Hesekiel 8 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 8:1-18

Asɔredan Mu Abosonsom

1Afe a ɛto so asia mu, asram asia no da a ɛto so anum a na mete me fi, na Yuda mpanyimfo tete mʼanim no, Otumfo Awurade nsa baa me so wɔ hɔ. 2Mehwɛe, na mihuu abɔsu bi a ɛte sɛ onipa. Efi baabi a ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne fam no, na ɔte sɛ ogya, na efi hɔ rekɔ ne soro no na ne tebea hyerɛn sɛ dade a adɔ. 3Ɔteɛɛ biribi te sɛ nsa de soo me tinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaw me de me kɔɔ wim na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehu mu kɔɔ Yerusalem kogyinaa mfimfini adiwo no atifi pon ano, faako a ohoni a ɛyɛ ninkutwe farebae no si. 4Na hɔ, wɔ mʼanim na na Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ, te sɛ anisoadehu a minyaa no wɔ tataw no so no.

5Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛe, na mihuu saa ninkutwe farebae honi yi wɔ ɔpon a ɛwɔ afɔremuka no atifi fam no mu.

6Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, wuhu nea wɔreyɛ yi, akyiwade a ɛmfra, a Israelfi reyɛ wɔ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afi me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wubehu nneɛma a ɛsen akyiwade yi koraa.”

7Afei ɔde me baa adiwo hɔ pon no ano. Mehwɛe, na mihuu tokuru wɔ ɔfasu no mu. 8Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tu ɔfasu no mu tokuru.” Enti mituu ɔfasu no mu tokuru, na mihuu ɔpon ano kwan bi wɔ hɔ.

9Ɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimɔdensɛm ne akyiwade a wɔreyɛ wɔ ha.” 10Enti mekɔɔ mu kɔhwɛe, na mihuu afasu a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahorow nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwade ne Israelfi ahoni ahorow nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa. 11Wɔn anim na na Israelfo mpanyimfo aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrantraa a aduhuam wusiw huamhuam fi so rekɔ soro. 12Obisaa me se, “Onipa ba woahu nea Israelfo mpanyimfo no mu biara reyɛ wɔ nʼankasa honi abosonnan mu wɔ sum mu ana? Wɔka se, ‘Awurade nhu yɛn; Awurade agyaw asase no!’ ” 13Ɔkaa bio se, “Wubehu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwade a mpo ɛsen eyi.”

14Afei ɔde me baa Awurade fi no atifi pon no kwan ano, na mihuu mmea a wɔtete hɔ resu Tamus. 15Obisaa me se, “Onipa ba wuhu eyi? Wubehu nneɛma a ɛyɛ akyiwade a ɛsen eyi.”

16Afei ɔde me baa Awurade fi adiwo a ɛwɔ mfimfini no, na hɔ, hyiadan no ano kwan, wɔ abrannaa ne afɔremuka no ntam, na hɔ na mmarima bɛyɛ aduonu anum wɔ. Wɔn akyi kyerɛ Awurade asɔredan na wɔn anim kyerɛ apuei fam, na wɔrekotow som owia a ɛwɔ apuei fam.

17Obisaa me se, “Woahu eyi, onipa ba? Akyiwade a Yudafi reyɛ wɔ ha yi yɛ adewa ana? So ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuw ana? Hwɛ wɔabu me animtiaa agu mʼanim ase! 18Ɛno nti, me ne wɔn bedi no abufuw so. Merenhu wɔn mmɔbɔ na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwɔ mu sɛ, wɔteɛ mu tuatua mʼaso de, nanso merentie wɔn.”

Korean Living Bible

에스겔 8:1-18

에스겔의 두 번째 환상

18:1 원문에는 ‘6년 6월 5일에’우리가 포로 생활을 한 지 6년째가 되던 해 6월 5일에 나는 유다 장로들과 함께 내 집에 앉아서 이야기를 하다가 갑자기 주 여호와의 능력에 사로잡히게 되었다.

2그때 내가 환상 가운데서 보니 불 같은 사람 형체가 있었다. 그 하반신은 불 같고 상반신은 벌겋게 달아오른 쇠처럼 밝게 빛나고 있었다.

3그가 손 같은 것을 펴서 내 머리털을 잡으셨다. 그러자 환상 가운데서 하나님의 영이 나를 하늘 높이 끌어올려 예루살렘으로 데리고 가셨다. 그는 성전 안뜰의 북문 입구로 나를 인도하셨는데 그 곳은 질투를 불러일으키는 우상이 서 있는 곳이었다.

4내가 보니 그발 강가에서 환상을 보던 때처럼 이스라엘의 하나님이 계시는 것을 보여 주는 찬란한 영광의 광채가 거기에도 있었다.

5그가 나에게 “사람의 아들아, 이제 눈을 들어 북쪽을 바라보아라” 하고 말씀하셨다. 그래서 내가 바라보았더니 제단 문의 북쪽 입구에 이 질투의 우상이 있었다.

6그때 그가 다시 나에게 말씀하셨다. “사람의 아들아, 너는 이스라엘 백성이 하는 일을 보느냐? 그들이 여기서 더러운 일을 행하여 성소에서 나를 점점 더 멀리 몰아내고 있다. 그러나 너는 이보다 더 역겨운 일을 보게 될 것이다.”

7그런 다음 그는 또 나를 이끌고 성전 뜰 입구로 가셨다. 거기서 나는 담에 구멍 하나가 나 있는 것을 보게 되었다.

8그러자 그는 나에게 “사람의 아들아, 너는 이 담을 헐어라” 하고 말씀하셨다. 그래서 내가 그 담을 헐었더니 문 하나가 보였다.

9그가 나에게 “너는 들어가서 그들이 거기서 행하는 악하고 추한 일을 보아라” 하시기에

10내가 들어가 보았더니 온갖 8:10 또는 ‘곤충과’기어다니는 것들과 부정한 동물들과 이스라엘 백성이 섬기던 우상들이 벽 사방에 잔뜩 그려져 있었고

11그 앞에는 이스라엘 장로 70명이 사반의 아들 야아사냐와 함께 서 있었다. 그들은 각자 손에 향로를 들고 있었으며 그 향에서는 구름 같은 연기가 올라오고 있었다.

12그러자 그가 나에게 말씀하셨다. “사람의 아들아, 너는 이스라엘 장로들이 각자 우상의 방 어두운 데서 행하는 일을 보았느냐? 그들은 ‘여호와께서 우리를 보지 않으시며 이 땅을 버리셨다’ 하고 말한다.”

13그는 다시 나에게 “너는 그들이 행하는 일보다 더 역겨운 일을 볼 것이다” 하고 말씀하셨다.

14그런 다음 그는 나를 성전 북문으로 데리고 가셨는데 내가 보니 여자들이 앉아서 8:14 메소포타미아신화에의하면그는다산의신이었다.담무스 신의 죽음을 슬퍼하며 울고 있었다.

15그는 나에게 “사람의 아들아, 네가 이것을 보았느냐? 너는 이보다 더 역겨운 일을 보게 될 것이다” 하고 말씀하셨다.

16그러고서 그는 나를 성전 안뜰로 데리고 가셨다. 거기서 나는 성전 입구 곧 현관과 제단 사이에 약 25명의 사람들이 성전을 등지고 동쪽을 향하여 태양에게 경배하고 있는 것을 보았다.

17그러자 그가 나에게 말씀하셨다. “사람의 아들아, 네가 이것을 보았느냐? 유다 백성들이 여기서 행한 더러운 일들을 사소한 문제라고 할 수 있겠느냐? 그들이 이 땅을 끔찍한 죄로 가득 채워 계속 나의 분노를 일으키고 8:17 또는 ‘심지어나뭇가지를그코에두었느니라’가장 불쾌한 방법으로 나를 모욕하고 있다.

18그러므로 나도 분노하여 그들을 벌하고 그들을 아끼거나 불쌍히 여기지 않을 것이며 그들이 큰 소리로 나에게 부르짖어도 내가 듣지 않을 것이다.”