Hiob 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 3:1-26

Hiob Kasa

1Akyiri no Hiob kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no. 2Ɔkae se,

3“Ma da a wɔwoo me no nyera,

ne anadwo a wɔkae se, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’

4Saa da no nnuru sum;

mma Ɔsoro Nyankopɔn nhwehwɛ akyi kwan;

mma hann biara ntɔ ngu so.

5Ma sum ne owusum nnye no mfa;

ma omununkum nkata so;

na sum mmunkam ne hann so.

6Ma sum kabii nnye saa anadwo no mfa;

ma wonyi saa anadwo no mfi asranna so

na wɔmmfa nhyɛ ɔsram biara mu.

7Saa anadwo no nyɛ obonin;

mma wɔnnte anigye nteɛmu wɔ mu.

8Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa da no;

wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyan dɛnkyɛmmirampɔn no.

9Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum;

na ɔntwɛn adekyee kwa

a onhu anɔpawia nsensanee a edi kan no,

10efisɛ anto nea ɔwoo me no awotwaa mu ama wawo me

na anka mʼani renhu saa abɛbrɛsɛ yi.

11“Adɛn nti na manwu awoe hɔ,

bere a mifi me na awotwaa mu no?

12Adɛn nti na nkotodwe gyee me

ne nufu sɛ minnum?

13Anka sesɛɛ meda hɔ asomdwoe mu;

anka mada regye mʼahome

14me ne wiase ahemfo ne fotufo,

wɔn a wosisii adan maa wɔn ho na nnɛ yi abubu no,

15me ne ahenemma a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ,

wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afi mu ma.

16Anaasɛ adɛn nti na wɔansie me sɛ ɔpɔnba,

te sɛ akokoaa a wanhu adekyee hann da?

17Ɛhɔ na amumɔyɛfo gyae basabasayɛ,

na abrɛfo nya ahomegye.

18Nneduafo nso nya wɔn ahofadi;

na wɔnte nnommumfo wuranom ateɛteɛ bio.

19Nketewa ne akɛse wɔ hɔ,

na akoa de ne ho fi ne wura nsam.

20“Adɛn nti na wɔma mmɔborɔfo hann,

na ɔkra mu ahohiahiafo nya nkwa,

21wɔn a wɔn kɔn dɔ owu nanso ɛmma,

wɔn a wɔbrɛ hwehwɛ owu sen sɛnea wɔhwehwɛ nnwetɛbona,

22wɔn a anigye ahyɛ wɔn ma

na wodu ɔda mu a wodi ahurusi.

23Adɛn nti na wɔde nkwa ma onipa a

ne kwan ahintaw,

nea Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?

24Ahomekokogu adan mʼaduan;

na mʼapinisi gu te sɛ nsu.

25Nea na misuro no aba me so;

nea na ɛbɔ me hu no ato me.

26Minni ahotɔ, minni asomdwoe;

minni ahomegye na mmom, ɔhaw nko ara.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 3:1-26

Hiob Kasa

1Akyire no, Hiob kasaeɛ, na ɔdomee ɛda a wɔwoo no. 2Ɔkaa sɛ,

3“Ma ɛda a wɔwoo me no nyera,

ne anadwo a wɔkaa sɛ, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’

4Saa ɛda no nnuru sum;

mma Ɔsoro Onyankopɔn nhwehwɛ akyire kwan;

mma hann biara ntɔ ngu so.

5Ma esum ne owusum nnye no mfa;

ma omununkum nkata so;

na esum mmunkam ne hann so.

6Ma esum kabii nnye saa anadwo no mfa;

ma wɔnyi saa anadwo no mfiri asranna so

na wɔmmfa nhyɛ ɔbosome biara mu.

7Saa anadwo no nyɛ obonini;

mma wɔnnte anigyeɛ nteam wɔ mu.

8Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa ɛda no;

wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyane dɛnkyɛmmirampɔn no.

9Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum;

na ɔntwɛne adekyeeɛ kwa

a ɔnhunu anɔpa owia nsensaneɛ a ɛdi ɛkan,

10ɛfiri sɛ anto deɛ ɔwoo me awotwaa mu ama wawo me,

anka mʼani nhunu saa abɛbrɛsɛ yi.

11“Adɛn enti na manwu awoeɛ hɔ,

ɛberɛ a mefiri me maame awotwaa mu no?

12Adɛn enti na nkotodwe gyee me

ne nufoɔ sɛ mennum?

13Anka sɛsɛɛ meda hɔ asomdwoeɛ mu;

anka mada regye mʼahome

14me ne ewiase ahemfo ne fotufoɔ,

wɔn a wɔsisii adan maa wɔn ho na ɛnnɛ yi abubuo no,

15me ne sodifoɔ a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ,

wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afie mu ma.

16Anaasɛ adɛn enti na wɔansie me sɛ ɔpɔn ba,

te sɛ abadomaa a wanhunu adekyeeɛ hann da?

17Ɛhɔ na amumuyɛfoɔ gyae basabasayɛ,

na abrɛfoɔ nya ahomegyeɛ.

18Nneduafoɔ nso nya wɔn ahofadie;

na wɔnte nnommumfoɔ wuranom ateatea bio.

19Nketewa ne akɛseɛ wɔ hɔ,

na akoa de ne ho firi ne wura nsam.

20“Adɛn enti na wɔma mmɔborɔfoɔ hann,

na ɔkra mu ahohiahiafoɔ nya nkwa?

21Wɔn kɔn dɔ owuo, nanso ɛmma.

Wɔbrɛ hwehwɛ owuo sene sɛdeɛ wɔhwehwɛ akoradeɛ.

22Sɛ wɔwu a, wɔn ani gye

na wɔduru damena mu a, wɔdi ahurisie.

23Adɛn enti na wɔde nkwa ma onipa a

ɔnni daakye,

deɛ Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?

24Ahomekokoguo adane mʼaduane;

na mʼapinisie gu te sɛ nsuo.

25Deɛ na mesuro no aba me so;

deɛ na ɛbɔ me hu no ato me.

26Menni ahotɔ, menni asomdwoeɛ;

menni ahomegyeɛ na mmom, ɔhaw nko ara.”