Hiob 23 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 23:1-17

Hiob Mmuae

1Na Hiob buae se,

2“Nnɛ mpo, mʼanwiinwii mu da so yɛ den;

ne nsa ayɛ den, mʼapinisi nyinaa akyi.

3Sɛ minim baabi a mehu no;

anaasɛ metumi akɔ ne tenabea a

4anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim

na magye akyinnye bebree.

5Anka mɛte mmuae a ɔde bɛma me,

na madwen nea ɔbɛka ho.

6Ɔbɛsɔre atia me dennen ana?

Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.

7Ɛhɔ de, nnipa trenee betumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim,

na wobegye me afi me temmufo nsam afebɔɔ.

8“Nanso sɛ mekɔ apuei fam a onni hɔ;

sɛ mekɔ atɔe fam nso a minhu no.

9Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a minhu no;

sɛ ɔdan ne ho kɔ anafo fam a, mʼani nhye ne ho.

10Nanso onim ɔkwan a menam so;

na sɛ ɔsɔ me hwɛ a mepue sɛ sikakɔkɔɔ.

11Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ;

na manantew nʼakwan so a mamman.

12Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho,

mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan.

13“Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no?

Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

14Ɔde ne mmaransɛm di dwuma tia me;

ɔda so kora nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bebree.

15Ɛno nti na mebɔ hu wɔ nʼanim;

na sɛ midwen eyinom nyinaa ho a, misuro no.

16Onyankopɔn ama me koma abotow;

Otumfo ama mabɔ huboa.

17Nanso sum no mma menka mʼano nto mu,

sum kabii a ɛkata mʼanim no.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约伯记 23:1-17

约伯的回答

1约伯回答说:

2“我的哀诉至今充满苦楚,

祂的责罚使我呻吟不止。

3但愿我知道何处能寻见上帝,

知道怎样去祂的居所。

4我好在祂面前陈明案情,

滔滔不绝地为自己申辩;

5我好知道祂的答复,

看看祂对我说什么。

6祂会用大能与我争辩吗?

不会的,祂会垂听我的申诉,

7允许正直的人与祂理论,

审判者会让我永远脱罪。

8“然而,我去东边,祂不在那里;

我到西边,也找不到祂。

9祂在北边工作,我看不见祂;

祂转到南边,我也看不见祂。

10但祂知道我的一举一动,

我被祂试炼后必如纯金。

11我紧随祂的脚步,

持守祂的道,没有偏离。

12我没有违背祂的诫命,

我珍视祂的话语胜过我日用的饮食。

13祂独行其事,谁能阻挡祂?

祂按自己的意愿行事。

14祂在我身上的计划必然实现,

祂还有许多这样的计划。

15所以,我在祂面前惊恐不安。

我想起这事,便对祂充满恐惧。

16上帝使我心惊胆战,

全能者使我惊恐不安。

17然而,我不会因为置身黑暗,

被幽暗笼罩而缄默不言。