Hesekiel 36 – AKCB & BDS

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 36:1-38

Israel Mmepɔw Ho Nkɔmhyɛ

1“Onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔw na ka se: ‘Israel mmepɔw, muntie Awurade asɛm. 2Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛɛ na ɔtamfo no ka faa wo ho, “Aaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.” ’ 3Ɛno nti, hyɛ nkɔm na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wɔasɛe mo na wɔataataa mo wɔ afa nyinaa, na ɛno nti mobɛyɛɛ aman a aka no agyapade ne nnipa no ahohora nsɛnka ne atwetwesi, 4ɛno nti, Israel mmepɔw, muntie Otumfo Awurade asɛm: Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubon ne abon, nnwiriwii a ada mpan ne nea ayɛ amamfo, nkurow amamfo a wɔadwiriw agu na aman no nkae a atwa wɔn ho ahyia no di wɔn ho fɛw. 5Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mifi anem a emu yɛ den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, efisɛ wɔde fɛwdi ne adwemmɔne ayɛ me man wɔn agyapade, sɛnea wobetumi afom ne didibea.’ 6Ɛno nti, hyɛ nkɔm a ɛfa Israel asase ho, na ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, subon ne abon se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede ninkutwe mu anibere kasa, efisɛ amanaman no abu wo animtiaa. 7Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mema me nsa so ka ntam sɛ amanaman a atwa wo ho ahyia no nso, wobebu wɔn animtiaa.

8“ ‘Nanso mo, Israel mmepɔw, mubenya mman, asow aba ama me nkurɔfo Israelfo, efisɛ ɛrenkyɛ wɔbɛba fie. 9Mo ho hia me na mehu mo mmɔbɔ; wobefuntum mo na wɔadua mo so aba, 10na mɛma wo so nnipa adɔɔso, Israelfi nyinaa mpo, nnipa bɛtena wo nkurow no so bio, na wobesisi nnwiriwii no nso. 11Mɛma mmarima ne mmoa adɔɔso wɔ mo so na wɔbɛwowo na wɔadodɔ, mɛma nnipa atena wo mu te sɛ kan no na wɔbɛma woadi yiye asen kan no. Na afei mubehu sɛ mene Awurade no. 12Mɛma nkurɔfo, me nkurɔfo Israelfo, anantew wo so. Wɔbɛfa wo na wobɛyɛ wɔn agyapade na woremma wonni mmakɔm bio.

13“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ nkurɔfo ka kyerɛ wo se, “Wukum nnipa we na woma wo man no hwere nʼadehye,” 14ɛno nti worenkum nnipa nwe bio na woremma wo man nhwere nʼadehye bio, Otumfo Awurade asɛm ni. 15Meremma wonte amanaman no fɛwdi bio, na worenhu nkurɔfo no animtiaabu bio, na wo man nso renhwe ase bio, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

16Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 17“Onipa ba, bere a Israelfo te wɔn ankasa asase so no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbea ɔsram-sram afide wɔ mʼani so. 18Enti mihwiee mʼabufuwhyew guu wɔn so, efisɛ wɔahwie mogya agu asase no so na wɔde wɔn abosom agu hɔ fi. 19Mebɔɔ wɔn ahwete wɔ amanaman mu, na wɔhwete faa amanaman mu; migyinaa wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe so buu wɔn atɛn. 20Na baabiara a wɔkɔɔ wɔ amanaman mu no, woguu me din kronkron ho fi, efisɛ wɔka faa wɔn ho se, ‘Eyinom yɛ Awurade nkurɔfo, nanso na ɛsɛ sɛ wofi nʼasase so.’ 21Me din kronkron ho hia me, nea Israelfi guu ho fi wɔ amanaman a wɔkɔɔ so mu no.

22“Ɛno nti, ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Israelfi, ɛnyɛ mo nti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no nti, nea muguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no. 23Mɛda me din kɛseyɛ no kronkronyɛ a moagu ho fi wɔ amanaman mu no adi, din a moagu ho fi wɔ wɔn mu no. Sɛ mefa wo so da me ho adi sɛ ɔkronkronni ma wohu a, afei amanaman no behu sɛ mene Awurade no, Otumfo Awurade asɛm ni.

24“ ‘Na meyi mo afi amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afi nsase no nyinaa so de mo asan aba mo ankasa asase so. 25Mede nsu kurunnyenn bɛpete mo so na mo ho atew: Mɛtew mo ho afi nkekae ne mo ahoni nyinaa ho. 26Mɛma mo koma foforo na mede honhom foforo ahyɛ mo mu. Meyi koma a ɛte sɛ ɔbo no afi mo mu na mama mo koma foforo a ɛyɛ ɔhonam. 27Na mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mama moadi mʼahyɛde so na moahwɛ adi me mmara so. 28Mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so. Mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn. 29Mɛprapra mo ho fi nyinaa. Mɛma aduan aba ama abu so na meremma ɔkɔm mma mo so. 30Mɛma nnua so aba ayɛ bebree na mfuw nso abɔ nnɔbae sɛnea ɔkɔm nti mo anim rengu ase bio wɔ amanaman no mu. 31Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo amumɔyɛ, na mo bɔne ne akyiwade nti, mo ho bɛyɛ mo nwini. 32Mepɛ sɛ muhu sɛ ɛnyɛ mo nti na mereyɛ eyi, Otumfo Awurade asɛm ni. Momfɛre na momma mo ani nwu wɔ mo abrabɔ ho Israelfi!

33“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a mɛtew mo ho afi mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkurow so bio na wobesisi nnwiriwii no bio. 34Asase a ada mpan no, wobedua so nneɛma na ɛrenna hɔ kwa sɛnea na ɛte wɔ wɔn a na wotwa mu fa hɔ no ani so no. 35Wɔbɛka se, “Saa asase a ada mpan yi ayɛ sɛ Eden turo, nkuropɔn a na adan nnwiriwii, ayɛ amamfo na asɛe yi, wɔabɔ ho ban na nnipa abɛtenatena mu.” 36Afei aman a aka a atwa mo ho ahyia no behu sɛ me Awurade makyekyere nea na asɛe na madua wɔ nea na ada mpan so, me Awurade na maka na mɛyɛ.’ 

37“Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Metie Israelfi abisade na mayɛ eyi ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfo adɔɔso sɛ nguan, 38wɔbɛdɔɔso sɛ nguankuw a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔde wɔ nʼafahyɛnna. Saa ara na nnipa dodow bɛhyɛ nkuropɔn a adwiriw no so ma. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.”

La Bible du Semeur

Ezéchiel 36:1-38

1Et toi, fils d’homme, prophétise, parle aux montagnes d’Israël et dis : « Montagnes d’Israël, écoutez la parole de l’Eternel ! 2Voici ce que déclare le Seigneur, l’Eternel : Parce que l’ennemi s’est écrié à votre propos : “Ha, ha ! Ces vieilles montagnes sont à nous maintenant !”, 3à cause de cela, prophétise et dis-leur : Voici ce que déclare le Seigneur, l’Eternel : Puisque, de toutes parts, on vous a dévastées, on vous a convoitées, pour que vous deveniez la possession des autres nations, puisque l’on a tenu sur vous des propos injurieux, 4à cause de cela, montagnes d’Israël, écoutez la parole du Seigneur, l’Eternel : Voici ce que déclare le Seigneur, l’Eternel, aux montagnes et aux collines, aux cours d’eau, aux vallons, aux ruines désolées et aux villes abandonnées qui ont été pillées par les peuples des alentours et qui sont devenues l’objet de leurs sarcasmes.

5A cause de cela, voici ce que déclare le Seigneur, l’Eternel : Oui, avec une vive indignation, j’adresse des menaces aux autres peuples, et à Edom tout entier car, le cœur tout joyeux et le mépris dans l’âme, ils se sont tous attribué mon pays comme possession pour en piller les pâturages. 6A cause de cela, va, prophétise au sujet du pays d’Israël, dis aux montagnes et aux collines, aux cours d’eau, aux vallées : Voici ce que déclare le Seigneur, l’Eternel : Avec colère et fureur, je prononce ma sentence, parce que les autres peuples vous ont chargés d’opprobre. 7C’est pourquoi le Seigneur, l’Eternel, parle ainsi : J’en ai fait le serment : les peuples d’alentour seront chargés aussi du poids de leur opprobre.

Le retour des exilés

8Tandis que vous, montagnes d’Israël, vous pousserez votre ramure et vous porterez votre fruit pour mon peuple Israël, car son retour est proche. 9Je vais m’occuper de vous, je me tournerai vers vous, vous serez de nouveau cultivées et ensemencées, 10et je multiplierai sur votre sol les hommes, la communauté d’Israël dans sa totalité. Les villes seront habitées, les ruines seront rebâties. 11Je ferai abonder sur vous les hommes et les bêtes, ils seront très nombreux et se multiplieront, je vous repeuplerai comme vous l’étiez autrefois, et je vous ferai plus de bien qu’auparavant, et vous reconnaîtrez que je suis l’Eternel. 12Je ferai parcourir votre sol par des hommes de mon peuple Israël, ils te posséderont, ô pays d’Israël, et tu seras leur patrimoine, et tu ne les priveras plus de leurs enfants.

13Voici ce que te dit le Seigneur, l’Eternel : Il en est qui prétendent que toi, tu dévores les hommes, et que tu prives ton peuple de ses enfants. 14Eh bien, tu ne dévoreras plus d’hommes, tu ne priveras plus ton peuple de ses enfants. C’est là ce que déclare le Seigneur, l’Eternel. 15Je ne te ferai plus entendre les propos injurieux des autres peuples, tu ne seras plus chargé d’opprobre par eux, et tu ne feras plus trébucher ton propre peuple. C’est là ce que déclare le Seigneur, l’Eternel. »

16L’Eternel m’adressa la parole en ces termes :

17Fils d’homme, lorsque les gens de la communauté d’Israël habitaient dans leur propre pays, ils l’ont rendu impur par leur manière de vivre et leurs actes ; leur conduite était en effet aussi impure à mes yeux que l’impureté menstruelle. 18J’ai répandu ma fureur contre eux à cause des crimes qu’ils avaient commis dans le pays et parce qu’ils avaient rendu leur pays impur par leurs idoles infâmes. 19Je les ai dispersés parmi les autres peuples, ils ont été disséminés en divers pays. J’ai exercé sur eux le jugement que méritaient leur conduite et leurs actes. 20Et lorsqu’ils sont arrivés chez les peuples parmi lesquelles ils ont été bannis, ils m’ont profané, moi qui suis saint. En effet, on disait à leur sujet : « Ces gens-là sont le peuple de l’Eternel, mais ils ont dû sortir de son pays ! »

21Alors j’ai eu égard à ma sainte personne que la communauté d’Israël a profanée parmi les peuples chez qui elle s’est rendue. 22C’est pourquoi, dis à la communauté d’Israël : « Voici ce que dit le Seigneur, l’Eternel : Si je vais intervenir, ce n’est pas à cause de vous que je le fais, ô communauté d’Israël, mais c’est par égard pour moi-même, moi qui suis saint et que vous avez profané parmi les peuples chez lesquels vous êtes allés. 23Je démontrerai ma sainteté, moi qui ai été profané parmi les autres peuples par votre faute, et ces peuples reconnaîtront que je suis l’Eternel – le Seigneur, l’Eternel, le déclare – quand je ferai éclater ma sainteté à leurs yeux par mon œuvre envers vous. 24Je vous ferai revenir de chez les autres peuples, je vous rassemblerai de tous les pays étrangers et je vous ramènerai dans votre pays.

La purification opérée par l’Esprit

25Je répandrai sur vous une eau pure, afin que vous deveniez purs, je vous purifierai de toutes vos souillures et de toutes vos idoles. 26Je vous donnerai un cœur nouveau et je mettrai en vous un esprit nouveau, j’enlèverai de votre être votre cœur de pierre et je vous donnerai un cœur de chair. 27Je mettrai en vous mon propre Esprit et je ferai de vous des gens qui vivent selon mes lois et qui obéissent à mes commandements pour les appliquer.

28Vous demeurerez dans le pays que j’ai donné à vos ancêtres et vous serez mon peuple, et moi je serai votre Dieu. 29Je vous délivrerai de toutes vos impuretés, je commanderai au blé de pousser, je le ferai abonder, et je ne vous enverrai plus la famine. 30Je multiplierai les fruits des arbres et les productions des champs pour que, jamais plus, les autres peuples ne se moquent de vous parce que vous souffrez de la famine.

31Vous vous souviendrez alors de votre mauvaise conduite et de vos actes peu louables, et vous vous prendrez vous-mêmes en dégoût à cause de vos fautes et de vos pratiques abominables.

32Mais, sachez-le bien, ce n’est pas à cause de vous que j’agis de la sorte, le Seigneur, l’Eternel, le déclare. O communauté d’Israël, ayez honte de votre conduite et rougissez-en !

33Voici ce que dit le Seigneur, l’Eternel : Le jour où je vous purifierai de tous vos péchés, je repeuplerai vos villes et l’on rebâtira ce qui est en ruine. 34Au lieu d’offrir l’image de la désolation à tous les passants, la terre dévastée sera de nouveau cultivée. 35Et l’on dira : “Voyez-vous, ce pays, jadis dévasté, est devenu comme un jardin d’Eden36.35 Voir Gn 2.8-17., et les villes dévastées et démolies, qui n’étaient plus que des ruines, sont à présent fortifiées et repeuplées.” 36Alors les peuples qui auront subsisté autour de vous reconnaîtront que c’est moi, l’Eternel, qui ai rebâti ce qui était démoli et replanté ce qui était dévasté. Moi, l’Eternel, je l’ai promis et je le réaliserai.

37Voici ce que dit le Seigneur, l’Eternel : Une fois encore, je me laisserai fléchir par la communauté d’Israël pour agir en sa faveur : je les multiplierai comme un troupeau d’hommes. 38Les villes, aujourd’hui en ruine, seront remplies de troupeaux d’hommes, tout comme Jérusalem qui, lors de ses fêtes cultuelles, fourmille d’animaux consacrés ; et l’on reconnaîtra que je suis l’Eternel. »