Hiob 14 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 14:1-22

1“Nnipa a ɔbea awo wɔn

nna yɛ tiaa bi na ɔhaw ahyɛ mu mma.

2Ɔfefɛw te sɛ nhwiren na etwintwam;

ɔte sɛ sunsuma a ɛretwa mu akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ.

3Woma wʼani kɔ saa onipa yi so?

Wode no bɛba wʼanim abebu no atɛn ana?

4Hena na obetumi ayi nea ɛyɛ kronkron afi fi mu?

Obiara nni hɔ.

5Woahyehyɛ onipa nkwa nna;

woahyɛ nʼasram dodow ato hɔ

na woahyɛ no bere a ɔrentumi ntra.

6Enti yi wʼani fi ne so na ɔnyɛ nea ɔpɛ,

kosi sɛ obewie nʼadwuma sɛ ɔpaani.

7“Dua mpo anidaso wɔ hɔ ma no:

Sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio,

na ne mman foforo no rempenpan.

8Ne ntin betumi anyin akyɛ asase mu

na ne dunsin nso awu wɔ dɔte mu,

9nanso, onya nsu a ɛfefɛw,

na eyiyi mman sɛ dua a wɔatɛw.

10Nanso sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam;

ɔhome nea etwa to a, na afei onni hɔ bio.

11Sɛnea nsu tu yera wɔ po mu no,

anaa sɛnea suka mu yowee no,

12saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio;

enkosi sɛ ɔsoro betwa mu no, nnipa rensɔre

na wɔrennyan wɔn mfi wɔn nna mu.

13“Sɛ anka wode me besie ɔda mu

de me ahintaw kosi sɛ wʼabufuw betwa mu!

Sɛ anka wobɛhyɛ me bere

na afei woakae me!

14Sɛ onipa wu a ɔbɛba nkwa mu bio ana?

Mʼaperedi nna mu nyinaa

mɛtwɛn akosi sɛ me foforoyɛ bɛba.

15Wobɛfrɛ na megye wo so;

wʼani begyina abɔde a wo nsa ayɛ.

16Afei wobɛkan mʼanammɔntu

na worenni me bɔne akyi.

17Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotoku mu,

na woakata mʼamumɔyɛ so.

18“Nanso sɛnea mmepɔw so hohoro na ɛpompono

na ɔbotan nso twe fi ne sibea no,

19sɛnea nsu yiyi abo ho

na osuhweam twe dɔte kɔ no

saa ara na wosɛe onipa anidaso.

20Wutintim ne so prɛko pɛ, na otwa mu kɔ;

wosakra ne nipasu na wugya no kwan.

21Sɛ wɔhyɛ ne mmabarima anuonyam a, onnim;

na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, onhu.

22Ɔno ara were mu yaw na ɔtee

na ɔno ara ne ho na ogyam.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 14:1-22

1“Onipa a ɔbaa awo no no

ne nna yɛ tiaa bi na ɔhaw dɔɔso wɔ mu.

2Ɔfefɛ te sɛ nhwiren na ɛtwintwam;

ɔte sɛ sunsum a ɛretwam akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ.

3Woma wʼani kɔ saa onipa yi so?

Wode no bɛba wʼanim abɛbu no atɛn anaa?

4Hwan na ɔbɛtumi ayi deɛ ɛyɛ kronn afiri efi mu?

Obiara nni hɔ.

5Woahyehyɛ onipa nkwa nna;

woahyɛ nʼabosome dodoɔ ato hɔ

na woahyɛ no ɛberɛ a ɔrentumi ntra.

6Enti, yi wʼani firi ne so na ɔnyɛ deɛ ɔpɛ,

kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼadwuma sɛ ɔpaani.

7“Dua mpo anidasoɔ wɔ hɔ ma no:

Sɛ wɔtwa a, ɛbɛfefɛ bio,

na ne mman foforɔ no rempempan.

8Ne nhini bɛtumi anyini akyɛre asase mu

na ne dunsini nso awu wɔ dɔteɛ mu,

9nanso, ɔnya nsuo a ɛfefɛ,

na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ.

10Nanso, sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam;

ɔhome deɛ ɛtwa toɔ a, na afei ɔnni hɔ bio.

11Sɛdeɛ nsuo tu yera wɔ ɛpo mu no,

anaa sɛdeɛ nsuka mu weɛ no,

12saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio;

ɛnkɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam no, nnipa rensɔre

na wɔrennyane wɔn mfiri wɔn nna mu.

13“Sɛ anka wode me bɛsie damena mu

de me ahinta kɔsi sɛ wʼabofuo bɛtwam!

Sɛ anka wobɛhyɛ me berɛ

na afei woakae me!

14Sɛ onipa wu a, ɔbɛba nkwa mu bio anaa?

Mʼaperedie nna mu nyinaa

mɛtwɛn akɔsi sɛ me foforɔyɛ bɛba.

15Wobɛfrɛ na mɛgye wo so;

wʼani bɛgyina abɔdeɛ a wo nsa ayɛ.

16Afei wobɛkan mʼanammɔntuo

na worenni me bɔne akyi.

17Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotokuo mu,

na woakata mʼamumuyɛ so.

18“Nanso, sɛdeɛ mmepɔ so hohoro na ɛdwirie

na abotan nso twe firi ne siberɛ no,

19sɛdeɛ nsuo yiyi aboɔ ho

na osutɔ brane twe dɔteɛ kɔ no

saa ara na wosɛe onipa anidasoɔ.

20Wotintim ne so prɛko pɛ, na ɔtwam kɔ;

wosakyera ne nipasu na wogya no kwan.

21Sɛ wɔhyɛ ne mmammarima animuonyam a, ɔnnim;

na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, ɔnhunu.

22Ɔno ara wedeɛ mu yea na ɔteɛ

na ɔno ara ne ho na ɔgyam.”