Hiob 21 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 21:1-34

1Na Hiob buae se,

2Muntie me nsɛm no yiye.

Momma eyi nyɛ awerɛkyekye a mode ma me.

3Munnya ntoboase mma me bere a merekasa,

na sɛ mekasa wie a, monkɔ so nni fɛw.

4“Minwiinwii hyɛ onipa ana?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase?

5Monhwɛ me, na mo ho nnwiriw mo;

momfa mo nsa nkata mo ano.

6Sɛ midwen eyi ho a, mebɔ hu;

na me ho popo.

7Adɛn nti na amumɔyɛfo tena nkwa mu?

Wonyin kyɛ na wɔkɔ so di tumi.

8Wohu wɔn mma a atwa wɔn ho ahyia no nkɔso,

wohu wɔn nenanom.

9Ɔhaw nni wɔn afi mu, na ehu nni hɔ;

Onyankopɔn asotwe mma wɔn so.

10Wɔn anantwinini nnyɛ asaadwe;

na wɔn anantwibere nwo a wɔmpɔn.

11Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nguankuw;

na emu mmotafowa no huruhuruw.

12Wɔto nnwom wɔ akasae ne sanku so;

na wɔde atɛntɛbɛn nnyigyei gye wɔn ani.

13Wodi yiye wɔn nkwanna mu

na wɔkɔ ɔdae mu asomdwoe mu.

14Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Fi yɛn so!

Yɛmpɛ sɛ yehu wʼakwan.

15Hena ne otumfo no a ɛsɛ sɛ yɛsom no?

Sɛ yɛbɔ no mpae a mfaso bɛn na yebenya?’

16Nanso wɔn nkɔso no nni wɔn nsam,

enti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho.

17“Nanso mpɛn ahe na wodum amumɔyɛfo kanea?

Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so,

nea Onyankopɔn fi nʼabufuw mu de ba no?

18Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ sare wɔ mframa ano,

te sɛ ntɛtɛ a mframaden bi apra wɔn?

19Wɔka se, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’

Ɛsɛ sɛ ɔtwe onipa no ankasa aso ma ohu.

20Ma ɔno ankasa ani nhu ne sɛe;

ma Otumfo abufuwhyew no nka nʼani.

21Dɛn na ɛfa wɔn ho fa wɔn abusuafo a woagyaw wɔn akyi no ho

bere a asram a wɔatwa ama no aba awiei no?

22“Obi betumi akyerɛ Onyankopɔn nyansa,

wɔ bere a obu atitiriw mpo atɛn?

23Obi wu wɔ bere a ɔwɔ ahoɔden

ne ho tɔ no na nʼaso mu adwo no,

24na ne nipadua ayɛ frɔmfrɔm,

na hon ahyɛ ne nnompe ma.

25Ɔfoforo nso de ɔkra mu yawdi wu,

a wanka asetena pa anhwɛ da.

26Wosie wɔn nyinaa wɔ mfutuma koro mu,

ma asunson nnunu wɔn nyinaa.

27“Mahu mo adwene,

ɔkwan a mobɛfa so afom me.

28Moka se, ‘Onipa kɛse no fi wɔ he,

ntamadan a omumɔyɛfo no tenaa mu no?’

29So mummmisaa wɔn a wotu kwan no asɛm da?

Wɔn amanneɛbɔ mu nsɛm ho nhiaa mo

30sɛ onipa bɔne nya ne ti didi mu amanehunu da,

na wogye wɔn abufuwhyew da no ana?

31Hena na ɔde ne suban si nʼanim?

Hena na otua no nea wayɛ so ka?

32Wɔsoa no kɔ ɔda mu,

na wɔwɛn nʼaboda.

33Obon mu dɔte yɛ no dɛ;

nnipa nyinaa di nʼakyi,

na dɔm a wontumi nkan wɔn di nʼanim.

34“Enti ɛbɛyɛ dɛn na mode mo nsɛnhunu bɛkyekye me werɛ?

Mo mmuae nyɛ hwee sɛ atoro!”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約伯記 21:1-34

約伯的回答

1約伯回答說:

2「你們仔細聽我說,

便是給我的慰藉。

3請容忍我把話說完,

之後任憑你們嘲笑。

4我豈是向人抱怨?

我有理由不耐煩。

5你們看到我會大吃一驚,

嚇得用手掩口。

6我一想到自己,就心驚膽戰,

渾身發抖。

7為何惡人活著,得享長壽,

勢力強大?

8他們的兒孫圍繞膝前,

他們得見後代茁壯成長。

9他們家中平安無懼,

他們不被上帝杖打。

10他們的公牛繁殖力強,

他們的母牛從不掉胎。

11他們讓孩童像羊群一樣走到戶外,

盡情地歡跳。

12他們伴著鈴鼓和豎琴歌唱,

在笛聲中歡喜不已。

13他們一生幸福,

安然下到陰間。

14他們對上帝說,『離開我們,

我們不想學習你的道。

15全能者是誰,竟要我們事奉祂?

向祂禱告有何益處?』

16看啊,他們的幸福不在他們手中;

因此,我決不苟同他們的想法。

17「惡人的燈何曾熄滅?

災難何曾臨到他們?

上帝何曾發怒使他們受苦?

18他們何曾像風中的碎稭,

像被暴風捲去的糠秕?

19你們說上帝會把懲罰留給他們的兒女,

我認為不如報應在他們本人身上,

讓他們親自領教。

20願他們親眼看見自己滅亡。

願他們喝下全能者的烈怒。

21因為他們的歲月一旦度盡,

又怎會關心身後的家人?

22「上帝既審判身居高位者,

誰還能傳授知識給祂?

23有人至死仍充滿活力,

盡享平靖安逸。

24他營養充足,

骨骼健壯。

25有人至死心中苦痛,

從未嚐過幸福的滋味。

26二者都埋入塵土,

被蛆蟲覆蓋。

27我知道你們的想法,

並那些冤枉我的詭計。

28你們問,『權貴的房子如今何在?

惡人住的帳篷今在何方?』

29難道你們沒有問過旅客,

不接受他們的說法?

30就是惡人在災難之日得到倖免,

在上帝發怒之日得以逃脫。

31誰會當面斥責他們的惡行,

因其所作所為而報應他們?

32他們被抬入墳墓後,

還有人看守墓地。

33他們在谷中的沃土安息,

送葬的人前呼後擁,不計其數。

34你們的空談怎能安慰我?

你們的回答純屬荒謬。」