1“Me ne mʼani yɛɛ apam sɛ
meremfi akɔnnɔ mu, nhwɛ ababaa.
2Dɛn ne onipa kyɛfa a efi ɔsoro Nyankopɔn nkyɛn?
Dɛn ne nʼagyapade a efi ɔsoro Tumfo no nkyɛn?
3Ɛnyɛ ɔsɛe mma amumɔyɛfo,
atoyerɛnkyɛm mma wɔn a wɔyɛ bɔne ana?
4Onhu mʼakwan
na ɔnkan anammɔn biara a mitu ana?
5“Sɛ manantew wɔ nkontompo mu
anaasɛ matu mmirika adi nnaadaasɛm akyi a,
6ma Onyankopɔn nkari me wɔ nsania papa so
na obehu sɛ me ho nni asɛm;
7sɛ mʼanammɔntu afom ɔkwan,
sɛ me koma adi mʼani akyi,
anaasɛ me nsa ho agu fi a
8ɛno de ma afoforo nni nea madua,
na ma wontutu me nnɔbae ngu.
9“Sɛ ɔbea bi atɔ me koma so,
anaasɛ matɛw me yɔnko bi pon akyi a,
10ɛno de, me yere nyam ɔbarima foforo aduan,
na mmarima afoforo ne no nna.
11Efisɛ anka ɛno na ɛbɛyɛ aniwusɛm
ne bɔne a ɛsɛ sɛ wɔtwe aso wɔ so.
12Ɛyɛ ogya a ɛhyew kodu Ɔsɛe mu;
na ebetumi atutu me nnɔbae ase.
13“Sɛ mabu mʼasomfo mmarima ne mmea ntɛnkyew,
bere a wɔne me nyaa asɛm,
14sɛ Onyankopɔn de si mʼanim a dɛn na mɛyɛ?
Sɛ wɔfrɛ me akontaabu a, mmuae bɛn na mɛma?
15Ɛnyɛ nea ɔbɔɔ me wɔ ɔyafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn?
Ɛnyɛ onipa koro no na ɔyɛɛ yɛn baanu wɔ yɛn nanom yafunu mu?
16“Sɛ mamma ahiafo nea wɔn koma pɛ
anaa mama akunafo ani ayɛ wɔn yaw,
17sɛ mabɔ mʼaduan ho atirimɔden a
mamma ayisaa bi,
18nanso efi mmerantebere mu matetew no sɛnea agya bɛyɛ,
na efi ɔyafunu mu, mahwɛ akunafo.
19Sɛ mahu obi a onni adurade na ɔrebrɛ,
anaa ohiani bi a onni atade,
20na sɛ wɔamfi koma mu anhyira me
sɛ mede me nguan ho nwi kaa wɔn hyew,
21sɛ mama me nsa so atia ayisaa bi,
esiane sɛ mewɔ tumi wɔ asennii nti a,
22ɛno de, ma me basa mpan mfi me mmati,
ma emmubu mfi nʼapɔw so.
23Misuroo ɔsɛe a efi Onyankopɔn nkyɛn,
na nʼanuonyam ho suro nti mantumi anyɛ saa nneyɛe no.
24“Sɛ mede me werɛ ahyɛ sikakɔkɔɔ mu
anaasɛ maka akyerɛ sikakɔkɔɔ ankasa se, ‘Wo na wobɔ me ho ban,’
25sɛ masɛpɛw me ho wɔ mʼahode bebrebe nti,
ahode a me nsa aka yi,
26sɛ mahwɛ owia ne ne hyerɛn
anaa ɔsram a ɔnam anuonyam mu,
27ama aka me koma a obiara nnim
na me nsa yɛɛ wɔn atuu de nidi maa wɔn a,
28ɛno de, na eyinom nso bɛyɛ bɔne a wobu ho atɛn,
efisɛ na manni Onyankopɔn a ɔte ɔsoro no nokware.
29“Sɛ mʼani gyee wɔ me tamfo amanehunu nti
anaa mesrew no wɔ ɔhaw a aba ne so nti,
30memmaa mʼano nyɛɛ bɔne
sɛ mɛdome ne nkwa,
31sɛ nnipa a wɔwɔ me fi mu nkaa da sɛ,
‘Hena na Hiob pon so nam mmee no da?’
32Ɔhɔho biara anna abɔnten so da,
efisɛ me pon ano daa hɔ da biara maa akwantufo,
33Makata me bɔne so sɛnea nnipa yɛ
de mʼafɔdi ahyɛ me koma mu
34esiane sɛ misuroo nnipadɔm
ne ahohora a efi mmusua hɔ no nti
na meyɛɛ komm a mamfi adi.
35(“Ao, sɛ anka mewɔ obi a obetie me.
Mede me din ahyɛ mʼanoyi ase, ma Otumfo no mmua me;
ma nea ɔbɔ me kwaadu no nkyerɛw ne sobobɔ.
36Ampa ara, mɛhyɛ wɔ me mmati,
mɛhyɛ sɛ ahenkyɛw.
37Mebu mʼanammɔntu biara ho akontaa akyerɛ no;
mɛkɔ nʼanim sɛ ɔheneba.)
38“Sɛ mʼasase teɛ mu tia me
na nusu fɔw ne nkɔ nyinaa,
39sɛ madi so aba a mintuaa ka
anaasɛ mabu so apaafo no aba mu a,
40ma nsɔe mfifi nsi awi anan mu
na wura mfuw nsi atoko anan mu.”
Hiob nsɛm no asi.
1»Yo había convenido con mis ojos
no mirar con lujuria a ninguna mujer joven.31:1 mujer joven. Lit. virgen.
2¿Qué se recibe del Dios de lo alto?
¿Qué se hereda del Todopoderoso en las alturas?
3¿No es acaso la ruina para los malvados
y el desastre para los malhechores?
4¿Acaso no se fija Dios en mis caminos
y toma en cuenta todos mis pasos?
5»Si he andado en malos pasos
o mis pies han corrido tras la mentira,
6¡que Dios me pese en una balanza justa
y así comprobará mi integridad!
7Si mis pies se han apartado del camino
o mi corazón se ha dejado llevar por mis ojos
o mis manos se han llenado de ignominia,
8¡que se coman otros lo que yo he sembrado
y que sean destruidas mis cosechas!
9»Si por alguna mujer me he dejado seducir,
si a las puertas de mi prójimo he estado al acecho,
10¡que mi esposa muela el grano de otro hombre
y que otros hombres se acuesten con ella!
11Eso habría sido una infamia,
¡un pecado que tendría que ser juzgado!
12¡Habría sido un incendio destructor!31:12 destructor. Lit. Abadón.
¡Habría arrancado mi cosecha de raíz!
13»Si me negué a hacerles justicia
a mis siervos y a mis siervas
cuando tuvieron queja contra mí,
14¿qué haré cuando Dios me llame a cuentas?
¿qué responderé cuando me haga comparecer?
15El mismo Dios que me formó en el vientre
fue el que los formó también a ellos;
nos dio forma en el seno materno.
16»Jamás he desoído los ruegos de los pobres
ni he dejado que las viudas desfallezcan;
17jamás el pan me lo he comido solo,
sin querer compartirlo con los huérfanos.
18Desde mi juventud he sido un padre para ellos;
a las viudas las he guiado desde mi nacimiento.
19Si he dejado que alguien muera por falta de vestido
o que un necesitado no tenga qué ponerse;
20si este no me ha bendecido de corazón
por haberlo abrigado con lana de mis rebaños;
21o si he levantado contra el huérfano mi mano
por contar con influencias en los tribunales,31:21 en los tribunales. Lit. en la puerta (de la ciudad).
22¡que los brazos se me caigan de los hombros!,
¡que se me zafen de sus articulaciones!
23Siempre he sido temeroso del castigo de Dios;
¡ante su majestad no podría resistir!
24»¿Acaso he puesto en el oro mi confianza
o he dicho al oro puro: “En ti confío”?
25¿Me he ufanado de mi gran fortuna,
de las riquezas amasadas con mis manos?
26¿He admirado acaso el esplendor del sol
o el avance esplendoroso de la luna,
27como para rendirles culto en lo secreto
y enviarles un beso con la mano?
28¡También este pecado tendría que ser juzgado,
pues habría yo traicionado al Dios de las alturas!
29»¿Acaso me he alegrado de la ruina de mi enemigo?
¿Acaso he celebrado su desgracia?
30¡Jamás he permitido que mi boca peque
pidiendo que le vaya mal!
31¿Quién bajo mi techo no sació su hambre
con los manjares de mi mesa?
32Jamás mis puertas se cerraron al viajero;
jamás un extraño pasó la noche en la calle.
33Jamás he ocultado mi pecado como el común de la gente,31:33 como el común de la gente. Alt. como Adán.
ni he mantenido mi culpa en secreto
34por miedo al qué dirán.
Jamás me he quedado en silencio y encerrado
por miedo al desprecio de mis parientes.
35»¡Cómo quisiera que Dios me escuchara!
Estampo aquí mi firma;
que me responda el Todopoderoso.
Que mi acusador ponga su denuncia por escrito.
36Llevaré esa acusación sobre mis hombros;
me la pondré como diadema.
37Le daré cuenta de cada uno de mis pasos,
como quien se presenta ante su gobernante.
38»Si mis tierras claman contra mí
y todos sus surcos se inundan en llanto;
39si he tomado la cosecha de alguien sin pagarle
o quebrantado el ánimo de sus dueños,
40¡que nazcan en mi tierra zarzas en vez de trigo
y maleza en vez de cebada!».
Con esto Job dio por terminado su discurso.