Hesekiel 31 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 31:1-18

Sida Bi A Ɛwɔ Lebanon

1Mfe dubaako mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2“Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne dɔm se:

“ ‘Hena ho na wɔde wo kɛseyɛ bɛtoto?

3Dwene Asiria ho, sida bi a bere bi na ɛwɔ Lebanon,

Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwae so

nyin kɔɔ soro yiye,

ma ne nkɔn mu boro nhaban a ayɛ kusuu no so.

4Nsu no maa no aduan,

mmura a mu dɔ ma enyin kɔɔ soro;

wɔn nsuwansuwa sen faa nʼase nyinaa

de kɔɔ mfuw no so nnua nyinaa ho.

5Enti ɛkɔɔ sorosoro

sen mfuw no so nnua nyinaa;

ne dubaa dɔɔso

ne mman nyin yɛɛ atenten,

na nsu dodow a enyaa no nti ɛdennanee.

6Wim nnomaa nyinaa

yɛɛ wɔn berebuw wɔ ne dubaa no mu,

wuram mmoa nyinaa

wowoo mma wɔ ne mman no ase

aman akɛse nyinaa

tenaa ne nwini ase.

7Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ,

ne dubaa a adennan no nti,

na ne ntin nyin kɔɔ fam

koduu nsu bebree mu.

8Sida a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu

nto no,

na ɔpepaw nnua nso

dubaa ne no nyɛ pɛ,

na wontumi mfa ɔfo nnua nso

ntoto ne mman ho,

dua biara nni Onyankopɔn turo

no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.

9Mebɔɔ no ahoɔfɛ

maa no mman bebree,

na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa

Onyankopɔn turo no mu no

ani beree no.

10“ ‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ enyin kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhaban a abunkam so, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho nti, 11mede no hyɛɛ amanaman sodifo nsa, sɛ ɔne no nni no sɛnea nʼamumɔyɛ te. Mepoo no, 12na ananafo aman no mu anuɔdenfo twaa no hwee fam, na ogyaw no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔw ne aku mu; ne mman mu bubuu wɔ subon mu. Asase so aman nyinaa fii ne nwini ase, na wogyaw no hɔ. 13Wim nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wuram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu. 14Ɛno nti, nnua a ɛwɔ nsu ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyin nkɔ sorosoro, mmoro nhaban a abunkam so no so. Nnua afoforo biara a enya nsu bebree no rennyin nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bewu akɔ asase ase, wɔ nnipamma a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn.

15“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a wɔde no too ɔda mu no, mede awerɛhow kataa nsuwansuwa a mu dɔ no so maa no, na amma ne nsuten no ansen, na misiw ne nsu dodow no kwan. Ne nti mede kusuuyɛ furaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ sare no so nyinaa botowee. 16Memaa aman no ho popoo wɔ nʼasehwe nnyigyei no ho, bere a mede no baa ɔda mu ne wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no. Afei Eden nnua nyinaa, nea ɛte apɔw na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a enya nsu yiye nyinaa nyaa awerɛkyekye wɔ asase ase. 17Wɔn a wɔtenaa ne nwini ase, ne ne dɔm a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ ɔda mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ho.

18“ ‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu de, ɛwɔ he na ebetumi de ne ho atoto wo ho wɔ anuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso wo nso wobesian wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofo mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no.

“ ‘Eyi yɛ Farao ne ne dɔm no, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

King James Version

Ezekiel 31:1-18

1And it came to pass in the eleventh year, in the third month, in the first day of the month, that the word of the LORD came unto me, saying, 2Son of man, speak unto Pharaoh king of Egypt, and to his multitude; Whom art thou like in thy greatness?

3¶ Behold, the Assyrian was a cedar in Lebanon with fair branches, and with a shadowing shroud, and of an high stature; and his top was among the thick boughs.31.3 with fair branches: Heb. fair of branches 4The waters made him great, the deep set him up on high with her rivers running round about his plants, and sent out her little rivers unto all the trees of the field.31.4 made…: or, nourished him31.4 set…: or, brought him up31.4 little rivers: or, conduits 5Therefore his height was exalted above all the trees of the field, and his boughs were multiplied, and his branches became long because of the multitude of waters, when he shot forth.31.5 when…: or, when it sent them forth 6All the fowls of heaven made their nests in his boughs, and under his branches did all the beasts of the field bring forth their young, and under his shadow dwelt all great nations. 7Thus was he fair in his greatness, in the length of his branches: for his root was by great waters. 8The cedars in the garden of God could not hide him: the fir trees were not like his boughs, and the chesnut trees were not like his branches; nor any tree in the garden of God was like unto him in his beauty. 9I have made him fair by the multitude of his branches: so that all the trees of Eden, that were in the garden of God, envied him.

10¶ Therefore thus saith the Lord GOD; Because thou hast lifted up thyself in height, and he hath shot up his top among the thick boughs, and his heart is lifted up in his height; 11I have therefore delivered him into the hand of the mighty one of the heathen; he shall surely deal with him: I have driven him out for his wickedness.31.11 he…: Heb. in doing he shall do unto him 12And strangers, the terrible of the nations, have cut him off, and have left him: upon the mountains and in all the valleys his branches are fallen, and his boughs are broken by all the rivers of the land; and all the people of the earth are gone down from his shadow, and have left him. 13Upon his ruin shall all the fowls of the heaven remain, and all the beasts of the field shall be upon his branches: 14To the end that none of all the trees by the waters exalt themselves for their height, neither shoot up their top among the thick boughs, neither their trees stand up in their height, all that drink water: for they are all delivered unto death, to the nether parts of the earth, in the midst of the children of men, with them that go down to the pit.31.14 their trees…: or, stand upon themselves for their height 15Thus saith the Lord GOD; In the day when he went down to the grave I caused a mourning: I covered the deep for him, and I restrained the floods thereof, and the great waters were stayed: and I caused Lebanon to mourn for him, and all the trees of the field fainted for him.31.15 to mourn: Heb. to be black 16I made the nations to shake at the sound of his fall, when I cast him down to hell with them that descend into the pit: and all the trees of Eden, the choice and best of Lebanon, all that drink water, shall be comforted in the nether parts of the earth. 17They also went down into hell with him unto them that be slain with the sword; and they that were his arm, that dwelt under his shadow in the midst of the heathen.

18¶ To whom art thou thus like in glory and in greatness among the trees of Eden? yet shalt thou be brought down with the trees of Eden unto the nether parts of the earth: thou shalt lie in the midst of the uncircumcised with them that be slain by the sword. This is Pharaoh and all his multitude, saith the Lord GOD.