Hesekiel 46 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 46:1-24

1“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛsɛ sɛ wɔto mfimfini adiwo pon a ani hwɛ apuei no mu nnafua asia a wɔde yɛ adwuma, nanso Homeda ne Ɔsram Foforo da no de, ɛsɛ sɛ wɔma ano da hɔ. 2Ɔhene no befi mfikyiri awura ɔpon no ntwironoo mu na wabegyina apongua no ho. Asɔfo no de ne hyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde bɛbɔ afɔre. Ɔbɛsɔre wɔ ɔpon no abobow ano na wasan apue, nanso wɔrento ɔpon no mu kosi anwummere. 3Homenna ne ɔsram foforo nna no, ɛsɛ sɛ asase no sofo sɔre wɔ Awurade anim wɔ ɔpon no abobow ano. 4Afɔrebɔde a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ Awurade wɔ Homeda no yɛ nguantenmma asia ne Odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm. 5Aduan afɔrebɔde a wɔde ka Odwennini no ho yɛ kilogram dunsia, na nea wɔde ka nguantenmma no ho yɛ nea ɛsɔ ani, na ɔde ngo lita anan ka aduan kilogram dunsia biara ho. 6Ɔsram Foforo da no, ɔmfa nantwi ba a ɔyɛ onini, nguantenmma asia ne adwennini a wɔn mu biara nnii dɛm mmra. 7Ɔmfa atoko kilogram dunsia nka nantwinini no ho ne adwennini no nso saa ara, na nguantenmma no de, ɔmfa atoko dodow a ɔpɛ sɛ ɔde ma. Ɔmfa ngo lita anan nka atoko kilogram dunsia biara ho mmra sɛ aduan afɔrebɔde. 8Na sɛ ɔhene no rebɛhyɛn mu a, ɔmfa ɔpon no ntwironoo no mu, na ɛsɛ sɛ hɔ ara na ɔfa de fi adi.

9“ ‘Na sɛ asase no sofo ba Awurade anim apontonna no a, nea ɔbɛfa atifi pon no mu akɔ mu akɔsɔre no, ɔmfa anafo pon no mu mfi adi; saa ara na nea ɔfa anafo pon mu kɔ mu no nso mfa atifi pon no mu mfi adi. Ɛnsɛ sɛ obiara san fa ɔpon a ɔfaa mu hyɛn mu no mu fi adi. 10Ɛsɛ sɛ ɔhene no fra wɔn mu; ɔne wɔn bɛba mu na ɔne wɔn afi adi.

11“ ‘Afahyɛ ne apontonna no, aduan afɔrebɔde no nyɛ nantwinini baako ne atoko kilogram dunsia, adwennini ne atoko kilogram dunsia, na nguantenmma no de, atoko dodow a ɛsɔ ani na ɔde bɛka ho, na ngo lita anan ka atoko kilogram dunsia biara ho.

12“ ‘Bere biara a ɔhene no befi ne pɛ mu abɔ afɔre ama Awurade no, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre anaa asomdwoe afɔre no, ɛsɛ sɛ wobue ɔpon a ɛkyerɛ apuei no ma no. Ɔbɛbɔ ne ɔhyew anaa nʼasomdwoe afɔre no sɛnea ɔyɛ no wɔ Homeda no. Afei obefi adi, na ɛno akyi no wɔbɛto ɔpon no mu.

13“ ‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode oguamma a wadi afe na onni dɛm bɛbɔ ɔhyew afɔre ma Awurade. 14Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduan afɔre a ɛyɛ atoko kilogram abiɛsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔtɔw siam no. Aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade yi yɛ nhyehyɛe a ɛbɛtena hɔ daa. 15Ɛno nti wɔde oguamma ne atoko afɔrebɔde ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyew afɔrebɔde.

16“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ ɔhene no de nʼagyapade no mu bi kyɛ ne mmabarima no mu bi a, ɛbɛyɛ nʼasefo dea na ɛyɛ wɔn agyapade. 17Nanso sɛ ɔde nʼagyapade no mu bi kyɛ nʼasomfo no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfo no dea kosi nʼahofadi afe. Ɛno akyi ɛbɛsan abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapade yɛ ne mmabarima nko ara dea. 18Ɛnsɛ sɛ ɔhene no gye nnipa no agyapade biara, pam wɔn fi wɔn asase so. Ɛsɛ sɛ ɔma ne mmabarima agyapade fi ɔno ankasa ahode mu, sɛnea me nkurɔfo mu biara remfi nʼasase so.’ ”

19Afei ɔbarima no de me faa ɔkwan a ɛda ɔpon no nkyɛn mu a ɛkɔ adan akronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, nea ɛyɛ asɔfo no dea no mu, na ɔkyerɛɛ me beae bi a ɛwɔ atɔe fam. 20Ɔka kyerɛɛ me se: “Ɛha ne baabi a asɔfo no bɛnoa afɔdi afɔrebɔde ne bɔne afɔrebɔde na wɔato atoko afɔrebɔde, sɛnea wɔremfa mma mfikyiri adiwo hɔ mmedwira nkurɔfo no ho.”

21Ɔde me baa adiwo a ɛwɔ afikyiri hɔ no na odii mʼanim de me kɔɔ ne ntwea anan no so, na mihuu adiwo foforo wɔ twea biara so. 22Mfikyiri adiwo no ntwea so anan no mu biara wɔ adiwo a ɛhyɛ mu a ne tenten yɛ anammɔn aduosia na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anum; na saa adiwo yi nyinaa kɛse yɛ pɛ. 23Afasu no mu biara anim no na wɔahyehyɛ abo de ase no ayɛ muka wɔ afaafa nyinaa. 24Ɔka kyerɛɛ me se, “Eyinom ne mukaase a wɔn a wɔsom wɔ asɔredan mu no bɛnoa nkurɔfo no afɔrebɔde.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 46:1-24

1“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ wɔto mfimfini adihɔ ɛpono a ani hwɛ apueeɛ no mu nnafua nsia a wɔde yɛ adwuma, nanso Homeda ne Ɔbosome Foforɔ ɛda no deɛ, ɛsɛ sɛ wɔma ano da hɔ. 2Ɔhene no bɛfiri mfikyire awura ɛpono no ntwonoo mu na wabɛgyina aponnwa no ho. Asɔfoɔ no de ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛbɔ afɔdeɛ. Ɔbɛsɔre wɔ ɛpono no aboboano na wasane apue, nanso wɔrento ɛpono no mu kɔsi anwummerɛ. 3Home nna ne ɔbosome foforɔ nna no, ɛsɛ sɛ asase no sofoɔ sɔre wɔ Awurade anim wɔ ɛpono no aboboano. 4Afɔrebɔdeɛ a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ Awurade wɔ Homeda no yɛ nnwammaa nsia ne odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm. 5Aduane afɔrebɔdeɛ a wɔde ka odwennini no ho yɛ kilogram dunsia, na deɛ wɔde ka nnwammaa no ho yɛ deɛ ɛsɔ ani, na ɔde ngo lita ɛnan ka aduane kilogram dunsia biara ho. 6Ɔbosome Foforɔ ɛda no, ɔmfa nantwie ba a ɔyɛ ɔnini, nnwammaa nsia ne nnwennini a wɔn mu biara nnii dɛm mmra. 7Ɔmfa atokoɔ kilogram dunsia nka nantwinini no ho ne nnwennini no nso saa ara, na nnwammaa no deɛ, ɔmfa atokoɔ dodoɔ a ɔpɛ sɛ ɔde ma. Ɔmfa ngo lita ɛnan nka atokoɔ kilogram dunsia biara ho mmra sɛ aduane afɔrebɔdeɛ. 8Na sɛ ɔhene no rebɛhyɛne mu a, ɔmfa ɛpono no ntwonoo no mu, na ɛsɛ sɛ ɛhɔ ara na ɔfa de firi adi.

9“ ‘Na sɛ asase no sofoɔ ba Awurade anim apontoɔ nna no a, deɛ ɔbɛfa atifi ɛpono no mu akɔ mu akɔsɔre no, ɔmfa anafoɔ ɛpono no mu mfiri adi; saa ara na deɛ ɔfa anafoɔ ɛpono mu kɔ mu no nso, ɔmfa atifi ɛpono no mu mfiri adi. Ɛnsɛ sɛ obiara sane fa ɛpono a ɔfaa mu hyɛnee mu no mu firi adi. 10Ɛsɛ sɛ ɔhene no fra wɔn mu; ɔne wɔn bɛba mu na ɔne wɔn afiri adi.

11“ ‘Afahyɛ ne apontoɔ nna no, aduane afɔrebɔdeɛ no nyɛ nantwinini baako ne atokoɔ kilogram dunsia, nnwennini ne atokoɔ kilogram dunsia, na nnwammaa no deɛ atokoɔ dodoɔ ɛsɔ ani na ɔde bɛka ho, na ngo lita ɛnan ka atokoɔ kilogram dunsia biara ho.

12“ ‘Ɛberɛ biara a ɔhene no bɛfiri ne pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama Awurade no, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔbue ɛpono a ɛkyerɛ apueeɛ no ma no. Ɔbɛbɔ ne ɔhyeɛ anaa ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no sɛdeɛ ɔyɛ no wɔ Homeda no. Afei ɔbɛfiri adi na ɛno akyi wɔbɛto ɛpono no mu.

13“ ‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode odwammaa a wadi afe na ɔnni dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. 14Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduane afɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ kilogram mmiɛnsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔre esiam no. Aduane afɔdeɛ a wɔbɔ ma Awurade yi yɛ nhyehyɛeɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 15Ɛno enti wɔde odwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.

16“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ ɔhene no de nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ ne mmammarima no mu bi a, ɛbɛyɛ nʼasefoɔ dea na ɛyɛ wɔn agyapadeɛ. 17Nanso sɛ ɔde nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ nʼasomfoɔ no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfoɔ no dea kɔsi nʼahofadie afe. Ɛno akyi ɛbɛsane abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapadeɛ yɛ ne mmammarima nko ara dea. 18Ɛnsɛ sɛ ɔhene no gye nnipa no agyapadeɛ biara, pam wɔn firi wɔn asase so. Ɛsɛ sɛ ɔma ne mmammarima agyapadeɛ firi ɔno ankasa ahodeɛ mu, sɛdeɛ me nkurɔfoɔ mu biara remfiri nʼasase so.’ ”

19Afei, ɔbarima no de me faa ɛkwan a ɛda ɛpono no nkyɛnmu a ɛkɔ adan kronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, deɛ ɛyɛ asɔfoɔ no dea no, na ɔkyerɛɛ me beaeɛ bi a ɛwɔ atɔeɛ fam. 20Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha ne beaeɛ a asɔfoɔ no bɛnoa afɔdie afɔrebɔdeɛ ne bɔne afɔrebɔdeɛ na wɔato atokoɔ afɔrebɔdeɛ, sɛdeɛ wɔremfa mma mfikyire adihɔ hɔ mmɛdwira nkurɔfoɔ no ho.”

21Ɔde me baa adihɔ a ɛwɔ afikyire hɔ no na ɔdii mʼanim de me kɔɔ ne ntweaso ɛnan no so, na mehunuu adihɔ foforɔ wɔ ntwea biara so. 22Mfikyire adihɔ no ntweaso ɛnan no mu biara wɔ adihɔ a ɛhyɛ mu a ne tentene yɛ anammɔn aduosia na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan enum; na saa adihɔ yi nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. 23Afasuo no mu biara anim no na wɔahyehyɛ aboɔ de aseɛ no ayɛ bukyia wɔ afaafa nyinaa. 24Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne mukaase a wɔn a wɔsom wɔ asɔredan mu no bɛnoa nkurɔfoɔ no afɔrebɔdeɛ.”