Hiob 10 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 10:1-22

1“Abrabɔ afono me;

enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie

na mɛkasa afi me kra yawdi mu.

2Mɛka akyerɛ Onyankopɔn se: Mmu me kumfɔ,

na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.

3Ɛyɛ wo fɛ sɛ wohyɛ me so,

de po wo nsa ano adwuma,

na woserew hwɛ amumɔyɛfo nhyehyɛe?

4Wowɔ ɔhonam mu ani ana?

Wuhu ade te sɛ ɔdesani ana?

5Wo nkwanna te sɛ ɔdesani

anaa wo mfe te sɛ onipa hoɔdenfo,

6a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomso

na wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?

7Ɛwɔ mu, wunim sɛ minni fɔ,

na obiara nso ntumi nnye me mfi wo nsam.

8“Wo nsa na ɛnwenee me na ɛbɔɔ me.

Afei wobɛdan wo ho asɛe me ana?

9Kae sɛ wonwen me sɛ dɔte.

Na wobɛdan me ayɛ me mfutuma bio ana?

10So woanhwie me sɛ nufusu

na woammɔ me toa sɛ srade,

11amfa were ne honam ankata me ho

ankeka nnompe ne ntin antoatoa mu ana?

12Womaa me nkwa, yii ayamye kyerɛɛ me,

na ɔhwɛsie mu wohwɛɛ me honhom so.

13“Nanso eyi na wode siee wo koma mu,

na minim sɛ na eyi wɔ wʼadwene mu.

14Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me

na wobɛma me so asotwe.

15Na sɛ midi fɔ a, nnome nka me!

Na sɛ mpo midi bem a, merentumi mma me ti so,

efisɛ aniwu ahyɛ me ma

na mʼamanehunu amene me.

16Na sɛ mema me ti so a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata,

na bio woda wʼanwonwatumi no adi tia me.

17Wode nnansefo foforo betia me

na woma wʼabufuw ano yɛ den wɔ me so;

wʼasraafo tu ba me so bere biara.

18“Adɛn nti na woma wɔwoo me?

Ɛkaa me nko a anka miwui ansa na ani bi rehu me.

19Sɛ anka mamma nkwa yi mu,

anaasɛ wɔsoaa me fi awotwaa mu de me kɔɔ ɔda mu tee!

20So ɛnkaa kakraa bi na me nna kakraa no to ntwaa ana?

Gyaa me na minya anigye bere tiaa bi

21ansa na makɔ koransan

kusuuyɛ ne sunsuma kabii asase so,

22asase a ɛyɛ anadwo sum kabii,

sum kabii ne sakasaka,

baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ sum.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約伯記 10:1-22

1「我厭惡自己的生命,

我要傾訴我的哀怨,

吐露心中的苦水。

2我對上帝說,『不要定我的罪。

請告訴我,你為何指控我?

3難道你喜悅壓迫、鄙視你造的人,

卻青睞惡人的計謀?

4難道你的眼是肉眼,

目光如凡人般短淺?

5難道你的年日有限,

歲月如世人般短暫?

6以致你探查我的過犯,

追究我的罪愆?

7其實你知道我沒有犯罪,

無人能從你手中解救我。

8『你親手造我塑我,

現在卻要毀滅我。

9別忘了你用泥土造我10·9 用泥土造我」或譯「把我造的像泥土」。

難道要使我復歸塵土?

10你將我像奶一樣倒出,

使我像乳酪一樣凝固。10·10 此句描述胚胎在母腹中如何成形。

11你給我穿上皮肉,

用筋骨把我編就。

12你賜我生命給我慈愛,

你的眷顧使我保全性命。

13『但你心中藏著計劃,

我知道你早有此意,

14我若犯罪,你就鑒察,

不肯赦免我的罪。

15我若有罪,便遭禍患;

即使清白,也不敢抬頭,

因為我飽嚐羞辱,吃盡苦頭。

16我若昂首挺立,

你會像獅子般追捕我,

再次施展大能攻擊我。

17你一再派證人指控我,

你對我越來越憤怒,

使軍隊輪流攻擊我。

18你為何讓我出母腹?

我不如當時就死去,

無人會看見我——

19好像我從未出生,

一出母腹就被送進墳墓。

20我的年日不多,

求你放過我,

讓我歡樂片刻。

21我很快就一去不返,

進入幽冥黑暗之地。

22那裡一片漆黑,幽暗混亂;

那裡的光昏暗不明。』」