Hiob 32 – AKCB & CARS

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 32:1-22

Elihu Adwenkyerɛ

1Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, efisɛ na ɔteɛ wɔ ɔno ara ani so. 2Na Busini Barakel babarima Elihu a ofi Ram abusua mu no bo fuw Hiob yiye sɛ obu ne ho bem na ommu Onyankopɔn mmom bem. 3Ne bo fuw nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinaso bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wobuu no fɔ. 4Elihu twɛn sɛ afoforo no bɛkasa akyerɛ Hiob, efisɛ na wɔanyinyin sen no. 5Na ohuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuw no sɔree.

6Enti Busini Barakel babarima Elihu kae se,

“Meyɛ abofra,

na moyɛ mpanyimfo;

ɛno nti na misuroo sɛ

mɛka nea minim akyerɛ mo.

7Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kasa;

ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afi kyerɛ nyansa.’

8Nanso honhom a ɛte onipa mu,

Otumfo no home no na ɛma ntease.

9Ɛnyɛ mpanyimfo nko na wɔyɛ anyansafo,

ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afi nko na wɔte nea eye ase.

10“Enti mise: Muntie me;

me nso mɛka mʼadwene.

11Metwɛn wɔ bere a na morekasa,

mitiee mo adwenkyerɛ;

bere a na munhu nea monka no,

12meyɛɛ aso maa mo pa ara,

nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomso;

mo mu biara anyi ne nsɛm no ano.

13Monnka se, ‘Yɛahu nyansa;

momma Onyankopɔn mmɔ nʼasɛm no ngu, na ɛnyɛ onipa.’

14Nanso Hiob nkasa ntia me,

na merennyina mo adwenkyerɛ so mmua no.

15“Wɔn ho adwiriw wɔn, wonni hwee ka bio;

wɔn nsɛm asa.

16So ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ bere a wɔayɛ komm yi,

saa bere yi a wogyinagyina ha yi a wonni mmuae biara no?

17Me nso mɛka bi

me nso mɛka mʼadwene.

18Efisɛ nsɛm ahyɛ mʼanom ma,

na honhom a ɛte me mu no hyɛ me sɛ menka;

19Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu

te sɛ nsa kotoku foforo a ɛrebɛpae.

20Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me;

ɛsɛ sɛ mibue mʼano na mema mmuae.

21Merenyɛ nhwɛanim

na merennɛfɛdɛfɛ obiara;

22na sɛ makwadaw adɛfɛdɛfɛ mu a,

anka me Yɛfo beyi me afi hɔ ntɛm so.

Священное Писание

Аюб 32:1-22

Монолог Элиху

1Тогда трое друзей перестали спорить с Аюбом, потому что он был уверен в своей правоте. 2Но Элиху, сын Барахила, потомок Буза, из рода Рам, разгневался на Аюба за то, что тот считал себя праведным перед Всевышним. 3Он разгневался и на трёх его друзей за то, что, не сумев возразить, они клеветали на Аюба32:3 Или: «они клеветали на Всевышнего».. 4Но Элиху не сразу заговорил с Аюбом, потому что остальные были старше его. 5Когда же он увидел, что тем троим нечего больше сказать, он разгневался.

Первая речь Элиху

6И тогда Элиху, сын Барахила, потомок Буза, сказал:

– Я молод годами,

вы же в преклонных летах;

поэтому я и робел

и не смел вам высказать своё мнение.

7Я думал: «Пусть говорит возраст;

пусть преклонные годы учат мудрости».

8Но нет, это дух в человеке

и дыхание Всемогущего разум дают.

9Не одни старики32:9 Или: «Не многие». мудры,

не одни престарелые знают правду.

10Поэтому говорю я: «Внимайте мне!

Я тоже скажу вам, что знаю».

11Я ждал, пока вы говорили,

суждения ваши слушал;

пока вы искали слова,

12я вглядывался в вас.

Но никто из вас Аюба не опроверг,

на его слова не ответил.

13Не говорите: «Мы мудрость нашли:

пусть Всевышний обличает его, а не человек».

14Если бы против меня он обратил речь свою,

то я не как вы отвечал бы ему.

15Они испугались и нечего им сказать,

слов у них не осталось.

16Ждать ли мне, раз они замолчали,

раз они стоят здесь, не отвечая?

17Мне ведь тоже есть что сказать,

я тоже выскажу своё мнение.

18Я переполнен словами,

дух во мне побуждает меня.

19Сердце моё, как вино неоткрытое,

как новые бурдюки, готовые разорваться.

20Заговорю и найду покой;

разомкну уста свои и отвечу;

21не буду смотреть ни на чьё лицо

и льстить никому не стану,

22ведь я не умею льстить –

иначе убил бы меня мой Творец!