Hiob 22 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 22:1-30

Elifas Mmuae A Ɛto So Abien

1Na Temanni Elifas buae se,

2“Onyankopɔn benya onipa so mfaso ana?

Mpo onyansafo so bɛba no mfaso ana?

3Sɛ woyɛ ɔtreneeni a, anigye bɛn na Otumfo no benya?

Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfaso bɛn na obenya?

4“Wo kronkronyɛ nti na ɔka wʼanim

na ɔbɔ wo kwaadu ana?

5Ɛnyɛ wʼamumɔyɛ na ɛso?

Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo?

6Wopɛɛ bammɔ fii wo nuanom nkyɛn a emfi hwee so;

wopaa nnipa ho ntama ma wɔdaa adagyaw.

7Woamma abrɛfo nsu annom

na wode aduan kamee nea ɔkɔm de no,

8nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, wɔ nsase,

onuonyamfo a ɔte so.

9Wopam akunafo ma wɔkɔɔ nsapan

na womaa ayisaa nso ahoɔden sae.

10Ɛno nti na mfiri atwa wo ho ahyia,

na amanehunu a ɛba ntɛm so bɔ wo hu yi,

11ɛno nti na sum kabii aduru a wunhu ade,

na asorɔkye akata wo so yi.

12“So Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri ana?

Hwɛ sɛnea ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!

13Nanso woka se, ‘Dɛn na Onyankopɔn nim?

Sum yi mu na obu atɛn ana?

14Omununkum kabii akata nʼanim nti onhu yɛn

bere a ɔnenam ɔsoro kontonkurowi mu.’

15So wobɛkɔ so afa ɔkwan dedaw a

abɔnefo anantew so no so ana?

16Wɔpraa wɔn kɔe ansa na wɔn bere reso,

na nsuyiri hohoroo wɔn fapem.

17Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se, ‘Gyaa yɛn!

Dɛn na Otumfo betumi ayɛ yɛn?’

18Nanso ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afi mu,

nti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho.

19Atreneefo hu wɔn asehwe ma wɔn ani gye;

na wɔn a wɔn ho nni asɛm serew wɔn ka se,

20‘Wɔasɛe yɛn atamfo,

na ogya ahyew wɔn agyapade.’

21“Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoe wɔ ne mu;

saa ɔkwan yi so na yiyedi bɛfa ayɛ wo kyɛfa.

22Tie akwankyerɛ a efi nʼanom,

na fa ne nsɛm sie wo koma mu.

23Sɛ wosan kɔ Otumfo no nkyɛn a obegye wo ato mu bio:

sɛ wuyi amumɔyɛsɛm fi wo ntamadan mu

24na wotow wo sika mpɔw gu mfutuma mu

ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abon mu no so a,

25ɛno de Otumfo bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ

ɔbɛyɛ dwetɛ ankasa ama wo.

26Afei nokware wubenya anigye wɔ Otumfo mu

na wobɛpagyaw wʼani akyerɛ Onyankopɔn.

27Wobɛbɔ no mpae, na obetie wo,

na wubedi wo bɔhyɛ so.

28Nea woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu,

na hann bɛtɔ wʼakwan so.

29Sɛ nnipa hwe ase na woka se, ‘Ma wɔn so!’ a,

obegye wɔn a wɔahwe ase no nkwa.

30Obegye abɔnefo mpo,

ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so begye wɔn.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 22:1-30

Elifas Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa

1Na Temanni Elifas buaa sɛ,

2“Onyankopɔn bɛnya onipa ho mfasoɔ anaa?

Mpo onyansafoɔ ho bɛba no mfasoɔ anaa?

3Sɛ woyɛ ɔteneneeni a, anigyeɛ bɛn na Otumfoɔ no bɛnya?

Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?

4“Wo kronnyɛ enti na ɔka wʼanim

na ɔbɔ wo kwaadu anaa?

5Ɛnyɛ wʼamumuyɛ na ɛsoɔ?

Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo?

6Wopɛɛ banbɔ firii wo nuanom nkyɛn a ɛnni nteaseɛ biara;

wopaa nnipa ho ntoma ma wɔdaa adagya.

7Woamma abrɛfoɔ nsuo annom

na woamfa aduane amma deɛ ɛkɔm de no.

8Nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɔwɔ nsase,

onimuonyamfoɔ a ɔte so.

9Wopamoo akunafoɔ ma wɔkɔɔ nsapan

na womaa nwisiaa nso ahoɔden saeɛ.

10Ɛno enti na mfidie atwa wo ho ahyia,

na amanehunu a ɛba ntɛm so abɔ wo hu yi,

11adɛn enti na esum aduru a wonhunu adeɛ,

na asorɔkye akata wo so.

12“Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri?

Hwɛ sɛdeɛ ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!

13Nanso woka sɛ, ‘Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim?

Esum yi mu na ɔbu atɛn anaa?

14Omununkum kabii akata nʼanim enti ɔnhunu yɛn

ɛberɛ a ɔnenam ɔsoro kɔntɔnkurowi mu.’

15Wobɛkɔ so afa ɛkwan dada a

abɔnefoɔ anante soɔ no so?

16Wɔpraa wɔn kɔɔeɛ ansa na wɔn berɛ reso,

na nsuyire hohoroo wɔn fapem.

17Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Gyaa yɛn!

Ɛdeɛn na Otumfoɔ bɛtumi ayɛ yɛn?’

18Nanso, ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afie mu,

enti metwe me ho mefiri amumuyɛfoɔ afutuo ho.

19Teneneefoɔ hunu wɔn asehweɛ ma wɔn ani gye;

na wɔn a wɔn ho nni asɛm sere wɔn ka sɛ,

20‘Wɔasɛe yɛn atamfoɔ,

na ogya ahye wɔn agyapadeɛ.’

21“Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoeɛ wɔ ne mu;

saa ɛkwan yi so na yiedie bɛyɛ wo kyɛfa.

22Tie akwankyerɛ a ɛfiri nʼanom,

na fa ne nsɛm sie wʼakoma mu.

23Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ no nkyɛn a, ɔbɛgye wo atom bio:

sɛ woyi amumuyɛsɛm firi wo ntomadan mu

24na woto wo sika mpɔ gu mfuturo mu

ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abɔn mu no so a,

25ɛnneɛ Otumfoɔ bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ;

ɔbɛyɛ dwetɛ amapa ama wo.

26Afei nokorɛm wobɛnya anigyeɛ wɔ Otumfoɔ mu

na wobɛpagya wʼani akyerɛ Onyankopɔn.

27Wobɛbɔ no mpaeɛ, na ɔbɛtie wo,

na wobɛdi wo bɔhyɛ so.

28Deɛ woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu,

na hann bɛtɔ wʼakwan so.

29Sɛ nnipa hwe ase na woka sɛ, ‘Ma wɔn so!’ a,

ɔbɛgye wɔn a wɔahwe ase no nkwa.

30Ɔbɛgye abɔnefoɔ mpo,

ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so bɛgye wɔn.”