Hiob 35 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 35:1-16

1Afei, Elihu kae se:

2“Wugye di sɛ, eyi fata?

Woka se, ‘Onyankopɔn betwitwa agye me.’

3Nanso wubisa no se, ‘Mfaso bɛn na menya,

na sɛ manyɛ bɔne a, mfaso bɛn na menya?’

4“Mepɛ sɛ mibua wo

ne wo nnamfonom nyinaa.

5Ma wʼani so kyerɛ soro na hwɛ;

hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi sorosoro nohɔ. 6Sɛ woyɛ bɔne a, ɔkwan bɛn so na ɛfa haw no?

Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuanso bɛn na enya wɔ ne so?

7Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma no

anaasɛ dɛn na onya fi wo nsam?

8Wʼamumɔyɛ ka onipa a ɔte sɛ wo

na wo trenee ka nnipa mma nko ara.

9“Nnipa su bere a wɔhyɛ wɔn so;

na wɔsrɛ mmoa fi nea ɔwɔ tumi nsam.

10Nanso obi mmisa se, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfo no wɔ,

nea ɔma nnwom anadwo no,

11nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sen asase so mmoa

na ɔma yehu nyansa sen wim nnomaa no?’

12Sɛ nnipa su teɛ mu a, ommua,

amumɔyɛfo ahantan nti.

13Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no;

na Otumfo remmu.

14Ɛno de adɛn na ɔrentie

bere a woka se wunhu no,

na woka se wʼasɛm wɔ nʼanim

enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no,

15na bio, nʼabufuw mmfa asotwe mma

na nʼani nni amumɔyɛsɛm akyi pii?

16Enti Hiob bue nʼano ka nsɛnhunu;

nimdeɛ a onni nti, ɔkeka nsɛm bebree.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约伯记 35:1-16

1以利户又说:

2“你在上帝面前自以为义,

你认为这合理吗?

3你还说,‘这与我何干?

我不犯罪又有何益处?’

4我要答复你和你的朋友。

5要抬头观看诸天,

瞻望头顶的穹苍。

6你若犯罪,与上帝何妨?

你若罪恶累累,对祂有何影响?

7你若为人公义,与祂何益?

祂从你手上能得什么好处?

8你的罪恶只能伤害你的同类,

你的公义只能令世人受益。

9“人们因饱受压迫而呼求,

因强权者的压制而求救。

10但无人问,‘创造我的上帝在哪里?

祂使人夜间欢唱,

11使我们比地上的走兽聪明,

比天上的飞鸟有智慧。’

12他们因恶人的嚣张而呼求,

上帝却不回答。

13上帝必不垂听虚妄的呼求,

全能者必不理会。

14更何况你说你看不见祂,

你的案子已呈上,在等祂裁决。

15你还说祂没有发怒降罚,

也不理会罪恶。

16约伯啊,这尽是虚言,

是一大堆无知的话。”