Hiob 12 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 12:1-25

Hiob Bua Sofar

1Na Hiob buae se,

2“Akyinnye nni ho, mo ne nnipa no

na muwu a na nyansa asa!

3Nanso mewɔ adwene sɛ mo ara

monnsen me.

Hena na onnim saa nneɛma yi nyinaa?

4“Mayɛ aserewde ama me nnamfonom,

mefrɛɛ Onyankopɔn na obuae,

aserewde teta bi, nanso meteɛ na me ho nni asɛm.

5Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn no bu amanehunu animtiaa

sɛnea wobu wɔn a wɔn nan rewatiri no awiei animtiaa no.

6Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfo ntamadan,

na wɔn a woyi Onyankopɔn abufuw wɔ bammɔ

na Onyankopɔn bɔ nea ɔde ma wɔn ho ban.

7“Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ wo

anaasɛ wim nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo

8anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo,

anaasɛ ma po mu mpataa nka nkyerɛ wo.

9Wɔn nyinaa mu hena na onnim sɛ

Awurade nsa na ayɛ eyi.

10Ne nsam na abɔde nyinaa home wɔ

ne adesamma nyinaa home.

11So aso nsɔ nsɛm nhwɛ

sɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no ana?

12Wonnya nyansa mfi mpanyin nkyɛn,

na ɛnyɛ onyinkyɛ na ɛde ntease ba ana?

13“Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn de;

afotu ne ntease yɛ ne dea.

14Nea obubu gu no, obiara rentumi nsi;

nea ɔde no to afiase no, obiara rentumi nyi no.

15Sɛ ɔma osu gyae tɔ a, asase no so yɛ wosee;

sɛ ogyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.

16Ahoɔden ne nkonimdi yɛ ne de

osisifo ne nea wosisi no no nso yɛ ne de.

17Ɔpa afotufo ho ntama ma wɔkɔ

na ɔma atemmufo yɛ nkwasea.

18Ɔworɔw ahemfo nkyehama

na ɔde abɔso bɔ wɔn asen.

19Ɔpa asɔfo ho ntama,

na otu nnipa a wɔn ase atim akyɛ gu.

20Ɔka afotufo a wogye wɔn di no kasaboa hyɛ,

na ogye mpanyimfo nhumu.

21Ɔde animguase gu atitiriw so

na otintim gye ahoɔdenfo nsam akode.

22Ɔda sum mu nneɛma a ahintaw adi

na ɔde sum kabii ba hann mu.

23Ɔyɛ aman akɛse, na ɔsɛe wɔn;

ɔtrɛw aman mu, na ɔhwete wɔn mu.

24Ogye wiase akannifo adwene fi wɔn nsam;

na ɔma wokyinkyin asase wosee a ɔkwan nna so so.

25Wɔkeka wɔ sum mu a wonni kanea;

na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabowfo.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 12:1-25

Hiob Bua Sofar

1Na Hiob buaa sɛ,

2“Ampa ara mone nnipa no,

na mowu a na nyansa asa!

3Nanso mewɔ adwene sɛ mo ara

na monnsene me.

Hwan na ɔnnim saa nneɛma yi nyinaa?

4“Mayɛ aseredeɛ ama me nnamfonom,

mefrɛɛ Onyankopɔn na ɔbuaeɛ.

Mayɛ aseredeɛ tata, nanso metene, na me ho nni asɛm.

5Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn bu amanehunu animtiaa

sɛdeɛ wɔbu wɔn a wɔn nan rewatiri no awieeɛ animtiaa.

6Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfoɔ ntomadan,

na wɔn a wɔma Onyankopɔn bo fuo no wɔ banbɔ

na Onyankopɔn bɔ deɛ ɔde ma wɔn ho ban.

7“Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ wo

anaasɛ ewiem nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo

8anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo,

anaasɛ ma ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo.

9Wɔn nyinaa mu hwan na ɔnnim sɛ

Awurade nsa na ayɛ yei.

10Ne nsam na abɔdeɛ nyinaa ahome wɔ

ne adasamma nyinaa ahome.

11Aso nsɔ nsɛm nnhwɛ,

sɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no anaa?

12Wɔnnya nyansa mfiri mpanin nkyɛn,

na ɛnyɛ ɔnyinkyerɛ na ɛde nteaseɛ ba anaa?

13“Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn dea;

afotuo ne nteaseɛ yɛ ne dea.

14Deɛ ɔbubu guo no, obiara rentumi nsi;

deɛ ɔde no to nneduadan mu no, obiara rentumi nyi no.

15Sɛ ɔma osuo gyae tɔ a, asase no so yɛ wesee;

sɛ ɔgyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.

16Ahoɔden ne nkonimdie wɔ no

osisifoɔ ne deɛ wɔsisi noɔ nso wɔ no.

17Ɔpa afotufoɔ ho ntoma ma wɔkɔ

na ɔma atemmufoɔ yɛ nkwasea.

18Ɔworɔ ahemfo nkyehoma

na ɔde abɔsoɔ bɔ wɔn asene.

19Ɔpa asɔfoɔ ho ntoma,

na ɔtu nnipa a wɔn ase atim akyɛre gu.

20Ɔka afotufoɔ a wɔgye wɔn die no kasaboa hyɛ,

na ɔgye mpanimfoɔ nhunumu.

21Ɔde animguaseɛ gu atitire so

na ɔtintim gye ahoɔdenfoɔ nsam akodeɛ.

22Ɔda esum mu nneɛma a ahinta adi

na ɔde esum kabii ba hann mu.

23Ɔyɛ aman akɛseɛ, na ɔsɛe wɔn;

ɔtrɛ aman mu, na ɔhwete wɔn mu.

24Ɔgye ewiase akannifoɔ adwene firi wɔn nsam;

na ɔma wɔkyinkyini asase wesee a ɛkwan nna soɔ so.

25Wɔhwehwɛ wɔ esum mu a wɔnni kanea;

na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabofoɔ.