Hesekiel 6 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 6:1-14

Nkɔmhyɛ A Etia Israel Mmepɔw

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔw, na hyɛ nkɔm tia wɔn, 3na ka se, ‘Mo Israel mmepɔw, muntie Otumfo Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, abon ne aku: Merebɛtwe mo so afoa na masɛe mo sorɔnsorɔmmea. 4Wobebubu mo afɔremuka ahorow no na wɔasɛe nnuhuam adum; na mekunkum mo nkurɔfo wɔ mo ahoni anim. 5Mede Israelfo afunu begu wɔn ahoni anim na mede mo nnompe apete mo afɔremuka ahorow ho. 6Baabiara a mote no, nkurow no bɛda mpan na ne sorɔnsorɔmmea bɛsɛe, na ama mo afɔremuka ahorow no ada mpan na ayɛ amamfo, mo ahoni abubu na asɛe, mo nnuhuam adum abubu agu fam, na nea moayɛ nso ahwere mo. 7Mo nkurɔfo bɛtotɔ wɔ mo mu, na mubehu sɛ mene Awurade.

8“ ‘Nanso megyaw mo mu bi, efisɛ ebinom beguan afoa ano wɔ bere a moahwete wɔ nsase ne amanaman so. 9Na afei wɔn a woguan no bɛkae me wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, sɛnea madi awerɛhow wɔ wɔn aguamammɔ koma a wɔde twee wɔn ho fii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni no ho. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwini wɔ bɔne ne akyiwade a wɔayɛ no nti. 10Wobehu sɛ mene Awurade na mammɔ wɔn hu kwa sɛ mede saa ɔhaw yi bɛba wɔn so.

11“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteɛ mu se, “A!” esiane Israel fi amumɔyɛ ne akyiwade nyinaa nti, wobewuwu afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano. 12Ɔyaredɔm bekum nea ɔwɔ akyirikyiri. Nea ɔbɛn no bɛtɔ afoa ano na nea obefi mu na waka no, ɔkɔm bekum no. Saa na mede mʼabufuwhyew no bɛyɛ wɔn. 13Na wobehu sɛ mene Awurade, bere a wɔn nkurɔfo a watotɔ afunu deda wɔn ahoni ntam atwa wɔn afɔremuka ho ahyia, wɔ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so, mmepɔw atifi nyinaa ne nnua a adennan ne odum frɔmfrɔm ase, mmeaemmeae a wɔde nnuhuam bɔ afɔre ma wɔn ahoni nyinaa no. 14Afei mɛteɛ me nsa wɔ wɔn so na mama asase no ada mpan afi nweatam no akosi Ribla, baabiara a wɔtete. Na wobehu sɛ mene Awurade.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 6:1-14

责备以色列人拜偶像

1耶和华对我说: 2“人子啊,你要面向以色列的山岭说预言,斥责它们, 3说,‘以色列的山岭啊,要听主耶和华的话。祂对高山、丘陵、山涧、河谷说,我必亲自让刀剑临到你们,我必毁灭你们的神庙, 4使你们的祭坛荒废,香坛破裂!我必在你们的偶像面前杀戮以色列人, 5使他们横尸在你们的偶像面前,骸骨散在祭坛的四周。 6你们的城邑必沦为废墟,神庙沦为荒场,祭坛荒废,偶像被砸碎,香坛被捣毁,一切必化为乌有。 7被杀的人必横尸你们中间,你们就知道我是耶和华。

8“‘不过,我必为你们留下一些人,使他们脱离刀剑之灾,四散到各国。 9他们必在被掳的异地想起我怎样为他们忧伤,因为他们背叛我,心中淫乱,眼中恋慕与偶像苟合。他们必因自己的一切邪恶行为而厌恶自己。 10这样,他们就知道我是耶和华,我说要降灾祸给他们并非空话。’”

11主耶和华说:“你要拍手顿足地呼喊,‘唉,以色列人有祸了!’他们的一切邪恶行为必使他们倒在刀剑、饥荒和瘟疫之下。 12远处的必死于瘟疫,近处的必丧身刀下,其余的必死于饥荒。我必把烈怒倾倒在他们身上。 13他们必陈尸于祭坛周围的偶像间,就是他们在各高岗上、山顶上、绿树下和茂密的橡树下烧香祭拜偶像的地方,那时他们必知道我是耶和华。 14我必伸手攻击他们,使他们居住的地方,从旷野到第伯拉他,变得极其荒凉。这样,他们便知道我是耶和华。”