Hesekiel 3 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 3:1-27

1Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di nea wuhu wɔ wʼanim no, di saa nhoma mmobɔwee yi, na afei kɔ na kɔkasa kyerɛ Israelfo.” 2Enti mibuee mʼanom na ɔde nhoma mmobɔwee no maa me dii. 3Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di saa nhoma mmobɔwee a mede rema wo yi fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti midii na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom.

4Na ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, afei kɔ Israelfo nkyɛn na kɔka me nsɛm kyerɛ wɔn. 5Ɛnyɛ nnipa bi a wɔn kasa mu nna hɔ anaa ntease nni mu nkyɛn na meresoma wo, mmom meresoma wo Israelfo hɔ. 6Ɛnyɛ nnipa bebree a wɔn kasa mu nna hɔ na ɛyɛ den, wɔn a wonte wɔn kasa ase nkyɛn. Ampa, sɛ mesomaa wo wɔ saa nnipa yi nkyɛn a, anka wotiee wo. 7Nanso Israelfo mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me. Israel nyinaa ayɛ komapirim ne asoɔden. 8Ɛno nti mɛma woayɛ asoɔden ne komapirim te sɛ wɔn. 9Mɛyɛ wo moma dennen sɛ apemmo, nea ɛyɛ den sen ɔtwɛrebo. Nsuro wɔn na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo de.”

10Na ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yiye na dwene ho wɔ wo koma mu. 11Afei kɔ wo nkurɔfo a wɔwɔ nnommum mu na kasa kyerɛ wɔn. Se wɔn sɛ, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se,’ sɛ wobetie oo, sɛ wɔrentie oo.”

12Na Honhom no maa me so kɔɔ soro na metee sɛ nnyigyei dennen bi reworo so wɔ mʼakyi bere a na Awurade anuonyam rema ne ho so wɔ ne gyinabea hɔ no3.12 anaasɛ Onyankopɔn atenae a ɛwɔ ɔsoro hɔ. 13Na ɛyɛ nnyigyei a efi ateasefo no ntaban a ɛkeka twiw ho ne nkyimii a ɛwowɔ wɔn ho no. Nnyigyei dennen a ɛworo so. 14Honhom no maa me so kɔɔ soro de me kɔɔ baabi, mekɔɔ no nweenwen ne honhom mu abufuw so, a na Awurade tumi yɛ kɛse wɔ me so. 15Mebaa nnommum a wɔtete Tel Abib a ɛbɛn Asubɔnten Kebar no nkyɛn. Na hɔ na me ne wɔn tenaa nnanson, na me ho dwiriw me.

Israel Kɔkɔbɔ

16Nnanson akyi no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 17“Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfo ama Israel; ɛno nti tie asɛm a meka no, na bɔ wɔn kɔkɔ a efi me. 18Sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Ampa ara wubewu’ na sɛ woammɔ no kɔkɔ anaasɛ woankasa ankyerɛ no amma wantwe ne ho amfi nʼakwammɔne ho annya nkwa a, saa omumɔyɛfo no bewu wɔ ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akontaa. 19Nanso sɛ wobɔ omumɔyɛfo no kɔkɔ na sɛ wansakra amfi nʼamumɔyɛ anaa nʼakwammɔne ho a, obewu wɔ ne bɔne mu, nanso na woagye wo ho nkwa.

20“Bio, sɛ ɔtreneeni dan fi trenee ho kɔyɛ bɔne a, mede hintidua bɛto nʼanim ama no ahwe ase, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ nti, obewu wɔ ne bɔne mu. Adetrenee ahorow a ɔyɛe no, wɔrenkae na mɛma woabu ne mogya ho akontaa. 21Nanso sɛ wobɔ ɔtreneeni no kɔkɔ sɛ onnyae bɔneyɛ na ogyae a, obenya nkwa efisɛ otiee kɔkɔbɔ, na wo nso wubegye wo ho nkwa.”

22Na Awurade tumi baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me se, “Sɔre na kɔ tataw no so, na hɔ na mɛkasa akyerɛ wo.” 23Enti mesɔre kɔɔ tataw no so. Na Awurade anuonyam te sɛ nea mihuu wɔ Asubɔnten Kebar ho no gyina hɔ, na mede mʼanim butuw fam.

24Afei Honhom no bɛhyɛɛ me mu na ɔmaa me so gyinaa hɔ. Ɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔto wo ho pon mu wɔ wo fi. 25Na wo, onipa ba, wɔde ntampehama bɛkyekyere wo sɛnea worentumi mpue nkɔ nnipa no mu. 26Na mɛma wo tɛkrɛma atare wʼanom sɛnea wobɛyɛ komm a worentumi nka wɔn anim, efisɛ wɔyɛ atuatewfo. 27Nanso sɛ mekasa kyerɛ wo a, mebue wʼano ama woaka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea Otumfo Awurade se ni!’ Nea obetie no ma no ntie, na nea ɔmpɛ sɛ otie no mma no ntie; na wɔyɛ atuatewfo.

Korean Living Bible

에스겔 3:1-27

1그가 나에게 “사람의 아들아, 너는 네 앞에 있는 것을 먹어라. 너는 이 두루마 리를 먹고 가서 이스라엘 백성에게 말하라” 하셨다.

2그래서 내가 입을 벌리자 그가 그 두루마리를 먹으라고 나에게 주셨다.

3그러고서 그는 나에게 “사람의 아들아, 너는 내가 너에게 주는 이 두루마리를 먹고 이것을 네 배에 채워라” 하고 말씀하셨다. 그래서 내가 그것을 먹었더니 꿀처럼 달았다.

4그리고 그는 나에게 이렇게 말씀하셨다. “사람의 아들아, 너는 이스라엘 백성에게 가서 그들에게 내 말을 전하라.

5내가 너를 말이 다른 외국 민족에게 보내는 것이 아니라 이스라엘 백성에게 보낸다.

6만일 내가 말이 어려워 알아들을 수 없는 백성에게 너를 보냈다면 그들은 네 말을 들었을 것이다.

7그러나 이스라엘 백성은 내 말도 듣지 않았으니 네 말도 듣지 않을 것이다. 그들은 모두 마음이 굳어 버린 고집 센 사람들이다.

8그러나 이제 내가 너를 그들만큼 강심장으로 만들고

9너를 반석처럼 굳게 하며 금강석처럼 단단하게 하겠다. 그들이 반역하는 백성들이라도 너는 그들을 두려워하거나 무서워하지 말아라.”

10그는 또 계속해서 나에게 말씀하셨다. “사람의 아들아, 너는 내가 너에게 한 모든 말을 유심히 듣고 마음에 잘 간직해 두었다가

11포로 생활을 하는 네 동족에게 가서 그들이 듣든지 안 듣든지 ‘이것은 주 여호와께서 하신 말씀이다!’ 하고 말하라.”

12그때 하나님의 영이 나를 들어올리시는데 내 뒤에서 큰 지진 같은 소리와 함께 “3:12 또는 ‘여호와의 처소에서 나는 영광을’하늘에 계신 여호와의 영광을 찬양하라” 는 말이 들려왔다.

13나는 또 생물들의 날개가 서로 부딪히는 소리와 생물 곁에 있는 바퀴가 크게 울리는 소리도 들었다.

14주의 영이 나를 들어올려 데리고 가시므로 내가 근심하고 불안해 하자 여호와의 손이 나를 강하게 붙들어 주셨다.

15그렇게 해서 나는 그발 강가의 델 – 아빕으로 갔다. 그 곳은 포로들이 살고 있는 곳이었다. 나는 거기서 정신이 얼떨떨한 채 7일 동안 머물러 있었다.

이스라엘에 대한 경고

167일이 지난 다음에 여호와께서 나에게 말씀하셨다.

17“사람의 아들아, 내가 너를 이스라엘 민족의 파수꾼으로 세웠다. 너는 내가 하는 말을 듣고 내 말로 그들을 경고하라.

18내가 악인에게 ‘너는 반드시 죽을 것이다’ 하고 말할 때에 네가 만일 그에게 경고하지 않거나 잘 타일러 그를 악한 길에서 돌이켜 그를 살게 하지 않으면 그 악인은 자기 죄로 죽겠지만 나는 그의 죽음에 대한 책임을 너에게 물을 것이다.

19그러나 네가 만일 그 악인을 경고하고 타일러도 그가 악한 행실과 죄를 버리지 못하면 그는 자기 죄 때문에 죽을 것이며 3:19 또는 ‘너는 네 생명을 보존하리라’너에게는 아무 책임이 없을 것이다.

20“또 의로운 자가 의를 저버리고 악을 행하면 내가 그 앞에 장애물을 놓을 것이다. 네가 만일 그에게 경고하지 않으면 그는 자기 죄 때문에 죽게 될 것이며 그가 전에 행한 선한 일도 기억되지 않을 것이다. 그리고 나는 그의 죽음에 대한 책임을 너에게 묻겠다.

21그러나 네가 만일 그 의로운 자를 깨우쳐 그가 네 경고를 듣고 범죄하지 않으면 그가 살게 될 뿐만 아니라 너도 네 생명을 보존하게 될 것이다.”

22그때 나는 여호와께서 내 위에 계신다는 강한 느낌을 가지게 되었다. 그러자 그가 “일어나 평지로 나아가거라. 내가 거기서 너에게 말하겠다” 하고 말씀하셨다.

23그래서 나는 일어나 평지로 나아갔는데 거기에는 전에 내가 그발 강가에서 본 것과 같은 여호와의 영광의 광채가 머물러 있었다. 내가 땅에 엎드리자

24여호와의 영이 나에게 들어와서 나를 일으켜 세우고 나에게 말씀하셨다. “너는 가서 네 집에 들어가 문을 닫아라.

25사람들이 너를 줄로 잡아맬 것이니 네가 그들에게서 빠져나오지 못할 것이다.

26내가 네 혀를 입천장에 붙게 하고 너를 벙어리가 되게 하여 이 거역하는 백성들을 책망하지 못하게 하겠다.

27그러나 내가 너와 말할 때에는 네 입을 열어 주겠다. 너는 그들에게 ‘주 여호와께서 이렇게 말씀하셨다’ 하고 말하라. 그들은 거역하는 백성이므로 들을 자도 있고 듣지 않을 자도 있을 것이다.”