Hesekiel 29 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 29:1-21

Nkɔmhyɛ A Etia Misraim

1Mfe du so ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so dumien no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa. 3Kasa kyerɛ no na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se.

“ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao

asuboa kɛse a woda wo nsuwansuwa mu.’ ”

Woka se, “Nil yɛ mede;

meyɛ maa me ho.”

4Na mede nnarewa besuso wʼabogye mu

na mama mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no

atetare wʼabon ho.

Mɛtwe wo afi wo nsuwansuwa no mu,

a mpataa no nyinaa tetare wo ho.

5Megyaw wo hɔ wɔ sare no so,

wo ne mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no nyinaa.

Mobɛhwe ase wɔ asase petee mu

a wɔremma mo so bio.

Mede wo bɛma asase so mmoa

ne wim nnomaa sɛ wɔn aduan.

6Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa behu sɛ mene Awurade no.

“ ‘Woayɛ sɛ demmire pema ama Israelfi. 7Wɔde wɔn nsa soo wo mu no, wo mu bukaw ma wuhuruwii, wotwerii wo no, wo mu bu ma wobɔɔ pemmɔ.

8“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede afoa bɛba abɛko atia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa. 9Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade.

“ ‘Efisɛ wokae se, “Nil yɛ me de; me na meyɛe,” enti 10me ne wo ne wo nsuwansuwa na anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, efi Migdol kosi Aswan twa mu de kɔka Kus hye so. 11Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfe aduanan. 12Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛe mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfe aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛe no mu. Na mɛbɔ Misraimfo apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so.

13“ ‘Nanso sɛɛ ne nea Otumfo Awurade se: Mfe aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfo ano afi aman a mebɔɔ wɔn petee so no so. 14Mede wɔn befi nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nenanom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahenni mu kumaa bi. 15Ɛbɛyɛ ahenni a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahenni a ɛrentumi nni aman afoforo so. 16Misraim renyɛ ɔman a Israelfo de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdan no de pɛɛ mmoa. Afei, wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’ ”

17Mfe aduonu ason so, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 18“Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo tuu Tiro so sa abran so, eti biara so pepae, na ɔbati nso so popɔree. Nanso ɔne nʼasraafo no annya hwee amfi adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu. 19Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahode akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼasraafo. 20Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, efisɛ ɔne nʼakofo yɛ maa me, Otumfo Awurade asɛm ni.

21“Saa da no mɛma abɛn bi afifi ama Israelfi, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.”

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 29:1-21

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Misraim

1Mfeɛ edu so bosome a ɛtɔ so edu no ɛda a ɛtɔ so dumienu no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa. 3Kasa kyerɛ no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.

“ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao

asuboa kɛseɛ a woda wo asutene mu.’ ”

Woka sɛ, “Nil yɛ me dea;

meyɛ maa me ho.”

4Na mede nnarewa bɛsosɔ wʼapantan mu

na mama mpataa a ɛwɔ wo asutene mu

afenfam wo ho.

Mɛtwe wo afiri wo asutene no mu,

a mpataa no nyinaa tetare wo ho.

5Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so,

wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa.

Wobɛhwe ase wɔ asase petee mu

a wɔrempagya wo bio.

Mede wo bɛma asase so mmoa

ne ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane.

6Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa bɛhunu sɛ mene Awurade no.

“ ‘Woayɛ sɛ demmire poma ama Israel efie. 7Wɔde wɔn ho too wo so no, wo mu bukaaeɛ na wowɔɔ wɔn mmatire. Wɔtweree woɔ no, wo mu buiɛ ma wɔn sisi hinhimiiɛ.

8“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede akofena bɛba abɛtia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa. 9Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade.

“ ‘Ɛfiri sɛ wo kaa sɛ, “Nil yɛ me dea; Me na meyɛeɛ,” enti 10me ne wo ne wo asutene anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, ɛfiri Migdol kɔsi Aswan twam de kɔka Kus hyeɛ so. 11Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfeɛ aduanan. 12Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛeɛ mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfeɛ aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛeɛ mu. Na mɛbɔ Misraimfoɔ apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so.

13“ ‘Nanso yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mfeɛ aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfoɔ ano afiri aman a mebɔɔ wɔn petee soɔ no so. 14Mede wɔn bɛfiri nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nananom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahennie mu kumaa bi. 15Ɛbɛyɛ ahennie a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahennie a ɛrentumi nni aman foforɔ so. 16Misraim renyɛ ɔman a Israelfoɔ de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛeɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdane no, de pɛɛ mmoa. Afei, wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’ ”

17Mfeɛ aduonu nson so, ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18“Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm koo ɔkoden tiaa Tiro, etire biara so pepaeɛ na mmatire nso so popɔreeɛ. Nanso ɔno ne nʼakodɔm no annya hwee amfiri adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu. 19Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahodeɛ akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼakodɔm. 20Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, ɛfiri sɛ ɔne nʼakodɔm ko maa me, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

21“Saa ɛda no, mɛma abɛn bi afifiri ama Israel efie, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”