Hesekiel 35 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 35:1-15

Nkɔmhyɛ A Etia Edom

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔw Seir; hyɛ nkɔm tia no, 3na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya, Bepɔw Seir, na mɛteɛ me basa atia wo na mɛma wo ada mpan. 4Mɛdan wo nkurow ama ayɛ mmubui na wobɛda mpan. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.

5“ ‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na wuyii Israelfo maa afoa wɔ wɔn amanehunu mu, bere a wɔn asotwe duu ne mpɔmpɔnso no 6nti, sɛ mete ase yi de, Otumfo Awurade asɛm ni, mede wo bɛma mogyahwiegu na ebedi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwiegu no nti, mogyahwiegu bɛtaa wo. 7Mɛma bepɔw Seir ada mpan, na mayi wɔn a wodi so akɔneaba no afi hɔ. 8Mede atɔfo bɛhyɛ wo mmepɔw so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano bɛtotɔ ase wɔ wo nkoko so, aku mu ne wo subon mu. 9Mɛma woada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkurow so. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.

10“ ‘Woaka se, “Saa aman abien ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea, na yɛbɛfa,” wɔ bere a me Awurade mete hɔ; 11enti sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, me ne wo bedi no sɛnea abufuw ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotan wɔn no mu no te, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn. 12Afei wubehu sɛ me Awurade, mate animtiaabu nsɛm a woaka atia Israel mmepɔw no. Wokae se, “Wɔama ada mpan na wɔadan ama yɛn sɛ yɛmfa.” 13Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na metee. 14Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Bere a wiase nyinaa redi ahurusi no, mɛma wo ada mpan. 15Sɛnea wudii ahurusi bere a Israelfi agyapade daa mpan no, saa ɔkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔw Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 35:1-15

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔ Seir; hyɛ nkɔm tia no 3na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Bepɔ Seir, na mɛtene me basa atia wo, na mɛma woada mpan. 4Mɛdane wo nkuro ama ayɛ mmubuiɛ na wobɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no.

5“ ‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na woyii Israelfoɔ maa akofena wɔ wɔn amanehunu mu, ɛberɛ a wɔn asotwe duruu ne mpɔnpɔnsoɔ no 6enti, sɛ mete ase yi deɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mede wo bɛma mogyahwieguo na ɛbɛdi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwieguo no enti, mogyahwiegu bɛtaa wo. 7Mɛma bepɔ Seir ada mpan, na mayi wɔn a wɔdi so akɔneaba no afiri hɔ. 8Mede atɔfoɔ bɛhyɛ wo mmepɔ so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ akofena ano bɛhwehwe ase wɔ wo nkokoɔ so, mmɔnhwa mu ne wo subɔnhwa mu. 9Mɛma wada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkuro so. Afei, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.

10“ ‘Woaka sɛ, “Saa aman mmienu ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea na yɛbɛfa,” wɔ ɛberɛ a me Awurade mete hɔ, 11enti, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, me ne wo bɛdi no sɛdeɛ abufuo ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotanee wɔn no mu no teɛ, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, ɛberɛ a mɛbu wo atɛn. 12Afei, wobɛhunu sɛ me Awurade, mate animtiabuo nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ. Wokaa sɛ, “Wɔama ada mpan na wɔadane ama yɛn sɛ yɛmfa.” 13Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na meteeɛ. 14Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛberɛ a ewiase nyinaa redi ahurisie no, mɛma woada mpan. 15Sɛdeɛ wodii ahurisie ɛberɛ a Israel efie agyapadeɛ daa mpan no, saa ɛkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔ Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”