Hesekiel 38 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 38:1-23

Nkɔmhyɛ A Etia Gog

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2“Onipa ba, fa wʼani si Gog, a ɛwɔ Magog asase so no so, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn no; hyɛ nkɔm tia no 3na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal birɛmpɔn. 4Mekyinkyim wo na mede nnarewa asuso wʼabogye mu na mede wo ne wʼasraafo nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔsotefo a wɔhyehyɛ akotade ne dɔm kɛse a wokurakura akokyɛm akɛse ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn afoa, apue. 5Persia, Kus ne Put a wɔn nyinaa kurakura nkatabo na wɔhyehyɛ wɔn nnadekyɛw bɛka wɔn ho, 6afei Gomer ne nʼasraafo nyinaa ne Bet-Togarma a wofi atifi fam akyirikyiri ne nʼasraafo, aman bebree bɛka wo ho.

7“ ‘Siesie wo ho, yɛ krado, wo ne nnipakuw a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ wo nkyɛn nyinaa na yɛ wɔn so hwɛfo. 8Nna bebree akyi no, wobɛtwe atuo. Mfe bi akyi no wobɛko afa asase bi a wafi ɔko mu afi na wɔaboaboa so nnipa afi amanaman so aba Israel mmepɔw a ada mpan akyɛ no so. Wɔde wɔn fi amanaman no mu, na mprempren wɔn nyinaa te asomdwoe mu. 9Wo ne wʼasraafo nyinaa ne aman bebrebe a wɔwɔ wo nkyɛn no bɛforo akɔ mo anim sɛ ahum. Mobɛyɛ sɛ omununkum akata asase no so.

10“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa da no, nsusuwii bi bɛba wo tirim na wubeguan nhyehyɛe bɔne bi. 11Wobɛka se, “Mɛko afa asase a wɔntoo so nkuraa ho fasu, mɛtow ahyɛ nnipa a wɔwɔ asomdwoe na wɔnnwene hwee so, a wɔn mu biara nni ɔfasu, apon ne akyi adaban. 12Mɛfom na mawia na madan me nsa atia amamfo a nnipa abɛtena so ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afi amanaman so, nnipa a nyɛmmoa ne aguade abu wɔn so na wɔtete asase no mfimfini no.” 13Seba ne Dedan ne Tarsis aguadifo ne ne nkuraa nyinaa bebisa wo se, “Woaba sɛ worebɛfom ana? Woaboa wo dɔm ano sɛ morebewia na moasoa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nyɛmmoa ne aguade akɔ na moafa asade bebree abran so ana?” ’

14“Ɛno nti, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Gog se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa da no, bere a me nkurɔfo Israelfo te hɔ asomdwoe mu no, woanhu ana? 15Wubefi wʼasase so wɔ atifi fam nohɔ tɔnn, wo ne aman bebree a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, nnipadɔm kɛse, asraafodɔm a ɛso. 16Mubetu ateɛ akɔ me nkurɔfo Israelfo so te sɛ omununkum a ɛkata asase no so. Nna a ɛbɛba no mu. Gog, mɛma woasɔre atia mʼasase, sɛnea aman no behu me, bere a menam wo so bɛda me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn anim no.

17“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛnyɛ wo ne nea menam mʼasomfo Israel adiyifo so kaa wo ho asɛm nna a atwa mu no ana? Saa bere no, wɔde mfe bebree hyɛɛ nkɔm se mɛma wo so de atia wɔn. 18Eyi ne nea ebesi saa da no. Sɛ Gog tow hyɛ Israel asase so a, mʼabufuwhyew bɛsɔre, Otumfo Awurade asɛm ni. 19Mʼanem ne mʼabufuwhyew mu, mepae mu ka se, saa bere no asasewosow kɛse bɛba Israel asase so. 20Po mu mpataa, wim nnomaa, wuram mmoa, abɔde biara a ɛwea wɔ asase so ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho bɛpopo wɔ mʼanim. Mmepɔw betutu agu, abotan bedwiriw na afasu nyinaa abubu agu fam. 21Mɛfrɛ afoa aba Gog so wɔ me mmepɔw nyinaa so, Otumfo Awurade asɛm ni. Wɔde afoa bɛsɔre atia wɔn ho wɔn ho. 22Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bebu no atɛn, mehwie osuhweam, mparuwbo, ogya ne sufre a ɛdɛw agu ɔno ne nʼasraafo ne aman bebree a wɔka ne ho no so. 23Enti mɛda me kɛseyɛ ne me kronkronyɛ adi, na mama amanaman ahu me. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.’

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 38:1-23

对歌革的预言

1耶和华对我说: 2“人子啊,你要面向玛各地区的歌革,就是米设土巴的首领,说预言斥责他, 3告诉他,主耶和华这样说,‘米设土巴的首领歌革啊,我要与你为敌。 4我要把你调转过来,用钩子钩住你的腮,把你和你那些全副武装、拿着大小盾牌、挥动刀剑的军队、马匹和骑兵都拖出来。 5你的军队中有拿着盾牌、戴着头盔的波斯人、古实人和人, 6还有歌篾的军队和从遥远的北方来的陀迦玛军队。许多国家的军队都与你在一起。

7“‘你和你的联军都要预备好,你要做他们的统帅。 8再过多日,你必被征召出战。在以后的岁月,你将去攻打一片从战争中恢复的土地,以色列久已荒凉的山上有从各国招聚来的百姓。他们从列国中被领回来,如今都在那里安然居住。 9你和你的军队以及各国的联军一起上来,如暴风来临,又如密云覆盖大地。’

10“‘主耶和华说,“那时你必心起歹念,筹划恶谋。 11你必说,我要攻打那没有围墙和城门保护的乡村,毁灭那毫无戒备、安然居住的百姓。 12我要抢掠他们的财物,下手攻击那曾是废墟的城邑和从各国归来的百姓。他们住在世界的中心,牲畜货物甚多。 13示巴人、底但人以及他施的客商和首领都必问,你是来抢掠吗?你聚集军队是来抢夺金银财宝,掳掠牲畜和货物吗?”’

14“人子啊,你要发预言告诉歌革,主耶和华这样说,‘到那天,当我的以色列子民安然居住的时候,难道你会不知道吗? 15你召集各国联军,组成庞大的军队,骑着马从遥远的北方来。 16歌革啊,你必如密云一样遮天蔽日,前来攻击我的以色列子民。将来,我要领你来攻击我的土地,我要在列国面前借着你彰显我的圣洁,使他们认识我。’

17“主耶和华说,‘歌革啊,我从前借我的仆人——以色列的先知所预言的那位就是你,那时他们预言我要领你上来攻击以色列18歌革上来攻击以色列的时候,我必发烈怒。这是主耶和华说的。 19我要在义愤和烈怒中宣告,那天在以色列必有大地震。 20海里的鱼,空中的鸟,田野的走兽,地上的一切动物和人类都要在我面前战栗。山岭必倒塌,悬崖必崩裂,墙垣必坍塌。 21我要在我的山岭上叫刀剑攻击歌革人,使他们自相残杀。这是主耶和华说的。 22我要用瘟疫、杀戮、暴雨、冰雹、烈火和硫磺惩罚他们和他们的联军。 23我要彰显我的权能和圣洁,使各国的人都认识我。这样他们就知道我是耶和华。’