i mængde.

32Han holder lynene i sine hænder

og befaler dem at ramme plet.

33Tordenen melder hans komme,

selv kvæget kan mærke, når han er på vej.