Hesekiel 47 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 47:1-23

Asubɔnten A Ɛsen Fi Asɔredan No Ho

1Ɔbarima no de me san baa asɔredan no kwan ano, na mihuu sɛ asu fi asɔredan no abobow ano ase a ɛsen kɔ apuei fam (na asɔredan no ani hwɛ apuei fam). Na asu no sen fii asɔredan no ase wɔ anafo fam; afɔremuka no anafo fam. 2Ɔde me fii adi faa atifi fam pon no mu na ɔde me faa mfikyiri baa abɔntenpon a ani hwɛ apuei no, na na asu no sen fi anafo fam.

3Bere a ɔbarima no rekɔ apuei fam a okura susuhama no, osusuw anammɔn apem ahannum (500,000), na afei ɔde me faa nsu a ɛdeda nan ase mu. 4Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na ɔde me faa nsu a ɛdeda kotodwe mu. Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na ɔde me faa nsu a ɛdeda sisi mu. 5Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na afei na asu no ayɛ asubɔnten a merentumi ntwa, efisɛ na mu dɔ nti, ɛsɛ sɛ woguare asubɔnten a obiara ntumi ntwa. 6Obisaa me se, “Onipa ba wuhu eyi ana?”

Afei ɔsan de me baa asubɔnten no konkɔn so. 7Miduu hɔ no, mihuu nnua bebree wɔ asubɔnten no konkɔn abien no so. 8Ɔka kyerɛɛ me se, “Saa asu yi sen kɔ apuei fam kɔbɔ Araba mu na hɔ na ɛbɔ po mu. Faako a ɛbɔ po mu hɔ no na nkyene nni asu no mu. 9Baabiara a asu no sen fa no, abɔde a wɔwɔ nkwa bebree bɛtena hɔ. Mpataa bebree bɛba hɔ efisɛ saa asu no sen fa hɔ na ɛma nsu a ɛyɛ nkyenenkyene no yɛ nsu pa; biribiara yɛ yiye wɔ baabiara a asu no sen fa. 10Apopofo begyinagyina mpoano hɔ; efi En-Gedi kosi En-Eglaim, wobenya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahorow bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Po kɛse no mu. 11Nanso dontori ne aforɔw no de, ɛbɛtena hɔ saa ara. Wobegyaw hɔ ama adan nkyene. 12Nnuaba nnua ahorow benyin wɔ asubɔnten no konkɔn abien no so. Wɔn nhaban rempo, na wɔn abasow renni huammɔ. Wɔbɛsow aba ɔsram biara, efisɛ nsu a efi kronkronbea hɔ no sen kɔ hɔ. Wɔn aba bɛyɛ aduan na wɔde wɔn nhaban asa yare.”

Asase No So Ahye

13Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “Ahye a wobɛtoto de akyekyɛ asase no mu ama Israel mmusuakuw dumien no sɛ agyapade a kyɛfa abien bɛyɛ Yosef dea no ni. 14Wobɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ ama wɔn. Efisɛ memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom na saa asase yi bɛyɛ mo agyapade.

15“Eyi na ɛbɛyɛ asase no hye:

“Atifi fam hye no bɛfa Hetlon kwan so akofi Po kɛse no, atwa mu Lebo Hamat akɔ Sedad, 16Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hye no ntam), na atoa so akɔ Haser Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hye so. 17Ɔhye no befi po no, afa Damasko atifi fam hye so akosi Hasar-Enan na Hamat hye no abɛda atifi fam. Eyi na ɛbɛyɛ atifi fam hye.

18Apuei fam hye no befi Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apuei fam po no akosi Tamar. Eyi na ɛbɛyɛ apuei fam hye.”

19Anafo fam hye no befi Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, na atoa so afa Misraim asuwa akosi Po Kɛse no. Eyi na ɛbɛyɛ anafo fam hye.

20Atɔe fam no, Po Kɛse no bɛyɛ ɔhye akosi faako a ɛne Lebo Hamat di nhwɛanim. Eyi bɛyɛ atɔe fam hye.

21“Monkyekyɛ asase yi mma mo ho mo ho, sɛnea Israel mmusuakuw no te. 22Monkyekyɛ mu sɛ agyapade mma mo ho ne ahɔho a wɔte mo mu a wɔwɔ mma. Ɛsɛ sɛ mofa wɔn sɛ nnipa a wɔawo wɔn sɛ Israelfo te sɛ mo ara; ɛsɛ sɛ wonya kyɛfa wɔ Israel mmusuakuw no mu. 23Abusuakuw biara a ɔhɔho bi bɛdɔm no, mu na ɛsɛ sɛ wɔma no nʼagyapade,” Otumfo Awurade asɛm ni.

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 47:1-23

Asubɔnten A Ɛtene Firi Asɔredan No Ho

1Ɔbarima no de me sane baa asɔredan no ɛkwan ano, na mehunuu sɛ nsuo firi asɔredan no aboboano ase a ɛtene kɔ apueeɛ fam (na asɔredan no ani hwɛ apueeɛ fam). Na nsuo no tene firii asɔredan no ase wɔ anafoɔ fam; afɔrebukyia no anafoɔ fam. 2Ɔde me firii adi faa atifi fam ɛpono no mu na ɔde me faa mfikyire baa abɔntenpono a ani hwɛ apueeɛ no, na na nsuo no tene firi anafoɔ fam.

3Ɛberɛ a ɔbarima no rekɔ apueeɛ fam a ɔkura susuhoma no, ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000), na afei ɔde me faa nsuo a ɛdeda nan ase mu. 4Ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000) bio na ɔde me faa nsuo a ɛdeda kotodwe mu. Ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000) bio na ɔde me faa nsuo a ɛdeda sisie mu. 5Ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000) bio na afei na nsuo no ayɛ asubɔnten a merentumi ntwa, ɛfiri sɛ na emu dɔ enti, ɛsɛ sɛ wɔdware asubɔnten a obiara ntumi ntwa. 6Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba wohunu yei anaa?”

Afei ɔsane de me baa asubɔnten no konkɔn so. 7Meduruu hɔ no, mehunuu nnua bebree wɔ asubɔnten no nkonkɔn mmienu no so. 8Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsuo yi tene kɔ apueeɛ fam kɔbɔ Araba mu na ɛhɔ na ɛbɔ ɛpo mu. Baabi a ɛbɔ ɛpo mu hɔ nsuo no yɛ deɛ nkyene nni mu. 9Baabiara a nsuo no tene fa no, abɔdeɛ a wɔwɔ nkwa bebree bɛtena hɔ. Mpataa bebree bɛba hɔ ɛfiri sɛ saa nsuo no tene fa hɔ na ɛma nsuo a ɛyɛ nkyenkyen no yɛ nsu pa; biribiara yɛ yie wɔ baabiara nsuo no tene fa. 10Apofofoɔ bɛgyinagyina mpoano hɔ; ɛfiri En-Gedi kɔsi En-Eglaim. Wɔbɛnya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahodoɔ bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Ɛpo kɛseɛ no mu. 11Nanso atɛkyɛ ne aforɔ no deɛ, ɛbɛtena hɔ saa ara. Wɔbɛgya hɔ ama adane nkyene. 12Nnuaba nnua ahodoɔ bɛnyini wɔ asubɔnten no konkɔn mmienu no so. Wɔn nhahan rempo, na wɔbɛso aba biribiara. Wɔbɛso aba ɔbosome biara, ɛfiri sɛ nsuo a ɛfiri kronkronbea hɔ no tene kɔ hɔ. Wɔn aba bɛyɛ aduane na wɔde wɔn nhahan asa yadeɛ.”

Asase No So Ahyeɛ

13Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Ahyeɛ a wobɛtoto de akyekyɛ asase no mu ama Israel mmusuakuo dumienu no sɛ agyapadeɛ a kyɛfa mmienu bɛyɛ Yosef dea no nie. 14Wobɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ ama wɔn. Ɛfiri sɛ memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom na saa asase yi bɛyɛ mo agyapadeɛ.

15“Yei na ɛbɛyɛ asase no hyeɛ:

“Atifi fam hyeɛ no bɛfa Hetlon ɛkwan so akɔfiri Ɛpo kɛseɛ no, atwam Lebo Hamat akɔ Sedad, 16Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ no ntam), na atoa so akɔ Haser-Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hyeɛ so. 17Ɛhyeɛ no bɛfiri ɛpo no, afa Damasko atifi fam hyeɛ so akɔsi Hasar-Enan na Hamat hyeɛ no abɛda atifi fam. Yei na ɛbɛyɛ atifi fam hyeɛ.

18Apueeɛ fam hyeɛ no bɛfiri Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apueeɛ fam ɛpo no akɔsi Tamar. Yei na ɛbɛyɛ apueeɛ fam hyeɛ.”

19Anafoɔ fam hyeɛ no bɛfiri Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, na atoa so afa Misraim asuwa akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Yei na ɛbɛyɛ anafoɔ fam hyeɛ.

20Atɔeɛ fam no, Ɛpo Kɛseɛ no bɛyɛ ɛhyeɛ akɔsi beaeɛ bi a ɛne Lebo Hamat di nhwɛanim. Yei bɛyɛ atɔeɛ fam hyeɛ.

21“Monkyekyɛ asase yi mma mo ho mo ho, sɛdeɛ Israel mmusuakuo no teɛ. 22Monkyekyɛ mu sɛ agyapadeɛ mma mo ho ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔwɔ mma. Ɛsɛ sɛ mofa wɔn sɛ nnipa a wɔawo wɔn sɛ Israelfoɔ te sɛ mo ara; ɛsɛ sɛ wɔnya kyɛfa wɔ Israel mmusuakuo no mu. 23Abusuakuo biara a ɔhɔhoɔ bi bɛdɔm no, emu na ɛsɛ sɛ woma no nʼagyapadeɛ,” Otumfoɔ Awurade asɛm nie.